< Mark 2 >

1 When he entered again into Capernaum after some days, it was heard that he was at home.
Nna bi akyi no, Yesu kɔɔ Kapernaum bio. Oduu hɔ no nnipa pii tee sɛ waba hɔ.
2 Immediately many were gathered together, so that there was no more room, not even around the door; and he spoke the word to them.
Ankyɛ na nnipa bebree bɛhyɛɛ ofi a na ɔwɔ mu no mu ma tɔ. Ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.
3 Four people came, carrying a paralytic to him.
Mmarima baanan bi de obubuafo bi a wɔso no baa hɔ.
4 When they could not come near to him for the crowd, they removed the roof where he was. When they had broken it up, they let down the mat that the paralytic was lying on.
Esiane sɛ na wontumi mfa nnipadɔm no mu nkɔ Yesu nkyɛn no nti, wɔforoo ɔdan a Yesu wɔ mu no, kotuu tokuru wɔ atifi. Wɔde obubuafo a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu, gyaagyaa no brɛoo de no kɔtoo Yesu anim.
5 Jesus, seeing their faith, said to the paralytic, “Son, your sins are forgiven you.”
Yesu huu wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefo no se, “Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo!”
6 But there were some of the scribes sitting there and reasoning in their hearts,
Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ hɔ no tee nea Yesu kae no, wɔdwenee wɔ wɔn tirim
7 “Why does this man speak blasphemies like that? Who can forgive sins but God alone?”
se, “Asɛm bɛn na ɔreka yi! Abususɛm na ɔreka yi! Osusuw sɛ ɔyɛ Onyankopɔn? Onyankopɔn nko na otumi de bɔne kyɛ.”
8 Immediately Jesus, perceiving in his spirit that they so reasoned within themselves, said to them, “Why do you reason these things in your hearts?
Mpofirim na Yesu huu wɔn adwene ma obisaa wɔn se, “Adɛn na moma asɛm a mekae yi haw mo?
9 Which is easier, to tell the paralytic, ‘Your sins are forgiven;’ or to say, ‘Arise, and take up your bed, and walk’?
Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw: sɛ wɔbɛka akyerɛ obubuafo yi se, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaa wɔbɛka se, ‘Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew?’
10 But that you may know that the Son of Man has authority on earth to forgive sins”—he said to the paralytic—
Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ,” Enti ɔka kyerɛɛ obubuafo no se,
11 “I tell you, arise, take up your mat, and go to your house.”
“Mise wo sɛ, sɔre gyina hɔ, fa wo kɛtɛ, na kɔ fie.”
12 He arose, and immediately took up the mat and went out in front of them all, so that they were all amazed and glorified God, saying, “We never saw anything like this!”
Obubuafo yi sɔre bobɔw ne kɛtɛ, na ɔde anigye ne ahosɛpɛw faa nnipadɔm no mu kɔe. Nnipa no ho dwiriw wɔn ma wɔkamfoo Onyankopɔn se, “Yenhuu eyi bi da!”
13 He went out again by the seaside. All the multitude came to him, and he taught them.
Yesu san kɔɔ mpoano hɔ bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuw a wɔahyia wɔ hɔ no.
14 As he passed by, he saw Levi the son of Alphaeus sitting at the tax office. He said to him, “Follow me.” And he arose and followed him.
Bere a ɔnam mpoano hɔ no, ohuu Alfeo ba Lewi sɛ ɔte atowgyei. Ɔka kyerɛɛ no se, “Di mʼakyi.” Na Lewi sɔre dii nʼakyi.
15 He was reclining at the table in his house, and many tax collectors and sinners sat down with Jesus and his disciples, for there were many, and they followed him.
Saa anadwofa no, Lewi too pon, too nsa frɛɛ ne mfɛfo towgyefo ne nnebɔneyɛfo bi sɛ wɔmmra na ɔne wɔn ne Yesu ne nʼasuafo no nto nsa nnidi. Nnipa a wodii Yesu akyi no bi te sɛ Lewi ara pɛ.
16 The scribes and the Pharisees, when they saw that he was eating with the sinners and tax collectors, said to his disciples, “Why is it that he eats and drinks with tax collectors and sinners?”
Farisifo no huu sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ne towgyefo ato nsa redidi no, wobisaa nʼasuafo no se, “Adɛn nti na ɔne towgyefo ne nnebɔneyɛfo to nsa didi?”
17 When Jesus heard it, he said to them, “Those who are healthy have no need for a physician, but those who are sick. I came not to call the righteous, but sinners to repentance.”
Yesu tee nea wɔkae no, obuaa wɔn se, “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafo ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ atreneefo sɛ wɔnsakra wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfo.”
18 John’s disciples and the Pharisees were fasting, and they came and asked him, “Why do John’s disciples and the disciples of the Pharisees fast, but your disciples don’t fast?”
Da bi a Osuboni Yohane akyidifo ne Farisifo no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Adɛn nti na Yohane ne Farisifo no akyidifo di mmuada na wʼakyidifo de, wonni mmuada?”
19 Jesus said to them, “Can the groomsmen fast while the bridegroom is with them? As long as they have the bridegroom with them, they can’t fast.
Yesu nso bisaa wɔn se, “Moahu ayeforokunu nnamfo a wɔbɛba ayeforo ase a wɔbɛka se, wɔredi mmuada nti wɔrennidi ana? Mmere dodow a wɔne ayeforokunu no nam no de, wɔrenni mmuada da.
20 But the days will come when the bridegroom will be taken away from them, and then they will fast in that day.
Na da bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada.
21 No one sews a piece of unshrunk cloth on an old garment, or else the patch shrinks and the new tears away from the old, and a worse hole is made.
“Ɛte sɛ wode ntama foforo atare ntama dedaw mu. Dɛn na ɛba? Ntaremu no bɛtew ntama dedaw no mu, na ayi afi mu, na ama tokuru a ɛda hɔ no aso asen kan de no.
22 No one puts new wine into old wineskins; or else the new wine will burst the skins, and the wine pours out, and the skins will be destroyed; but they put new wine into fresh wineskins.”
Munim sɛ wɔmfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu. Anyɛ saa a, ɛbɛpae. Nsa no behwie agu, na nkotoku a nsa no wɔ mu no nso bɛpaapae. Ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gu nkotoku foforo mu.”
23 He was going on the Sabbath day through the grain fields; and his disciples began, as they went, to pluck the ears of grain.
Homeda bi a Yesu ne nʼasuafo nam aburowfuw bi mu no, asuafo no pempan aburow no bi wee.
24 The Pharisees said to him, “Behold, why do they do that which is not lawful on the Sabbath day?”
Farisifo no bi ka kyerɛɛ Yesu se, “Hwɛ, adɛn na wɔreyɛ nea etia mmara Homeda?”
25 He said to them, “Did you never read what David did when he had need and was hungry—he, and those who were with him?
Yesu nso bisaa wɔn se, “Monnkenkan nea Ɔhene Dawid yɛe, bere a ɔkɔm dee ɔne wɔn a na wɔka ne ho no,
26 How he entered into God’s house at the time of Abiathar the high priest, and ate the show bread, which is not lawful to eat except for the priests, and gave also to those who were with him?”
ne sɛnea ɔkɔɔ Onyankopɔn fi wɔ Ɔsɔfopanyin Abiatar bere so, na ɔne wɔn a wɔka ne ho kodii brodo a wɔde abɔ afɔre ama Onyankopɔn no, a obiara nni ho kwan sɛ odi, gye asɔfo nko ara no pɛ? Na ɛno nso tia mmara.
27 He said to them, “The Sabbath was made for man, not man for the Sabbath.
“Onipa nti na wɔyɛɛ Homeda, na ɛnyɛ Homeda nti na wɔbɔɔ onipa.
28 Therefore the Son of Man is lord even of the Sabbath.”
Enti Onipa Ba no yɛ Homeda so wura mpo!”

< Mark 2 >