< 1 Timoteo 5 >

1 Ne riproĉu maljunulon, sed konsilu lin, kiel patron; la pli junajn virojn, kiel fratojn;
Nka akɔkoraa anim, na mmom, hyɛ no nkuran, sɛdeɛ wobɛyɛ ama wʼagya. Sɛdeɛ wobɛyɛ wo nuabarima no saa ara na fa yɛ mmabunu,
2 la maljunulinojn, kiel patrinojn; la pli junajn virinojn, kiel fratinojn, kun ĉia ĉasteco.
yɛ mmaa mpanimfoɔ sɛ wo maamenom, na mmabaawa nso, fa wɔn sɛ wo nnuammaa wɔ kronnyɛ mu.
3 Respektu tiujn vidvinojn, kiuj estas efektive vidvinoj.
Ma wʼani nku mmaa akunafoɔ a wɔnni ahwɛfoɔ ho.
4 Sed se iu vidvino havas filojn aŭ nepojn, ĉi tiuj lernu unue montri piecon ĉe sia propra familio kaj rekompenci siajn gepatrojn; ĉar tio estas akceptebla antaŭ Dio.
Sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofoɔ ne nananom ka, ɛfiri sɛ, sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
5 Tiu, kiu estas efektiva vidvino kaj izolitino, apogas sian esperon sur Dion, kaj persistas en petegoj kaj preĝoj nokte kaj tage.
Ɔbaa a ɔyɛ okunafoɔ ampa ara no a ɔnni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidasoɔ nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu, enti anadwo ne awia, ɔkɔ so bɔ mpaeɛ srɛ ne mmoa.
6 Sed la voluptamanta, ankoraŭ vivante, malvivas.
Nanso, sɛ okunafoɔ bi de ne ho ma ewiase a, na ɔyɛ teaseawuo.
7 Tion ankaŭ ordonu, por ke ili estu sen riproĉo.
Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomsoɔ.
8 Sed se iu ne zorgas pri siaj propraj, kaj precipe pri siaj familianoj, tiu malkonfesis la fidon, kaj estas pli malbona ol nekredanto.
Na sɛ obi nhwɛ ne fiefoɔ, ne titire no, ɔno ara nʼabusuafoɔ a, na wabu ne gyidie so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nni no.
9 Estu registrata kiel vidvino tiu, kiu havas ne malpli ol sesdek jarojn, estis edzino de unu viro,
Mfa okunafoɔ biara a ɔnni mmoroo mfeɛ aduosia din nka akunafoɔ din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wadi ne kunu nokorɛ,
10 estas bone atestata pri bonfarado, edukis infanojn, gastigis fremdulojn, lavis la piedojn de la sanktuloj, helpis la suferantojn, kaj sekvis ĉian bonfaradon.
na afei wagye din wɔ nneyɛeɛ pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbaa a watete ne mma yie na ɔgyee ahɔhoɔ wɔ ne fie na ɔhohoroo Awurade nkurɔfoɔ nan ase na ɔboaa ahokyerefoɔ na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahodoɔ nyinaa.
11 Sed la pli junajn vidvinojn malakceptu; ĉar post kiam ili ekfariĝos luksemaj kontraŭ Kristo, ili deziras edziniĝi,
Mfa akunafoɔ nkumaa no din nka wɔn ho. Ɛfiri sɛ, sɛ ɛba sɛ wɔpɛ sɛ wɔsane ware a, wɔte wɔn ho firi Kristo ho
12 meritante kondamnon, ĉar ili vantigis sian unuan fidon.
na ɛma wɔdi fɔ sɛ wɔabu wɔn bɔhyɛ a ɛdi ɛkan so.
13 Krom tio ili lernas esti senutilaj, rondirante de domo al domo; kaj ne sole senutilaj, sed ankaŭ babilemaj kaj sintrudemaj, parolante nekonvenaĵojn.
Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn berɛ kɔ afieafie mu na deɛ ɛnyɛ koraa ne sɛ, wɔdi nsekuro yɛ pɛrepɛre, ka nsɛm a anka ɛnsɛ sɛ wɔka.
14 Mi volas do, ke la pli junaj edziniĝu, nasku infanojn, mastrumadu, ne donu al la malamiko pretekston por kalumnio;
Enti me pɛ ne sɛ, akunafoɔ nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a atamfoɔ nnya wɔn ho ɛkwan nka nsɛm ntia wɔn.
15 ĉar kelkaj jam turniĝis flanken post Satano.
Akunafoɔ bi de wɔn ho ama ɔbonsam dada.
16 Se iu kredantino havas vidvinojn, ŝi helpu ilin, kaj la eklezio ne estu ŝarĝata; por ke ĝi helpu la efektivajn vidvinojn.
Sɛ ɔbaa ogyidini bi wɔ akunafoɔ wɔ nʼabusua mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yie na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafoɔ a aka wɔn nko no.
17 La presbiteroj, kiuj regas bone, estu rigardataj kiel indaj je duobla honoro, precipe tiuj, kiuj laboras super la vorto kaj instruado.
Mpanimfoɔ a wɔhwɛ asafo no so yie no, ɛsɛ sɛ wɔdwene wɔn ho na wɔde anidie mmɔho ma wɔn; ne titire no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsane kyerɛkyerɛ nso.
18 Ĉar la Skribo diras: Ne fermu la buŝon al bovo draŝanta. Kaj: La laboristo meritas sian salajron.
Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Nkyekyere nantwie a ɔsi aburoo no ano!” Bio, “Odwumayɛfoɔ akatua fata no!”
19 Kontraŭ presbitero ne akceptu denuncon krom ĉe du aŭ tri atestantoj.
Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanin bi so no, gye sɛ adansefoɔ baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto wʼanim.
20 La pekintojn riproĉu antaŭ la okuloj de ĉiuj, por ke la ceteraj ankaŭ timu.
Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim badwam na abɔ afoforɔ hu.
21 Mi admonas vin antaŭ Dio kaj Kristo Jesuo kaj la elektitaj anĝeloj, ke vi zorgu pri tiuj aferoj sen antaŭjuĝo, farante nenion pro partieco.
Megyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfoɔ kronkron anim ka sɛ, di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanimu biara nni mu.
22 Sur neniun surmetu la manojn tro rapidece, kaj ne estu partoprenanto en la pekoj de aliaj; konservu vin ĉasta.
Sɛ ɛhia sɛ wode wo nsa gu obi so wɔ Awurade dwumadie no mu a, mpepere ho. Twe wo ho firi bɔne a ɔfoforɔ yɛ ho na ma wo ho nte.
23 Ne plu estu akvotrinkanto, sed uzu iom da vino pro la stomako kaj viaj oftaj malfortoj.
Nnom nsuo nko ara, na mmom, wo yafunu ne wo yadeɛ a wotaa yare enti, ɛyɛ a nom bobesa kakraa bi.
24 La pekoj de unuj estas evidentaj, antaŭirantaj al la juĝo; kaj aliajn homojn ili sekvas.
Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn kɔ atemmuo mu, nanso afoforɔ bi wɔ hɔ a wɔn bɔne da adi akyire yi.
25 Tiel same ankaŭ ekzistas bonaj faroj, kiuj estas evidentaj, kaj la alispecaj ne povas esti kaŝitaj.
Saa ara nso na nneyɛeɛ payɛ no da adi pefee. Na deɛ ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhinta.

< 1 Timoteo 5 >