< 1 Timoteo 6 >
1 Ĉiuj subjugaj sklavoj rigardu siajn estrojn kiel indajn je ĉia honoro, por ke la nomo de Dio kaj la doktrino ne estu blasfemataj.
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asomfoɔ no nyinaa de anidie ma wɔn wuranom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu bi nkasa ntia Onyankopɔn ne yɛn nkyerɛkyerɛ.
2 Kaj tiuj, kiuj havas kredantajn estrojn, ne malestimu ilin tial, ke ili estas fratoj, sed servu al ili tiom pli, ĉar tiuj, kiuj partoprenas en la Didonaco, estas fidelaj kaj amataj. Tion instruu kaj konsilu.
Ɛnsɛ sɛ asomfoɔ bu wɔn wuranom a wɔyɛ agyidifoɔ no abomfiaa sɛ wɔyɛ anuanom enti. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn yie, ɛfiri sɛ, wɔn som no ho wɔ mfasoɔ ma agyedifoɔ ne adɔfoɔ bebree.
3 Se iu instruas malsame kaj ne konsentas al sanaj vortoj, la vortoj de nia Sinjoro Jesuo Kristo, kaj al la laŭpieca doktrino,
Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka yeinom nyinaa. Obiara a ɔbɛma nkyerɛkyerɛ foforɔ na ɔnka nokorɛ a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no
4 tiu estas fanfaronema, nenion sciante, sed malsana je demandoj kaj privortaj diskutoj, de kiuj naskiĝas envio, malpaco, mallaŭdoj, malbonaj suspektoj,
yɛ ɔhantanni a ɔnnim hwee. Ɔyɛ obi a ɔfiri adwemmɔne mu gye akyinnyeɛ na ɔka nsɛm a ɛnam so de anibereɛ, akasakasa, kasafi, nnipa ho adwemmɔne
5 disputadoj de homoj mense perversigitaj kaj senigitaj je la vero, supozantaj, ke la pieco estas gajnilo.
ne mansotwe a ɛfiri adwene a emu nnɔ mu na nokorɛ nni mu ba. Wɔdwene sɛ nyamesom yɛ kwan bi a wɔnam so pɛ sika.
6 Sed la pieco kun kontenteco estas granda gajnilo;
Onyamesom pa a abodwoɔ wɔ muo yɛ adenya kɛseɛ.
7 ĉar ni nenion enportis en la mondon, kaj ni ne povas ion forporti;
Yɛamfa hwee amma ewiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ.
8 sed havante manĝaĵojn kaj vestojn, ni estos per tio kontentaj.
Ɛno enti, sɛ yɛwɔ aduane ne ntoma a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn.
9 Tamen tiuj, kiuj volas riĉiĝi, falas en tenton kaj kaptilon kaj multajn malsaĝajn kaj malutilajn dezirojn tiajn, kiaj dronigas la homojn en detruo kaj pereo.
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdane ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛeɛ mu.
10 Ĉar la amo al mono estas radiko de ĉia malbono; celante al tio, kelkaj forvagis de la fido kaj sin trapikis per multaj malĝojoj.
Na sikanibereɛ yɛ bɔne nyinaa nhini. Nnipa bi de sikanibereɛ asi wɔn ani so dendeenden nam so ama wɔapa wɔn gyidie ama awerɛhoɔ ahyɛ wɔn akoma ma.
11 Sed vi, ho homo de Dio, forsaviĝu de tiaj aferoj, kaj sekvu justecon, piecon, fidon, amon, paciencon, mildecon.
Enti, wo a woyɛ Onyankopɔn onipa, twe wo ho firi yeinom nyinaa ho. Di tenenee, Onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyi.
12 Batalu la bonan batalon de la fido, kaj ektenu la eternan vivon, al kiu vi estas vokita kaj konfesis la bonan konfeson antaŭ multaj atestantoj. (aiōnios )
Bɔ gyidie mu mmirikatuo no ho mmɔden na pere nya nkwa a ɛnni awieeɛ no ma wo ho, ɛfiri sɛ, saa abrabɔ yi enti na ɛberɛ a wodaa wo gyidie adi wɔ adansefoɔ bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo. (aiōnios )
13 Mi vin admonas antaŭ Dio, kiu ĉion vivigadas, kaj antaŭ Kristo Jesuo, kiu antaŭ Pontio Pilato atestis la bonan konfeson,
Meka no wɔ Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokorɛ wɔ Pontio Pilato anim, hyɛ wo sɛ,
14 ke vi plenumu la ordonon sen makulo, sen riproĉo, ĝis la apero de nia Sinjoro Jesuo Kristo,
tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kɔsi da a Yesu Kristo bɛba.
15 kiun aperon en Siaj propraj tempoj montros Tiu, kiu estas la benata kaj sola Potenculo, la Reĝo de reĝoj kaj Sinjoro de sinjoroj,
Onyankopɔn a wɔahyira no na ɔno nko ara di Ɔhene, Ahene mu Ɔhene ne Awura mu Awurade no bɛma no aba ɛberɛ a ɛsɛ mu.
16 kiu sola havas senmortecon, loĝante en lumo neatingebla, kaj kiun neniu vidis nek povas vidi, al kiu estu honoro kaj potenco eterna. Amen. (aiōnios )
Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhunuu no da na obiara nso rentumi nhunu no da. Ɔno na anidie ne tumi a ɛnni awieeɛ wɔ no. Amen. (aiōnios )
17 Admonu tiujn, kiuj estas riĉaj en la nuna mondo, ke ili ne estu arogantaj, kaj ke ili apogu sian esperon ne sur la malcertecon de la riĉo, sed sur Dion, kiu donas al ni riĉe ĉion por ĝuado; (aiōn )
Bɔ ewiase yi mu ahonyafoɔ kɔkɔ sɛ, wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidasoɔ nso nhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom, wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɛnam nʼadɔeɛ so, ɔmaa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. (aiōn )
18 ke ili bone agadu, ke ili estu riĉaj je bonaj faroj, ke ili estu pretaj disdoni, simpatiemaj;
Hyɛ wɔn sɛ, wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefoɔ wɔ nnwuma pa yɛ mu. Wɔnyɛ ayamyɛ na wɔne afoforɔ nkyɛ.
19 provizante por si bonan fundamenton kontraŭ la venonta tempo, por ke ili ektenu la efektivan vivon.
Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena a ɛyɛ asetena pa.
20 Ho Timoteo, gardu tion, kio estas komisiita al vi, deturnante vin for de la babiladoj kaj kontraŭparoloj de la falsenomata scio;
Timoteo, hwɛ deɛ wɔde ahyɛ wo nsa no so yie. Twe wo ho firi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a wɔnam atorɔ so frɛ no “Nimdeɛ” no ho.
21 kiun konfesante, kelkaj maltrafis rilate la fidon. Graco estu kun vi.
Nnipa bi gye tom sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidie kwan no. Onyankopɔn adom nka mo.