< 2 Samuel 11 >

1 At the return of the year, at the time when kings go out, David sent Joab and his servants with him, and all Israel; and they destroyed the children of Ammon and besieged Rabbah. But David stayed at Jerusalem.
Osutɔberɛ a ɛdi soɔ no mu, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ahemfo kɔ ɔsa no, Dawid somaa Yoab ne Israel akodɔm nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ. Wɔkɔtuaa kuropɔn Raba, na Dawid deɛ, ɔkaa Yerusalem.
2 At evening, David arose from his bed and walked on the roof of the king’s house. From the roof, he saw a woman bathing, and the woman was very beautiful to look at.
Ɛda bi anwummerɛ a Dawid ayi nʼani so kakra no, ɔsɔre firii ne mpa so nante faa nʼahemfie no atifi. Ɔgyina hɔ no, ɔhunuu ɔbaa bi sɛ ɔredware. Na ɔbaa no ho yɛ fɛ yie,
3 David sent and inquired after the woman. One said, “Isn’t this Bathsheba, the daughter of Eliam, Uriah the Hittite’s wife?”
na Dawid somaa obi sɛ ɔnkɔbisa ne ho nsɛm. Ɔbarima no bɛkaa sɛ, “Ɛyɛ Eliam babaa Batseba, a ɔyɛ Hetini Uria yere.”
4 David sent messengers, and took her; and she came in to him, and he lay with her (for she was purified from her uncleanness); and she returned to her house.
Na Dawid tuu abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfrɛ no mmrɛ no. Ɔbaa Dawid nkyɛn. Dawid ne no daeɛ. (Ɔdwiraa ne ho firii ne nsabuo mu no, na ɛnkyɛreɛ.) Afei, ɔsane kɔɔ efie.
5 The woman conceived; and she sent and told David, and said, “I am with child.”
Ɛberɛ a Batseba hunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ Dawid.
6 David sent to Joab, “Send me Uriah the Hittite.” Joab sent Uriah to David.
Enti, Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa Hetini Uria brɛ me.”
7 When Uriah had come to him, David asked him how Joab did, and how the people fared, and how the war prospered.
Ɛberɛ a Uria duruu Dawid nkyɛn no, ɔbisaa gyinaberɛ a Yoab ne akodɔm no wɔ mu ne sɛdeɛ ɔko no rekɔ so.
8 David said to Uriah, “Go down to your house and wash your feet.” Uriah departed out of the king’s house, and a gift from the king was sent after him.
Na ɔka kyerɛɛ Uria sɛ, “Kɔ efie na kɔhome.” Na mpo, Uria firii ahemfie hɔ no, Dawid soma maa wɔde akyɛdeɛ bi kɔmaa no.
9 But Uriah slept at the door of the king’s house with all the servants of his lord, and didn’t go down to his house.
Nanso, Uria ankɔ fie. Ɔne ɔhene asomfoɔ no bi tenaa ahemfie ɛpono no ano.
10 When they had told David, saying, “Uriah didn’t go down to his house,” David said to Uriah, “Haven’t you come from a journey? Why didn’t you go down to your house?”
Ɛberɛ a Dawid tee deɛ Uria ayɛ no, ɔfrɛɛ no bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na ɛha wo? Wofirii fie akyɛre na adɛn na woankɔ hɔ ɛnnora anadwo?”
11 Uriah said to David, “The ark, Israel, and Judah, are staying in tents; and my lord Joab and the servants of my lord are encamped in the open field. Shall I then go into my house to eat and to drink, and to lie with my wife? As you live, and as your soul lives, I will not do this thing!”
Uria buaa sɛ, “Apam Adaka no ne Israel akodɔm ne Yuda tete ntomadan mu, ɛnna Yoab nso ne ne mpanimfoɔ abɔ atenaeɛ wɔ wiram baabi petee mu. Na ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔ efie akɔnom nsã, adidi na me ne me yere akɔda? Meka ntam sɛ merenyɛ yei na madi ho fɔ.”
12 David said to Uriah, “Stay here today also, and tomorrow I will let you depart.” So Uriah stayed in Jerusalem that day and the next day.
Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ, tena ha anadwo yi, na ɔkyena wobɛkɔ akodɔm no mu.” Enti, Uria tenaa Yerusalem ɛda no ne nʼadekyeeɛ.
13 When David had called him, he ate and drank before him; and he made him drunk. At evening, he went out to lie on his bed with the servants of his lord, but didn’t go down to his house.
Na Dawid frɛɛ no anadwoduane apontoɔ, na ɔmaa no nsã ma ɔboroeɛ. Na ɛno mpo, Uria ankɔ efie ankɔhunu ne yere. Ɔdaa ahemfie no ɛkwan ano bio.
14 In the morning, David wrote a letter to Joab and sent it by the hand of Uriah.
Adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ krataa maa Uria sɛ ɔmfa nkɔma Yoab.
15 He wrote in the letter, saying, “Send Uriah to the forefront of the hottest battle, and retreat from him, that he may be struck and die.”
Krataa no mu nsɛm kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ma Uria nkɔ akono baabi a ɔko no ano yɛ den pa ara. Wo deɛ, sane wʼakyi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛkum no.”
16 When Joab kept watch on the city, he assigned Uriah to the place where he knew that valiant men were.
Enti, Yoab maa Uria kɔgyinaa baabi a ɛbɛn kuro no fasuo, a ɛhɔ na ɔnim sɛ atamfoɔ no mmarima a wɔyɛ den no reko.
17 The men of the city went out and fought with Joab. Some of the people fell, even of David’s servants; and Uriah the Hittite died also.
Ɛhɔ na wɔkumm Hetini Uria ne Israel asraafoɔ no bebree.
18 Then Joab sent and told David all the things concerning the war;
Na Yoab de ɔsa mu amaneɛ kɔbɔɔ Dawid.
19 and he commanded the messenger, saying, “When you have finished telling all the things concerning the war to the king,
Ɔka kyerɛɛ nʼabɔfoɔ no sɛ, “Monka ɔsa mu nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔhene.
20 it shall be that, if the king’s wrath arise, and he asks you, ‘Why did you go so near to the city to fight? Didn’t you know that they would shoot from the wall?
Nanso, ebia ne bo bɛfu, ama wabisa sɛ, ‘Adɛn enti na akodɔm no kɔbɛn kuro no pɛɛ saa? Na wɔnnim sɛ wɔbɛto agyan afiri afasuo no mu?
21 Who struck Abimelech the son of Jerubbesheth? Didn’t a woman cast an upper millstone on him from the wall, so that he died at Thebez? Why did you go so near the wall?’ then you shall say, ‘Your servant Uriah the Hittite is also dead.’”
Ɔbaabasia anto ayuyammoɔ ammɔ Gideon babarima Abimelek wɔ Tebes ankum no?’ Afei, monka nkyerɛ no sɛ, wɔakum Hetini Uria nso.”
22 So the messenger went, and came and showed David all that Joab had sent him for.
Enti, abɔfoɔ no kɔɔ Yerusalem kɔbɔɔ ɔsa no mu amaneɛ kyerɛɛ Dawid sɛdeɛ Yoab somaa no sɛ ɔnkɔka.
23 The messenger said to David, “The men prevailed against us, and came out to us into the field; and we were on them even to the entrance of the gate.
Abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Mmarima no bu faa yɛn so, na wɔtiaa yɛn petee mu deɛ, nanso yɛpiaa wɔn kɔɔ kuro no ɛpono ano.
24 The shooters shot at your servants from off the wall; and some of the king’s servants are dead, and your servant Uriah the Hittite is also dead.”
Ɛhɔ na agyantofoɔ too wʼasomfoɔ firii ɔfasuo ho, maa ɔhene mmarima no bi wuwuiɛ. Na wo ɔsomfoɔ Hetini Uria nso awu.”
25 Then David said to the messenger, “Tell Joab, ‘Don’t let this thing displease you, for the sword devours one as well as another. Make your battle stronger against the city, and overthrow it.’ Encourage him.”
Dawid ka kyerɛɛ abɔfoɔ no sɛ, “Ɛyɛ, Monka nkyerɛ Yoab sɛ ɔmmma nʼaba mu mmu, na ɔko mu deɛ obiara tumi wu. Monyere mo ho nko ɔkoden na monni kuropɔn no so nkonim.”
26 When Uriah’s wife heard that Uriah her husband was dead, she mourned for her husband.
Ɛberɛ a Batseba tee sɛ ne kunu awuo no, ɔsuu no.
27 When the mourning was past, David sent and took her home to his house, and she became his wife and bore him a son. But the thing that David had done displeased the LORD.
Na osu no akyi no, Dawid soma ma wɔkɔfaa no baa ne fie. Ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo ɔbabarima. Na deɛ Dawid yɛeɛ no ansɔ Awurade ani.

< 2 Samuel 11 >