< Matthew 7 >
1 “Don’t judge, so that you won’t be judged.
“Mommmu ntɛn, na afoforɔ ammu mo ntɛn.
2 For with whatever judgment you judge, you will be judged; and with whatever measure you measure, it will be measured to you.
Deɛ mode yɛ afoforɔ no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.
3 Why do you see the speck that is in your brother’s eye, but don’t consider the beam that is in your own eye?
“Adɛn na woma aboseaa a ɛda wo nua ani so no ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ kɛseɛ da wo deɛ so?
4 Or how will you tell your brother, ‘Let me remove the speck from your eye,’ and behold, the beam is in your own eye?
Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi aboseaa a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ da wʼani so.
5 You hypocrite! First remove the beam out of your own eye, and then you can see clearly to remove the speck out of your brother’s eye.
Nyaatwomni! Di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahunu aboseaa a ɛda wo nua ani so ayi ama no.
6 “Don’t give that which is holy to the dogs, neither throw your pearls before the pigs, lest perhaps they trample them under their feet, and turn and tear you to pieces.
“Mommfa deɛ ɛho te mma nkraman. Saa ara nso na monnto mo nhwene pa ngu mprako anim! Wɔbɛtiatia so, na woadane wɔn ho ato ahyɛ mo so.
7 “Ask, and it will be given you. Seek, and you will find. Knock, and it will be opened for you.
“Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mompem, na wɔbɛbue mo.
8 For everyone who asks receives. He who seeks finds. To him who knocks it will be opened.
Na obiara a ɔbisa no, ɔnya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no.
9 Or who is there among you who, if his son asks him for bread, will give him a stone?
“Na hwan na ne ba bisa no burodo a ɔbɛma no ɛboɔ?
10 Or if he asks for a fish, who will give him a serpent?
Anaasɛ ɔbisa no nsuomnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da!
11 If you then, being evil, know how to give good gifts to your children, how much more will your Father who is in heaven give good things to those who ask him!
Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma a wɔbisa no no.
12 Therefore, whatever you desire for men to do to you, you shall also do to them; for this is the law and the prophets.
Enti, sɛdeɛ mmara no ne adiyifoɔ no ka no, adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.
13 “Enter in by the narrow gate; for the gate is wide and the way is broad that leads to destruction, and there are many who enter in by it.
“Ɛkwan teateaa no nko ara so na wobɛtumi afa akɔ ɔsoro! Ɛkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛ, na nʼapono nso mu baeɛ ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛeɛ mu.
14 How narrow is the gate and the way is restricted that leads to life! There are few who find it.
Ɛpono a wɔwura mu de kɔ nkwa mu no yɛ ketewa na ɛkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakra bi na wɔhunu fa so.
15 “Beware of false prophets, who come to you in sheep’s clothing, but inwardly are ravening wolves.
“Monhwɛ mo ho yie wɔ atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔba mo nkyɛn ahobrɛaseɛ mu sɛ nnwan nanso wɔyɛ mpataku a wɔnya mo a, wɔbɛtete mo pasaa no ho.
16 By their fruits you will know them. Do you gather grapes from thorns or figs from thistles?
Wɔn nneyɛeɛ na mode bɛhunu wɔn, sɛdeɛ motumi de dua bi aba hunu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi nte bobe wɔ nkasɛɛ so; saa ara nso na worentumi nte borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛmse so.
17 Even so, every good tree produces good fruit, but the corrupt tree produces evil fruit.
Dua a ɛwɔ nnyinasoɔ pa no tumi so aba pa; na dua a ɛnni nnyinasoɔ pa no nso so aba bɔne.
18 A good tree can’t produce evil fruit, neither can a corrupt tree produce good fruit.
Dua pa ntumi nso aba bɔne saa ara nso na dua bɔne ntumi nso aba pa.
19 Every tree that doesn’t grow good fruit is cut down and thrown into the fire.
Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa de gu ogya mu hye no.
20 Therefore by their fruits you will know them.
Onipa nneyɛeɛ na ɛma yɛhunu ne suban.
21 “Not everyone who says to me, ‘Lord, Lord,’ will enter into the Kingdom of Heaven, but he who does the will of my Father who is in heaven.
“Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu.
22 Many will tell me in that day, ‘Lord, Lord, didn’t we prophesy in your name, in your name cast out demons, and in your name do many mighty works?’
Atemmuo da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforɔ. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, sane yɛɛ anwanwadeɛ, ahodoɔ’.
23 Then I will tell them, ‘I never knew you. Depart from me, you who work iniquity.’
Na mabua wɔn sɛ, ‘mennim mo da. Momfiri me so nkɔ, nnebɔneyɛfoɔ!’
24 “Everyone therefore who hears these words of mine and does them, I will liken him to a wise man who built his house on the rock.
“Wɔn a wɔtie deɛ meka, na wɔdi so no te sɛ onyansafoɔ a ɔsi ne dan si ɔbotan so.
25 The rain came down, the floods came, and the winds blew and beat on that house; and it didn’t fall, for it was founded on the rock.
Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛremmu da ɛfiri sɛ, wɔsi sii ɔbotan so.
26 Everyone who hears these words of mine and doesn’t do them will be like a foolish man who built his house on the sand.
Nanso, wɔn a wɔtie deɛ meka na wɔnni soɔ no te sɛ ɔkwasea bi a ɔsii ne dan sii anwea so.
27 The rain came down, the floods came, and the winds blew and beat on that house; and it fell—and its fall was great.”
Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛbɛdwiri agu fam, abubu pasaa.”
28 When Jesus had finished saying these things, the multitudes were astonished at his teaching,
Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wɔtiee no no nyinaa ho dwirii wɔn,
29 for he taught them with authority, and not like the scribes.
ɛfiri sɛ, ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ obi a ɔkura tumi na ne nkyerɛkyerɛ no nte sɛ deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no kyerɛ no.