< Judges 4 >
1 And the sons of Israel add to do the evil thing in the eyes of Jehovah when Ehud is dead,
Ehud wuo akyi no, Israelfoɔ no yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so bio.
2 and Jehovah selleth them into the hand of Jabin king of Canaan, who hath reigned in Hazor, and the head of his host [is] Sisera, and he is dwelling in Harosheth of the Goyim;
Enti, Awurade de wɔn hyɛɛ Kanaanhene Yabin a na ɔdi adeɛ wɔ Hasor no nsa. Na ɔsahene a ɔtua nʼakodɔm ano no din de Sisera a na ɔte Haroset-Hagoyim.
3 and the sons of Israel cry unto Jehovah, for he hath nine hundred chariots of iron, and he hath oppressed the sons of Israel mightily twenty years.
Na Sisera wɔ nnadeɛ nteaseɛnam aha nkron, na ɔde atirimuɔden hyɛɛ Israelfoɔ no so mfirinhyia aduonu. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa.
4 And Deborah, a woman inspired, wife of Lapidoth, she is judging Israel at that time,
Debora a na ɔyɛ Lapidot yere ne odiyifoɔ baa na ɔbɛyɛɛ Israelfoɔ ɔtemmufoɔ.
5 and she is dwelling under the palm-tree of Deborah, between Ramah and Beth-El, in the hill-country of Ephraim, and the sons of Israel go up unto her for judgment.
Na ɔtenaa Debora Abɛ Dua ase a ɛwɔ Rama ne Bet-El ntam wɔ Efraim bepɔ asase no so. Ɛhɔ na na Israelfoɔ no kɔ ma ɔdi wɔn nsɛm.
6 And she sendeth and calleth for Barak son of Abinoam, out of Kedesh-Naphtali, and saith unto him, 'Hath not Jehovah, God of Israel, commanded? go, and thou hast drawn towards mount Tabor, and hast taken with thee ten thousand men, out of the sons of Naphtali, and out of the sons of Zebulun,
Ɛda bi, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Abinoam babarima Barak a na ɔte Kedes wɔ Naftali asase so. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sei na Awurade, Israel Onyankopɔn hyɛ wo sɛ yɛ: Kɔboaboa akofoɔ ɔpedu ano firi Naftali ne Sebulon mmusuakuo mu wɔ Tabor bepɔ so hɔ.
7 and I have drawn unto thee, unto the brook Kishon, Sisera, head of the host of Jabin, and his chariot, and his multitude, and have given him into thy hand.'
Mɛdaadaa Yabin akodɔm sahene Sisera ne ne nteaseɛnam ne akofoɔ akɔ Asubɔnten Kison ho. Ɛhɔ na mɛma woadi ne so nkonim.”
8 And Barak saith unto her, 'If thou dost go with me, then I have gone; and if thou dost not go with me, I do not go;'
Barak ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne me bɛkɔ dea, mɛkɔ!”
9 and she saith, 'I do certainly go with thee; only, surely thy glory is not on the way which thou art going, for into the hand of a woman doth Jehovah sell Sisera;' and Deborah riseth and goeth with Barak to Kedesh.
Debora buaa no sɛ, “Mate, me ne wo bɛkɔ, nanso worennya animuonyam biara wɔ dwumadie yi mu, ɛfiri sɛ, Awurade nkonimdie wɔ Sisera so no bɛfiri ɔbaa nsam.” Enti, Debora ne Barak kɔɔ Kedes.
10 And Barak calleth Zebulun and Naphtali to Kedesh, and he goeth up — at his feet [are] ten thousand men — and Deborah goeth up with him.
Kedes hɔ, Barak frɛfrɛɛ Sebulon abusuakuo ne Naftali abusuakuo mu nnipa nyinaa, na akofoɔ ɔpedu ne no kɔeɛ. Debora nso kaa wɔn ho kɔeɛ.
11 And Heber the Kenite hath been separated from the Kenite, from the sons of Hobab father-in-law of Moses, and he stretcheth out his tent unto the oak in Zaanaim, which [is] by Kedesh.
Na Kenini Heber atwe ne ho afiri Kenifoɔ a wɔyɛ Mose akonta Hobab asefoɔ no ho, akɔsi ne ntomadan wɔ dua kɛseɛ bi a ɛsi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho.
12 And they declare to Sisera that Barak son of Abinoam hath gone up to mount Tabor,
Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔ so no,
13 and Sisera calleth all his chariots, nine hundred chariots of iron, and all the people who [are] with him, from Harosheth of the Goyim, unto the brook Kishon.
ɔboaboaa ne nnadeɛ nteaseɛnam aha nkron ano ne nʼakofoɔ nyinaa, na wɔtu tene firii Haroset-Hagoyim kɔɔ Asubɔnten Kison ho.
14 And Deborah saith unto Barak, 'Rise, for this [is] the day in which Jehovah hath given Sisera into thy hand; hath not Jehovah gone out before thee?' And Barak goeth down from mount Tabor, and ten thousand men after him.
Afei, Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ, “Yɛ ahoboa! Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade de Sisera so nkonimdie bɛma wo, ɛfiri sɛ, Awurade atu sa adi wʼanim.” Enti, Barak dii nʼakodɔm ɔpedu anim sianee Tabor bepɔ no kɔkoeɛ.
15 And Jehovah destroyeth Sisera, and all the chariots, and all the camp, by the mouth of the sword, before Barak, and Sisera cometh down from off the chariot, and fleeth on his feet.
Ɛberɛ a Barak to hyɛɛ wɔn so no, Awurade maa huboa bɔɔ Sisera, ne nteaseɛnamkafoɔ ne nʼakofoɔ no nyinaa. Ɛbaa saa no, Sisera huri firii ne teaseɛnam mu sii fam dwaneeɛ.
16 And Barak hath pursued after the chariots and after the camp, unto Harosheth of the Goyim, and all the camp of Sisera falleth by the mouth of the sword — there hath not been left even one.
Barak nteaseɛnam ne ɔtamfoɔ no akodɔm no ara kɔsii Haroset-Hagoyim, kunkumm Sisera akofoɔ no nyinaa. Anka wɔn mu baako mpo.
17 And Sisera hath fled on his feet unto the tent of Jael wife of Heber the Kenite, for peace [is] between Jabin king of Hazor and the house of Heber the Kenite;
Sisera dwane kɔhyɛɛ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ, na Heber abusuafoɔ ne Hasorhene Yabin wɔ ayɔnkofa.
18 and Jael goeth out to meet Sisera, and saith unto him, 'Turn aside, my lord, turn aside unto me, fear not;' and he turneth aside unto her, into the tent, and she covereth him with a coverlet.
Yael firii adi kɔhyiaa Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, bra me ntomadan yi mu. Bra mu. Nsuro.” Enti, ɔkɔɔ ntomadan no mu maa ɔde nnasoɔ kataa ne so.
19 And he saith unto her, 'Give me to drink, I pray thee, a little water, for I am thirsty;' and she openeth the bottle of milk, and giveth him to drink, and covereth him.
Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, sukɔm de me enti ma me nsuo.” Enti ɔmaa no nufosuo sɛ ɔnnom, na ɔsane kataa ne so.
20 And he saith unto her, 'Stand at the opening of the tent, and it hath been, if any doth come in, and hath asked thee, and said, Is there a man here? that thou hast said, There is not.'
Sisera ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyina ntomadan no ano na sɛ obi bɛbisa wo sɛ obi wɔ ha a, ka sɛ dabi.”
21 And Jael wife of Heber taketh the pin of the tent, and taketh the hammer in her hand, and goeth unto him gently, and striketh the pin into his temples, and it fasteneth in the earth — and he hath been fast asleep, and is weary — and he dieth.
Nanso, ɔbrɛ enti, Sisera faa mu daeɛ. Yael, a ɔyɛ Heber yere, yɛɛ brɛoo kɔɔ ne so. Ɔde hamre ne pɛɛwa na ɛkɔeɛ. Ɔde pɛɛwa no sii ne moma so de hama no bɔɔ so, kɔsii sɛ ɛhwiree ne moma mu sii fam ma ɔwuiɛ.
22 And lo, Barak is pursuing Sisera, and Jael cometh out to meet him, and saith to him, 'Come, and I shew thee the man whom thou art seeking;' and he cometh in unto her, and lo, Sisera is fallen — dead, and the pin in his temples.
Ɛberɛ a Barak baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera no, Yael pue bɛhyiaa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ noɔ no.” Enti, ɔdii nʼakyi kɔɔ ntomadan no mu kɔhunuu Sisera sɛ wawu da hɔ a pɛɛwa si ne moma so.
23 And God humbleth on that day Jabin king of Canaan before the sons of Israel,
Ɛda no na Israel hunuu sɛ Onyankopɔn adi Kanaanhene Yabin so nkonim.
24 and the hand of the sons of Israel goeth, going on and becoming hard on Jabin king of Canaan, till that they have cut off Jabin king of Canaan.
Na ɛno akyi no, Israel nyaa ahoɔden tiaa ɔhene Yabin ara kɔsii sɛ akyire yi, wɔsɛee no.