< 1 Chronicles 15 >

1 And he maketh for himself houses in the city of David, and prepareth a place for the ark of God, and stretcheth out for it a tent.
Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, ɔsiesiee baabi, sii ntomadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no bɛsi.
2 Then said David, 'None [are] to carry the ark of God, except the Levites, for on them hath Jehovah fixed to carry the ark of God, and to serve Him — unto the age.'
Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi agye Lewifoɔ no nko ara. Awurade ayi wɔn sɛ, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsoa Awurade Apam Adaka no na wɔsom wɔ nʼanim daa daa.”
3 And David assembleth all Israel unto Jerusalem, to bring up the ark of Jehovah unto its place that he had prepared for it.
Afei, Dawid frɛɛ Israelfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Awurade Apam Adaka no nkɔsi baabi a wɔasiesie ama no no.
4 And David gathereth the sons of Aaron, and the Levites.
Yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔfrɛɛ wɔn no:
5 Of sons of Kohath: Uriel the chief, and his brethren, a hundred and twenty.
Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔha aduonu a Uriel yɛ wɔn ntuanoni.
6 Of sons of Merari: Asaiah the chief, and his brethren, two hundred and twenty.
Wɔn a wɔfiri Merari abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ahanu aduonu, a Asaia da wɔn ano.
7 Of sons of Gershom: Joel the chief, and his brethren, a hundred and thirty.
Wɔn a wɔfiri Gersom abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔha ne aduasa, a Yoɛl da wɔn ano.
8 Of sons of Elizaphan: Shemaiah the chief, and his brethren, two hundred.
Na Elisafan asefoɔ yɛ ahanu a Semaia da wɔn ano.
9 Of sons of Hebron: Eliel the chief, and his brethren, eighty.
Na Hebron asefoɔ yɛ aduɔwɔtwe a Eliel yɛ wɔn ntuanoni.
10 Of sons of Uzziel: Amminadab the chief, and his brethren, a hundred and twelve.
Na Usiel asefoɔ yɛ ɔha ne dumienu a Aminadab yɛ wɔn ntuanoni.
11 And David calleth to Zadok and to Abiathar the priests, and to the Levites, to Uriel, Asaiah, and Joel, Shemaiah, and Eliel, and Amminadab,
Afei, Dawid frɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar ne saa Lewifoɔ mpanimfoɔ yi: Uriel, Asaia, Yoɛl, Semaia, Eliel ne Aminadab.
12 and saith to them, 'Ye [are] heads of the fathers of the Levites; sanctify yourselves, ye and your brethren, and ye have brought up the ark of Jehovah, God of Israel, unto [the place] I have prepared for it;
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo na moyɛ Lewifoɔ mmusua mu ntuanofoɔ. Mo ne Lewifoɔ a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛtumi de Awurade, Israel Onyankopɔn, Apam Adaka bɛba beaeɛ a masiesie ama no no.
13 because at the first [it was] not ye, Jehovah our God made a breach upon us, because we sought Him not according to the ordinance.'
Esiane sɛ, kane no, mo Lewifoɔ ansoa Apam Adaka no enti, Awurade, yɛn Onyankopɔn, abufuo sɔre tiaa yɛn. Yɛammisa Onyankopɔn ɛkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so soa.”
14 And the priests and the Levites sanctify themselves, to bring up the ark of Jehovah, God of Israel;
Enti, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de Awurade, Israel Onyankopɔn Apam Adaka no akɔ Yerusalem.
15 and sons of the Levites bear the ark of God, as Moses commanded, according to the word of Jehovah, on their shoulder, with staves, above them.
Na Lewifoɔ no soaa Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ wɔn mmati so a, nnua a wɔde soa no hyehyɛ ho pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
16 And David saith to the heads of the Levites to appoint their brethren the singers, with instruments of song, psalteries, and harps, and cymbals, sounding, to lift up with the voice for joy.
Dawid hyɛɛ Lewifoɔ mpanimfoɔ no nso sɛ, wɔnte Lewifoɔ nnwomtofoɔ kuo, wɔn a wɔnim nnwontoɔ, ne wɔn a wɔwɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyankyan mmɛto anigyeɛ nnwom.
17 And the Levites appoint Heman son of Joel, and of his brethren, Asaph son of Berechiah, and of the sons of Merari their brethren, Ethan son of Kushaiah;
Na Lewifoɔ no yii Yoɛl babarima Heman, Berekia babarima Asaf ne Kusaia babarima Etan a wɔfiri Merari abusua mu, ma wɔdii nnwomtofoɔ no anim.
18 and with them their brethren, the seconds [in rank], Zechariah, Ben, and Jaaziel, and Shemiramoth, and Jehiel, and Unni, Eliab, and Benaiah, and Maaseiah, and Mattithiah, and Elipheleh, and Mikneiah; and Obed-Edom and Jeiel the gatekeepers;
Wɔyii saa mmarima yi sɛ wɔn aboafoɔ: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne apono ano ahwɛfoɔ Obed-Edom ne Yeiel.
19 and the singers, Heman, Asaph, and Ethan, with cymbals of brass to sound,
Wɔyii Heman, Asaf ne Etan sɛ wɔmmɔ kɔbere mfrafraeɛ kyankyan no.
20 and Zechariah, and Aziel, and Shemiramoth, and Jeheil, and Unni, and Eliab, and Maaseiah, and Benaiah, with psalteries besides virgins,
Wɔyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia sɛ wɔmmɔ mmɛnta no.
21 and Mattithiah, and Elipheleh, and Mikneiah, and Obed-Edom, and Jeiel, and Azaziah, with harps, on the octave, to oversee.
Wɔyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia sɛ wɔmmɔ asankuten no.
22 And Chenaniah, head of the Levites, [is] over the burden; he instructeth about the burden, for he [is] intelligent.
Wɔyii Kenania a ɔyɛ Lewifoɔ panin no sɛ ɔnna nnwontokuo no ano, ɛsiane ne nimdeɛ enti.
23 And Berechiah and Elkanah [are] gatekeepers for the ark.
Wɔyii Berekia ne Elkana sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.
24 And Shebaniah, and Joshaphat, and Nethaneel, and Amasai, and Zechariah, and Benaiah, and Eliezer the priests, are blowing with trumpets before the ark of God; and Obed-Edom and Jehiah [are] gatekeepers for the ark.
Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa yɛ asɔfoɔ no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntotorobɛnto no. Wɔyii Obed-Edom ne Yehia nso sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no.
25 And it is David, and the elders of Israel, and the heads of the thousands, who are going to bring up the ark of the covenant of Jehovah from the house of Obed-Edom with joy;
Afei, Dawid ne Israel mpanimfoɔ ne akodɔm asahene no de ahokeka a ɛso bi nni kɔɔ Obed-Edom fie sɛ wɔrekɔfa Awurade Apam Adaka no akɔ Yerusalem.
26 and it cometh to pass, in God's helping the Levites bearing the ark of the covenant of Jehovah, that they sacrifice seven bullocks and seven rams.
Na ɛsiane sɛ akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade ka Lewifoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no ho no enti, wɔde anantwinini nson ne nnwennini nson bɔɔ afɔdeɛ.
27 And David is wrapped in an upper robe of fine linen, and all the Levites who are bearing the ark, and the singers, and Chenaniah head of the burden of the singers; and on David [is] an Ephod of linen.
Wɔhyɛɛ Dawid serekye atadeɛ fɛfɛ bi. Saa ara na Lewifoɔ a wɔsoaa Apam Adaka no, nnwomtofoɔ no ne Kenania a ɔyɛ nnwomtofoɔ kwankyerɛfoɔ no nso yɛeɛ. Na Dawid hyɛ asɔfoɔ ngugusoɔ bi nso.
28 And all Israel are bringing up the ark of the covenant of Jehovah with shouting, and with the sound of a cornet, and with trumpets, and with cymbals, sounding with psalteries and harps,
Enti, Israel nyinaa de ahokeka, osebɔ, mmɛnhyɛn ne totorobɛntohyɛn, kyankyanbɔ, mmɛnta ne asankutenbɔ de Awurade Apam Adaka no kɔɔ Yerusalem.
29 and it cometh to pass, the ark of the covenant of Jehovah is entering in unto the city of David, and Michal daughter of Saul is looking through the window, and seeth king David dancing and playing, and despiseth him in her heart.
Na ɛberɛ a Awurade Apam Adaka no wuraa Dawid kuro mu no, Saulo babaa Mikal too nʼani hwɛɛ fam, firii ne mpomma mu. Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ ɔhene Dawid resa na ɔde anigyeɛ rehurihuri no, ɔbuu no animtiaa nʼakoma mu.

< 1 Chronicles 15 >