< Exodus 4 >
1 And Moses answereth and saith, 'And, if they do not give credence to me, nor hearken to my voice, and say, Jehovah hath not appeared unto thee?'
Na Mose buaa no se, “Sɛ wɔannye me anni anaa wɔantie asɛm a mɛka no, na wɔka se, ‘Awurade nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ?’”
2 And Jehovah saith unto him, 'What [is] this in thy hand?' and he saith, 'A rod;'
Awurade bisaa no se, “Dɛn na wukura yi?” Obuae se, “Oguanhwɛfo pema.”
3 and He saith, 'Cast it to the earth;' and he casteth it to the earth, and it becometh a serpent — and Moses fleeth from its presence.
Awurade ka kyerɛɛ no se, “Tow kyene fam.” Enti ɔtow kyenee fam ma ɛdan ɔwɔ. Mose guan fii aboa no ho.
4 And Jehovah saith unto Moses, 'Put forth thy hand, and lay hold on the tail of it;' and he putteth forth his hand, and layeth hold on it, and it becometh a rod in his hand —
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “So ɔwɔ no dua mu na kyere no!” Osoo ne dua mu kyeree no no, ɛsan dan pema no.
5 ' — so that they believe that Jehovah, God of their fathers, hath appeared unto thee, God of Abraham, God of Isaac, and God of Jacob.'
Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kɔyɛ saa na wobegye wo adi. Ɛbɛma wɔahu sɛ wɔn agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ada ne ho adi akyerɛ wo ampa.”
6 And Jehovah saith to him again, 'Put in, I pray thee, thy hand into thy bosom;' and he putteth in his hand into his bosom, and he bringeth it out, and lo, his hand [is] leprous as snow;
Afei, Awurade kae se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu.” Mose de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata ayɛ ne nsa ho; ayɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.
7 and He saith, 'Put back thy hand unto thy bosom;' and he putteth back his hand unto his bosom, and he bringeth it out from his bosom, and lo, it hath turned back as his flesh —
Awurade ka kyerɛɛ no bio se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu bio.” Enti Mose san de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata no agyae ama ne nsa no ho ayɛ sɛnea ɛte kan no.
8 ' — and it hath come to pass, if they do not give credence to thee, and hearken not to the voice of the first sign, that they have given credence to the voice of the latter sign.
Awurade ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wɔannye anwonwade a edi kan no anni a, wobegye nea ɛto so abien no adi.
9 'And it hath come to pass, if they do not give credence even to these two signs, nor hearken to thy voice, that thou hast taken of the waters of the River, and hast poured on the dry land, and the waters which thou takest from the River have been, yea, they have become — blood on the dry land.'
Na sɛ nsɛnkyerɛnne abien yi akyi no wɔannye wo anni a, kɔsaw nsu fi Asubɔnten Nil mu na behwie gu asase wosee bi so na ɛbɛdan mogya.”
10 And Moses saith unto Jehovah, 'O, my Lord, I [am] not a man of words, either yesterday, or before, or since Thy speaking unto Thy servant, for I [am] slow of mouth, and slow of tongue.'
Nanso Mose srɛe se, “Awurade, minnim kasa. Ebesi nnɛ anaa efi bere a wo ne me kasae mpo no, mʼano ntew.”
11 And Jehovah saith unto him, 'Who appointed a mouth for man? or who appointeth the dumb, or deaf, or open, or blind? is it not I, Jehovah?
Awurade bisaa no se, “Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me Awurade na meyɛe? Hena na ɔbɔ onipa ma otumi kasa anaa ɔmma no nkasa. Hena na ɔma no hu ade anaa ɔmma no nhu ade. Hena na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm?
12 and now, go, and I — I am with thy mouth, and have directed thee that which thou speakest;'
Afei kɔ, na kɔyɛ nea maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yiye, na mɛkyerɛ wo nea wobɛka nso.”
13 and he saith, 'O, my Lord, send, I pray thee, by the hand Thou dost send.'
Nanso Mose kae se, “Awurade wʼakoa resrɛ wo, soma onipa foforo.”
14 And the anger of Jehovah burneth against Moses, and He saith, 'Is not Aaron the Levite thy brother? I have known that he speaketh well, and also, lo, he is coming out to meet thee; when he hath seen thee, then he hath rejoiced in his heart,
Awurade bo fuwii, enti ɔkaa se, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ, minim sɛ nʼano atew. Na hwɛ ɔno na ɔrebehyia wo no, na sɛ ohu wo a, nʼani begye.
15 and thou hast spoken unto him, and hast set the words in his mouth, and I — I am with thy mouth, and with his mouth, and have directed you that which ye do;
Wobɛkasa akyerɛ no na woaka nsɛm ahyɛ nʼanom; mɛboa mo baanu no ama moakasa, na makyerɛ mo nea mobɛyɛ.
16 and he, he hath spoken for thee unto the people, and it hath come to pass, he — he is to thee for a mouth, and thou — thou art to him for God;
Ɔbɛyɛ wo kyeame wɔ ɔman no anim, na wo nso woayɛ sɛ ne Nyankopɔn aka asɛm a wopɛ sɛ ɛda gua akyerɛ no.
17 and this rod thou dost take in thy hand, with which thou doest the signs.'
Sɛ worekɔ a, fa wo pema no sɛnea ɛbɛyɛ a, wubetumi de ayɛ anwonwade a makyerɛ wo no.”
18 And Moses goeth and turneth back unto Jethro his father-in-law, and saith to him, 'Let me go, I pray thee, and I turn back unto my brethren who [are] in Egypt, and I see whether they are yet alive.' And Jethro saith to Moses, 'Go in peace.'
Mose kɔɔ fie kɔka kyerɛɛ nʼase Yetro se, “Mɛsrɛ wo kwan na makɔ Misraim akɔsra mʼabusuafo akɔhwɛ sɛ wɔtete ase ana.” Yetro penee so se, “Kɔ. Mihyira wo kosɛkosɛ.”
19 And Jehovah saith unto Moses in Midian, 'Go, turn back to Egypt, for all the men have died who seek thy life;'
Ansa na Mose rebefi Midian no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Nsuro sɛ wobɛsan akɔ Misraim, efisɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ wo akum wo no nyinaa awuwu.”
20 and Moses taketh his wife, and his sons, and causeth them to ride on the ass, and turneth back to the land of Egypt, and Moses taketh the rod of God in his hand.
Enti Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfurum so sii mu sɛ ɔrekɔ Misraim. Na ɔfaa Onyankopɔn pema no kitae.
21 And Jehovah saith unto Moses, 'In thy going to turn back to Egypt, see — all the wonders which I have put in thy hand — that thou hast done them before Pharaoh, and I — I strengthen his heart, and he doth not send the people away;
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɛ wudu Misraim a, kɔ Farao hɔ na kɔyɛ anwonwade a makyerɛ wo yi kyerɛ no, nanso mepirim ne koma sɛnea ɔremma nnipa no nkɔ.
22 and thou hast said unto Pharaoh, Thus said Jehovah, My son, My first-born [is] Israel,
Na ka kyerɛ no se, ‘Awurade se, Israel yɛ mʼabakan
23 and I say unto thee, Send away My son, and he doth serve Me; and — thou dost refuse to send him away — lo, I am slaying thy son, thy first-born.'
na mehyɛɛ wo sɛ, “Ma no kwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene; nti mekum wʼabakan.’”
24 And it cometh to pass in the way, in a lodging place, that Jehovah meeteth him, and seeketh to put him to death;
Mose ne nʼabusuafo nam no, ade saa wɔn ma wɔpɛɛ baabi dae. Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Mose na ohunahunaa no sɛ obekum no.
25 and Zipporah taketh a flint, and cutteth off the foreskin of her son, and causeth [it] to touch his feet, and saith, 'Surely a bridegroom of blood [art] thou to me;'
Enti ne yere Sipora faa sekan de twaa ne babarima kumaa twetia tow kyenee Mose nan ase kae se, “Mogya ayeforokunu ne wo.”
26 and He desisteth from him: then she said, 'A bridegroom of blood,' in reference to the circumcision.
Enti Awurade gyaa Mose. (Na Sipora kae se, “Woyɛ mogya ayeforokunu,” a na ɔde rekyerɛ twetiatwa.)
27 And Jehovah saith unto Aaron, 'Go to meet Moses into the wilderness;' and he goeth, and meeteth him in the mount of God, and kisseth him,
Awurade ka kyerɛɛ Aaron se, “Kɔ sare no so kohyia Mose.” Enti Aaron kɔɔ Onyankopɔn Bepɔw no so kohyiaa Mose few nʼafono.
28 and Moses declareth to Aaron all the words of Jehovah with which He hath sent him, and all the signs with which He hath charged him.
Na Mose kaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no bere a ɔresoma no no ne anwonwade a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no nyinaa kyerɛɛ Aaron.
29 And Moses goeth — Aaron also — and they gather all the elders of the sons of Israel,
Mose ne Aaron hyiaa Israelfo mpanyimfo no nyinaa,
30 and Aaron speaketh all the words which Jehovah hath spoken unto Moses, and doth the signs before the eyes of the people;
na Aaron kaa nsɛm a Awurade aka akyerɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn, na Mose yɛɛ anwonwade no kyerɛɛ wɔn
31 and the people believe when they hear that Jehovah hath looked after the sons of Israel, and that He hath seen their affliction; and they bow and do obeisance.
ma wogye dii. Na wɔtee sɛ Awurade dwen wɔn ho na wahu wɔn awerɛhowdi no, wobuu nkotodwe sɔree no.