< Luke 7 >

1 After He had finished teaching all these things in the hearing of the people, He went into Capernaum.
Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfo no wiee no, ɔkɔɔ Kapernaum.
2 Here the servant of a certain Captain, a man dear to his master, was ill and at the point of death;
Saa bere no ara mu na Roma ɔsraani panyin bi somfo a ɔpɛ nʼasɛm yiye yare denneennen a ɔreyɛ awu.
3 and the Captain, hearing about Jesus, sent to Him some of the Jewish Elders, begging Him to come and restore his servant to health.
Ɔsraani panyin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo bi se wɔnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa ne somfo no yare mma no.
4 And they, when they came to Jesus, earnestly entreated Him, pleading, "He deserves to have this favour granted him,
Woduu Yesu nkyɛn no, wɔde asɛm no too nʼanim srɛɛ no sɛ, ɔmmoa ɔsraani panyin no, efisɛ ɔyɛ onipa pa.
5 for he loves our nation, and at his own expense he built our synagogue for us."
Wɔkae se, “Ɔyɛ obi a ɔdɔ yɛn man na wasi hyiadan ama yɛn.”
6 Then Jesus went with them. But when He was not far from the house, the Captain sent friends to Him with the message: "Sir, do not trouble to come. I am not worthy of having you come under my roof;
Yesu ne wɔn sii mu. Wɔreyɛ adu fie hɔ no, ɔsraani panyin no somaa ne nnamfo bi sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yesu se, “Awurade, nhaw wo ho, na mensɛ sɛ woba me fi.
7 and therefore I did not deem myself worthy to come to you. Only speak the word, and let my young man be cured.
Saa ara na memfata sɛ meba baabi a wowɔ. Kasa, na me somfo no ho bɛyɛ no den.
8 For I too am a man obedient to authority, and have soldiers under me; and I say to one, 'Go,' and he goes; to another, 'Come,' and he comes; and to my slave, 'Do this or that,' and he does it."
Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafo bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi se, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se, ‘Bra’ a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ, ‘Yɛ eyi’ a, ɔyɛ.”
9 Jesus listened to the Captain's message and was astonished at him, and He turned and said to the crowd that followed Him, "I tell you that not even in Israel have I found faith like that."
Yesu tee asɛm no, ne ho dwiriw no na ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nnipakuw a wodi nʼakyi no se, “Anokwa, minhuu obiara a ɔwɔ gyidi sɛ saa ɔbarima yi wɔ Israelman nyinaa mu da.”
10 And the friends who had been sent, on returning to the house, found the servant in perfect health.
Bere a abɔfo no san koduu fie hɔ no, wohuu sɛ ɔsomfo no ho ayɛ no den.
11 Shortly afterwards He went to a town called Nain, attended by His disciples and a great crowd of people.
Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo ne nnipakuw bi a wɔka ne ho no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu.
12 And just as He reached the gate of the town, they happened to be bringing out for burial a dead man who was his mother's only son; and she was a widow; and a great number of the townspeople were with her.
Woduu kurotia no, ohuu sɛ wɔrekosie obi. Na owufo no yɛ ɔbea kunafo bi a ɔwɔ kurow no mu no ba barima koro. Na adɔfo bebree di amu no akyi.
13 The Lord saw her, was moved with pity for her, and said to her, "Do not weep."
Awurade Yesu huu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Gyae su!”
14 Then He went close and touched the bier, and the bearers halted. "Young man," He said, "I command you, wake!"
Yesu kosoo funnaka no mu maa wɔn a ɛyɛ wɔn de no gyinae. Ɔka kyerɛɛ owufo no se. “Aberante, mise wo sɛ, nyan!”
15 The dead man sat up and began to speak; and He restored him to his mother.
Aberante no sɔre tenaa ase na ɔkasae. Afei Yesu de no maa ne na.
16 All were awe-struck, and they gave glory to God--some saying, "A Prophet, a great Prophet, has risen up among us." Others said, "God has not forgotten His People."
Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn yiye na woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Odiyifo kɛse bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asian aba ne manfo mu.”
17 And the report of what Jesus had done spread through the whole of Judaea and in all the surrounding districts.
Nea Yesu yɛɛ yi ho asɛm trɛw koduu Yudea ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu.
18 John's disciples brought him an account of all these things;
Yohane asuafo kɔbɔɔ no nea asi no nyinaa ho amanneɛ.
19 so John called two of his disciples and sent them to the Lord. "Are you the Coming One?" he asked, "or is there another that we are to expect?"
Yohane somaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”
20 The men came to Jesus and said, "John the Baptist has sent us to you with this question: 'Are you the Coming One, or is there another that we are to expect?'"
Asuafo no duu Yesu nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no se, “Osuboni Yohane asoma yɛn wo nkyɛn se yemmebisa wo se, wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”
21 He immediately cured many of diseases, severe pain, and evil spirits, and to many who were blind He gave the gift of sight.
Saa bere no ara mu, Yesu saa nyarewa bebree; otuu ahonhommɔne na ɔmaa anifuraefo huu ade.
22 Then He answered the messengers, "Go and report to John what you have seen and heard. Blind men receive sight, the lame walk, lepers are purified, deaf persons hear, the dead are raised to life, the poor have the Good News proclaimed to them.
Yesu buaa wɔn se. “Monkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane se, mema anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, mesa akwatafo yare, asotifo te asɛm, awufo nyan, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafo.
23 And blessed is every one who does not stumble and fall because of my claims."
Nhyira ne wɔn a merento wɔn hintidua.”
24 When John's messengers were gone, He proceeded to say to the multitude concerning John, "What did you go out into the Desert to gaze at? A reed waving in the wind?
Yohane asuafo no fii Yesu nkyɛn kɔe no, Yesu dii Yohane ho adanse kyerɛɛ nnipakuw no. Obisaa wɔn se, “Mokɔɔ sare so no, dɛn na muhui? Sare a mframa rehim no ana?
25 But what did you go out to see? A man wearing luxurious clothes? People who are gorgeously dressed and live in luxury are found in palaces.
Ɛno de, dɛn na muhui? Obi a ofura sirikyi ana? Ahemfi na yehu wɔn a wodi yiye na wofura ntama pa.
26 But what did you go out to see? A Prophet? Aye, I tell you, and far more than a Prophet.
Anaa Onyankopɔn diyifo? Ɛno de, mereka akyerɛ mo se, nea muhuu no no sen odiyifo mpo.
27 John is the man about whom it is written, 'See, I am sending My messenger before thy face, and he shall make ready thy way before thee.'
Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se, “‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. Ɔno na obesiesie kwan ama wo.’
28 "I tell you that among all of women born there is not one greater than John. Yet one who is of lower rank in the Kingdom of God is greater than he.
Meka kyerɛ mo se onipa biara nni hɔ a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sen Yohane. Nanso nea ɔyɛ akumaa koraa wɔ Onyankopɔn ahemman mu no sen no.”
29 And all the people, including the tax-gatherers, when they listened to him upheld the righteousness of God, by being baptized with John's baptism.
Na wɔn a wɔtee nea ɔkae no nyinaa a towgyefo mpo ka ho bi gye too mu se, Onyankopɔn yɛ ɔtreneeni; na wɔsakraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu.
30 But the Pharisees and expounders of the Law have frustrated God's purpose as to their own lives, by refusing to be baptized.
Na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn asɛm nti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu.
31 "To what then shall I compare the men of the present generation, and what do they resemble?
Yesu bisaa wɔn se, “Dɛn na menka mfa nnɛmma yi ho; na dɛn ho na memfa wɔn ntoto?
32 They are like children sitting in the public square and calling out to one another, 'We have played the flute to you, and you have not danced: we have sung dirges, and you have not shown sorrow.'
Wɔte sɛ mmofra bi a wɔregoru wɔ agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforo se, “‘Yɛhyɛn mmɛn maa mo, nanso moansaw; yetwaa agyaadwo, nanso moansu.’
33 For John the Baptist has come eating no bread and drinking no wine, and you say, 'He has a demon!'
Osuboni Yohane aba a onnidi na ɔnnom nsa nso muse, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’
34 The Son of Man has come eating and drinking, and you say, 'Look, there is a man who is overfond of eating and drinking--he is a friend of tax-gatherers and notorious sinners!'
Onipa Ba no nso aba a odidi na ɔnom a muse, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔyɛ towgyefo ne “nnebɔneyɛfo” adamfo!’
35 But wisdom is justified by all who are truly wise."
Nanso wɔn a wodi Onyankopɔn akyi nokware mu no de, wɔn bra di adanse sɛ, nʼakwan nyinaa ye.”
36 Now one of the Pharisees repeatedly invited Him to a meal at his house; so He entered the house and reclined at the table.
Farisini bi frɛɛ Yesu adidi ma ɔpenee so kɔe.
37 And there was a woman in the town who was a notorious sinner. Having learnt that Jesus was at table in the Pharisee's house she brought a flask of perfume,
Ɔte hɔ redidi no, ɔbea bi a obu bra bɔne wɔ kurow no mu tee ne nka no, ɔde aduhuam bi a ɛsom bo tumpan ma kɔɔ hɔ.
38 and, standing behind close to His feet, weeping, began to wet His feet with her tears; and with her hair she wiped the tears away again, while she lovingly kissed His feet and poured the perfume over them.
Ɔkotow Yesu nan ase sui, maa ne nusu no fɔw Yesu nan ase. Afei ɔde ne tinwi pepaa nisu no, soo ne nan de aduhuam no sraa ho.
39 Noticing this, the Pharisee, His host, said to himself, "This man, if he were really a Prophet, would know who and what sort of person this woman is who is touching him--and would know that she is an immoral woman."
Farisini a ɔfrɛɛ Yesu adidi no huu nea ɔbea no yɛe no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ saa onipa yi yɛ odiyifo ampa ara a, anka obehu sɛ saa ɔbea yi bu ɔbra bɔne.”
40 In answer to his thoughts Jesus said to him, "Simon, I have a word to say to you." "Rabbi, say on," he replied.
Yesu huu Farisini no adwene ma ɔka kyerɛɛ no se, “Simon, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.” Simon nso ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, ka ɛ.”
41 "There were once two men in debt to one money-lender," said Jesus; "one owed him five hundred shillings and the other fifty.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Osikani bi bɔɔ nnipa baanu bi bosea. Ɔmaa ɔbaako denare ahannum; na ɔbaako no nso ɔmaa no denare aduonum.
42 But neither of them could pay anything; so he freely forgave them both. Tell me, then, which of them will love him most?"
Wɔn mu biara antumi antua ne ka a ɔde no no nti, ɔde kyɛɛ wɔn. Wɔn mu hena na wugye di sɛ ɔbɛpɛ ɔdefo no asɛm yiye?”
43 "I suppose," replied Simon, "the one to whom he forgave most." "You have judged rightly," Jesus rejoined.
Simon buae se, “Migye di sɛ nea ɔde ne ka kɛse kyɛɛ no no.” Yesu kae se, “Woabua no yiye.”
44 Then turning towards the woman He said to Simon, "Do you see this woman? I came into your house: you gave me no water for my feet; but she has made my feet wet with her tears, and then wiped the tears away with her hair.
Afei Yesu dan nʼani kyerɛɛ ɔbea no bisaa Simon se, “Woahu saa ɔbea yi? Mebaa wo fi, woamma me nsu anhohoro mʼanan ase; nanso saa ɔbea yi de ne nisu ahohoro mʼanan ase, asan de ne tinwi apepa.
45 No kiss did you give me; but she from the moment I came in has not left off tenderly kissing my feet.
Mebae yi, woanyɛ me atuu amfa amma me akwaaba; nanso efi bere a ɔbea yi bɛtoo me wɔ ha yi, onnyaee me nan mu so.
46 No oil did you pour even on my head; but she has poured perfume upon my feet.
Woamfa ngo amfɔw me tirim; nanso ɔbea yi de aduhuam a ɛsom bo asra mʼanan ase.
47 This is the reason why I tell you that her sins, her many sins, are forgiven--because she has loved much; but he who is forgiven little, loves little."
Eyi nti mereka akyerɛ wo se, nea ɔbea yi ayɛ nti, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ no, efisɛ wayi ɔdɔ kɛse bi adi akyerɛ. Na nea wɔde ne bɔne a esua akyɛ no no, ne dɔ nso sua.”
48 And He said to her, "Your sins are forgiven."
Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”
49 Then the other guests began to say to themselves, "Who can this man be who even forgives sins?"
Wɔn a ɔne wɔn te adidii no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a otumi de bɔne kyɛ?”
50 But He said to the woman, "Your faith has cured you: go, and be at peace."
Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wo gyidi agye wo nkwa. Fa asomdwoe kɔ.”

< Luke 7 >