< Romans 1 >
1 Paul, a bondservant of Jesus Christ, called to be an Apostle, set apart to proclaim God's Good News,
Saa nhoma yi fi me, Paulo, Yesu Kristo somfo a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafo a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn.
2 which God had already promised through His Prophets in Holy Writ, concerning His Son,
Wɔnam Onyankopɔn adiyifo so dii kan hyɛɛ asɛmpa no ho nkɔm wɔ Apam Dedaw no mu.
3 who, as regards His human descent, belonged to the posterity of David,
Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akokoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho.
4 but as regards the holiness of His Spirit was decisively proved by His Resurrection to be the Son of God--I mean concerning Jesus Christ our Lord,
Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, efisɛ wonyan no fii awufo mu.
5 through whom we have received grace and Apostleship in His service in order to win men to obedience to the faith, among all Gentile peoples,
Ɛnam Kristo so nti na Onyankopɔn ma meyɛɛ ɔsomafo maa Kristo, sɛnea nnipa nyinaa nam gyidi so bɛyɛ osetie ama Onyankopɔn.
6 among whom you also, called, as you have been, to belong to Jesus Christ, are numbered:
Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifo no nso moka ho bi.
7 To all God's loved ones who are in Rome, called to be saints. May grace and peace be granted to you from God our Father and the Lord Jesus Christ.
Ɛno nti, merekyerɛw mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifo no: Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
8 First of all, I thank my God through Jesus Christ for what He has done for all of you; for the report of your faith is spreading through the whole world.
Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase ma mo nyinaa, efisɛ mo gyidi a mowɔ no adu wiase mmaa nyinaa.
9 I call God to witness--to whom I render priestly and spiritual service by telling the Good News about His Son-- how unceasingly I make mention of you in His presence,
Onyankopɔn a mede me koma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ nea meka no yɛ nokware. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa.
10 always in my prayers entreating that now, at length, if such be His will, the way may by some means be made clear for me to come to you.
Bere biara a mebɔ mpae no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mintumi mmɛsra mo mprempren ara.
11 For I am longing to see you, in order to convey to you some spiritual help, so that you may be strengthened;
Efisɛ mepere hwehwɛ sɛ mehu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den.
12 in other words that while I am among you we may be mutually encouraged by one another's faith, yours and mine.
Nea mekyerɛ ne sɛ me ne mo nyinaa benya honhom mu ahoɔden bere koro mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidi mu den.
13 And I desire you to know, brethren, that I have many a time intended to come to you--though until now I have been disappointed--in order that among you also I might gather some fruit from my labours, as I have already done among the rest of the Gentile nations.
Me nuanom, monkae sɛ bere biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛnea mayɛ wɔ amanamanmufo mu no.
14 I am already under obligations alike to Greek-speaking races and to others, to cultured and to uncultured people:
Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani atew ne wɔn a wɔn ani ntewee, wɔn a wɔasua ade ne wɔn a wonsuaa ade nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodi.
15 so that for my part I am willing and eager to proclaim the Good News to you also who are in Rome.
Ɛno nti mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛ mo.
16 For I am not ashamed of the Good News. It is God's power which is at work for the salvation of every one who believes--the Jew first, and then the Gentile.
Mʼani nwu Asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa nkwa; Yudafo kan na amanamanmufo no nso.
17 For in the Good News a righteousness which comes from God is being revealed, depending on faith and tending to produce faith; as the Scripture has it, "The righteous man shall live by faith."
Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛnea Onyankopɔn ma yɛyɛ atreneefo, na ɛnam gyidi so na wama yɛayɛ saa. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, ɔtreneeni fi gyidi mu benya nkwa.
18 For God's anger is being revealed from Heaven against all impiety and against the iniquity of men who through iniquity suppress the truth. God is angry:
Onyankopɔn da nʼabufuw adi fi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfo nyinaa ne nnipa a wɔde nokware no hintaw afoforo no.
19 because what may be known about Him is plain to their inmost consciousness; for He Himself has made it plain to them.
Efisɛ Onyankopɔn ada ne nokwasɛm no adi wɔ wɔn mu, na ɔde ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn koma mu.
20 For, from the very creation of the world, His invisible perfections--namely His eternal power and divine nature--have been rendered intelligible and clearly visible by His works, so that these men are without excuse. (aïdios )
Efi bere a Onyankopɔn bɔɔ wiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔde so tumi hu saa nneɛma yi, enti wonni anoyi biara. (aïdios )
21 For when they had come to know God, they did not give Him glory as God nor render Him thanks, but they became absorbed in useless discussions, and their senseless minds were darkened.
Wonim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne nidi a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu.
22 While boasting of their wisdom they became utter fools,
Wɔka se wɔyɛ anyansafo nanso wɔyɛ nkwaseafo.
23 and, instead of worshipping the imperishable God, they worshipped images resembling perishable man or resembling birds or beasts or reptiles.
Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn onuonyamfo a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne abo yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa som wɔn.
24 For this reason, in accordance with their own depraved cravings, God gave them up to uncleanness, allowing them to dishonour their bodies among themselves with impurity.
Ɛno nti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afide a efi wɔn koma mu maa wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwude nso.
25 For they had bartered the reality of God for what is unreal, and had offered divine honours and religious service to created things, rather than to the Creator--He who is for ever blessed. Amen. (aiōn )
Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atosɛm na wɔsom abɔde sen Ɔbɔade a daa wɔkamfo no no. Amen. (aiōn )
26 This then is the reason why God gave them up to vile passions. For not only did the women among them exchange the natural use of their bodies for one which is contrary to nature, but the men also,
Esiane saa nti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa honam mu akɔnnɔ a ɛyɛ aniwude. Na mpo wɔn mmea fa wɔn yɔnkonom mmea.
27 in just the same way--neglecting that for which nature intends women--burned with passion towards one another, men practising shameful vice with men, and receiving in their own selves the reward which necessarily followed their misconduct.
Saa ara nso na na mmarima ne mmea nna, na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn ma wɔne wɔn ho wɔn ho dae, nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn.
28 And just as they had refused to continue to have a full knowledge of God, so it was to utterly worthless minds that God gave them up, for them to do things which should not be done.
Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokware no nti, wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmom.
29 Their hearts overflowed with all sorts of dishonesty, mischief, greed, malice. They were full of envy and murder, and were quarrelsome, crafty, and spiteful.
Amumɔyɛ ahorow nyinaa, bɔne, anibere ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudi, akasakasa, asisi ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wodii nseku,
30 They were secret backbiters, open slanderers; hateful to God, insolent, haughty, boastful; inventors of new forms of sin, disobedient to parents, destitute of common sense,
kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforo ho; wokyi Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutuwpɛ, ahantan ne ahomaso. Na daa wodwen sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofo asɛm.
31 faithless to their promises, without natural affection, without human pity.
Na wonni suban; na wonni wɔn bɔhyɛ so; na wonni ayamye ne ahummɔbɔ ma afoforo.
32 In short, though knowing full well the sentence which God pronounces against actions such as theirs, as things which deserve death, they not only practise them, but even encourage and applaud others who do them.
Na wonim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase wɔ saa ɔkwan no so no sɛ owu. Nanso wɔnko ara anyɛ saa afide no, na mmom wɔpenee afoforo a wɔyɛɛ saa bɔne koro no ara bi no so.