< 1 Chronicles 22 >

1 And David saith, 'This is the house of Jehovah God, and this the altar for burnt-offering for Israel.'
Afei, Dawid kae se, “Ɛha ne baabi a wobesi Awurade Nyankopɔn Asɔredan no ne afɔremuka a Israel bɛbɔ so ɔhyew afɔre no.”
2 And David saith to gather the sojourners who [are] in the land of Israel, and appointeth hewers to hew hewn-stones to build a house of God.
Ɛno nti Dawid hyɛ ma wɔfrɛfrɛɛ ahɔho a wɔte Israel nyinaa boaa ano. Ɔma wotwaa abo a wɔde besi Onyankopɔn Asɔredan no.
3 And iron in abundance for nails for leaves of the gates, and for couplings, hath David prepared, and brass in abundance — there is no weighing.
Dawid maa nnade pii a wɔde bɛyɛ nnadewa a ɛho behia ama apon ne mpontare. Ɔmaa kɔbere mfrafrae nso bebree a na wontumi nkari mpo.
4 And cedar-trees even without number, for the Zidonians and the Tyrians brought in cedar-trees in abundance to David.
Ɔmaa sida nnua pii nso, efisɛ na mmarima a wofi Tiro ne Sidon de bebree abrɛ Dawid dedaw.
5 And David saith, 'Solomon my son [is] a youth and tender, and the house to be built to Jehovah [is] to be made exceedingly great, for name and for beauty to all the lands; let me prepare, I pray Thee, for it;' and David prepareth in abundance before his death.
Dawid kae se, “Me babarima Salomo nnyinii, na onni osuahu bi, nanso ɛsɛ sɛ saa asɔredan yi yɛ kɛse, gye din na ɛyɛ anuonyamhyɛ wɔ wiase mmaa nyinaa. Enti mefi ase nnɛ yi ara ayɛ ahoboa ama ne si.” Enti Dawid pɛɛ adansi ho nneɛma bebree guu hɔ ansa na ɔrewu.
6 And he calleth for Solomon his son, and chargeth him to build a house to Jehovah, God of Israel,
Afei, Dawid soma kɔfaa ne babarima Salomo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ onsi asɔredan mma Awurade, Israel Nyankopɔn.
7 and David saith to Solomon his son, 'As for me, it hath been with my heart to build a house to the name of Jehovah my God,
Dawid ka kyerɛɛ no se, “Me ba, na anka mepɛ sɛ misi asɔredan de hyɛ Awurade, me Nyankopɔn, din anuonyam.
8 and the word of Jehovah [is] against me, saying, Blood in abundance thou hast shed, and great wars thou hast made: thou dost not build a house to My name, for much blood thou hast shed to the earth before Me.
Nanso Awurade ka kyerɛɛ me se, ‘Woakunkum nnipa bebree wɔ akodi akɛse a wudii no mu. Na esiane sɛ woahwie mogya bebree agu wɔ mʼanim nti, ɛnyɛ wo na wubesi asɔredan de ahyɛ me din anuonyam.
9 'Lo, a son is born to thee; he is a man of rest, and I have given rest to him from all his enemies round about, for Solomon is his name, and peace and quietness I give unto Israel in his days;
Na wobɛwo ɔbabarima a ne bere so asomdwoe ne ahotɔ bɛba. Mɛma asomdwoe abɛda ɔne nʼatamfo a wɔwɔ nsase a atwa ha ahyia no nyinaa ntam. Wɔbɛfrɛ no Salomo. Nʼahenni mu no, mɛma asomdwoe ne ahotɔ aba Israel.
10 he doth build a house to My name, and he is to Me for a son, and I [am] to him for a father, and I have established the throne of his kingdom over Israel unto the age.
Ɔno ne obi a obesi asɔredan, de ahyɛ me din anuonyam. Ɔbɛyɛ me babarima na mayɛ nʼagya. Na mɛma nʼahenni ahengua atim wɔ Israel afebɔɔ.’
11 'Now, my son, Jehovah is with thee, and thou hast prospered, and hast built the house of Jehovah thy God, as He spake concerning thee.
“Afei, me ba, Awurade nka wo ho na ɔmma wo nkɔso bere a wudi nʼahyɛde so, na woresi Awurade, wo Nyankopɔn, asɔredan yi.
12 Only, Jehovah give to thee wisdom and understanding, and charge thee concerning Israel, even to keep the law of Jehovah thy God;
Na Awurade mma wo nyansa ne ntease, na woadi Awurade, wo Nyankopɔn mmara so bere a wudi Israel so hene yi.
13 then thou dost prosper, if thou dost observe to do the statutes and the judgments that Jehovah charged Moses with concerning Israel; be strong and courageous; do not fear, nor be cast down.
Sɛ wudi mmara ne ahyɛde a Awurade nam Mose so de maa Israel no so yiye a, ebesi wo yiye. Yɛ den na yɛ nnam. Nsuro na mma wo koma ntu.
14 'And lo, in mine affliction, I have prepared for the house of Jehovah of gold talents a hundred thousand, and of silver a thousand thousand talents; and of brass and of iron there is no weighing, for in abundance it hath been, and wood and stones I have prepared, and to them thou dost add.
“Mayɛ adwumaden apɛ Awurade Asɔredan no si ho nneɛma, sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔn mpem anan, dwetɛ bɛyɛ tɔn mpem aduanan ne nnade ne kɔbere mfrafrae pii a wontumi nkari mpo. Maboaboa nnua ne abo a wɔde bɛyɛ afasu no, nanso ebia ɛsɛ sɛ wopɛ bi ka ho.
15 'And with thee in abundance [are] workmen, hewers and artificers of stone and of wood, and every skilful man for every work.
Wowɔ abo adansifo, nnua adwumfo ne nnwuma ahorow mu adwumfo bebree.
16 To the gold, to the silver, and to the brass, and to the iron, there is no number; arise and do, and Jehovah is with thee.'
Wɔyɛ abenfo wɔ sikakɔkɔɔ, dwetɛ adwinni mu, kɔbere mfrafrae ne nnade ho adwumayɛfo. Afei fi adwuma no ase, na Awurade nka wo ho.”
17 And David giveth charge to all heads of Israel to give help to Solomon his son,
Na Dawid hyɛɛ Israel ntuanofo nyinaa sɛ wɔmmoa Salomo wɔ saa dwumadi no mu.
18 'Is not Jehovah your God with you? yea, He hath given rest to you round about, for He hath given into my hand the inhabitants of the land, and subdued hath been the land before His people.
Ɔkae se, “Awurade, wo Nyankopɔn ka wo ho. Wama asomdwoe aba wo ne aman a atwa wo ho ahyia no ntam. Ɔde wɔn ama me, nti wɔyɛ Awurade ne ne nkurɔfo nkoa.
19 'Now, give your heart and your soul to seek to Jehovah your God, and rise and build the sanctuary of Jehovah God, to bring in the ark of the covenant of Jehovah, and the holy vessels of God, to the house that is built to the name of Jehovah.'
Afei fi wo koma nyinaa mu hwehwɛ Awurade, wo Nyankopɔn. Si Awurade Nyankopɔn kronkronbea sɛnea ɛbɛyɛ a, wubetumi de Awurade Apam Adaka no ne Onyankopɔn akronkronne no nyinaa akɔ asɔredan a wɔasi de rehyɛ Awurade din anuonyam no mu.”

< 1 Chronicles 22 >