< Acts 23 >

1 Then Paul, fixing a steady gaze on the Sanhedrin, said, "Brethren, it is with a perfectly clear conscience that I have discharged my duties before God up to this day."
Paulo hwɛɛ agyinatufoɔ no dinn, kaa sɛ, “Anuanom, ahonim pa na mede mayɛ Onyankopɔn adwuma de abɛsi ɛnnɛ da yi.”
2 On hearing this the High Priest Ananias ordered those who were standing near Paul to strike him on the mouth.
Anania a na ɔyɛ Ɔsɔfopanin no hyɛɛ nnipa a na wɔgyina Paulo ho no sɛ wɔmmɔ nʼano so.
3 "Before long," exclaimed Paul, "God will strike you, you white-washed wall! Are you sitting there to judge me in accordance with the Law, and do you yourself actually break the Law by ordering me to be struck?"
Paulo ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo a wote sɛ ɔfasuo a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wobu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me!”
4 "Do you rail at God's High Priest?" cried the men who stood by him.
Nnipa a na wɔgyina Paulo nkyɛn no bisaa no sɛ, “Sei na ɛsɛ sɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfopanin?”
5 "I did not know, brethren," replied Paul, "that he was the High Priest; for it is written, 'Thou shalt not speak evil of a ruler of Thy people.'"
Paulo buaa wɔn sɛ, “Anuanom, mennim sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanin. Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Nka asɛmmɔne mfa wo ɔman panin ho.’”
6 Noticing, however, that the Sanhedrin consisted partly of Sadducees and partly of Pharisees, he called out loudly among them, "Brethren, I am a Pharisee, the son of Pharisees. It is because of my hope of a resurrection of the dead that I am on my trial."
Ɛberɛ a Paulo hunuu sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifoɔ na ebi yɛ Farisifoɔ no, ɔteaam wɔ agyinatufoɔ no anim sɛ, “Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofoɔ yɛ Farisifoɔ. Gyidie a mewɔ wɔ awufosɔreɛ mu no enti na megyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi.”
7 These words of his caused an angry dispute between the Pharisees and the Sadducees, and the assembly took different sides.
Asɛm a Paulo kaeɛ yi maa ntawantawa sii Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ntam maa wɔn mu kyɛɛ mmienu,
8 For the Sadducees maintain that there is no resurrection, and neither angel nor spirit; but the Pharisees acknowledge the existence of both.
ɛfiri sɛ, na Sadukifoɔ no nnye owusɔreɛ, abɔfoɔ ne honhom nni. Nanso, Farisifoɔ no de, wɔgye saa nneɛma mmiɛnsa no di.
9 So there arose a great uproar; and some of the Scribes belonging to the sect of the Pharisees sprang to their feet and fiercely contended, saying, "We find no harm in the man. What if a spirit has spoken to him, or an angel----!"
Nteateamu no kɔɔ so kɔsii sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu bi a wɔyɛ Farisifoɔ no sɔre gyinaa hɔ kaa sɛ, “Yɛnhunu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no!”
10 But when the struggle was becoming violent, the Tribune, fearing that Paul would be torn to pieces by the people, ordered the troops to go down and take him from among them by force and bring him into the barracks.
Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroeɛ sɛ anhwɛ a wɔbɛtete Paulo mu; ɛno enti, ɔhyɛɛ nʼasraafoɔ sɛ, wɔnkɔ nnipa no mu na wɔnkɔgye Paulo mfiri wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu.
11 The following night the Lord came and stood at Paul's side, and said, "Be of good courage, for as you have borne faithful witness about me in Jerusalem, so you must also bear witness in Rome."
Anadwo no, Awurade bɛgyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro! Sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kɔdi me ho adanseɛ wɔ Roma.”
12 Now, when daylight came, the Jews formed a conspiracy and solemnly swore not to eat or drink till they had killed Paul.
Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ bi hyia kaa ntam, dii nse sɛ wɔrennidi na wɔrennom nso kɔsi sɛ wɔbɛkum Paulo.
13 There were more than forty of them who bound themselves by this oath.
Na saa nnipa no dodoɔ bɛboro aduanan.
14 They went to the High Priests and Elders and said to them, "We have bound ourselves under a heavy curse to take no food till we have killed Paul.
Afei, wɔkɔɔ asɔfoɔ mpanin ne mpanin no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛaka ntam, adi nse sɛ hwee renka yɛn ano kɔsi sɛ yɛbɛkum Paulo.
15 Now therefore you and the Sanhedrin should make representations to the Tribune for him to bring him down to you, under the impression that you intend to inquire more minutely about him; and we are prepared to assassinate him before he comes near the place."
Mo ne agyinatufoɔ no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka sɛ, mopɛ sɛ mobisa Paulo deɛ wayɛ no mu yie. Nanso, ansa na wɔde no bɛduru hɔ no, na yɛakum no dada.”
16 But Paul's sister's son heard of the intended attack upon him. So he came and went into the barracks and told Paul about it;
Nanso, Paulo wɔfaase bi tee pɔ a wɔabɔ no enti, ɔkɔɔ aban mu hɔ kɔbɔɔ Paulo amaneɛ.
17 and Paul called one of the Captains and said, "Take this young man to the Tribune, for he has information to give him."
Paulo frɛɛ asraafoɔ mpanin no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne aberanteɛ yi nkɔ ɔsafohene no nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.”
18 So he took him and brought him to the Tribune, and said, "Paul, the prisoner, called me to him and begged me to bring this youth to you, because he has something to say to you."
Ɔsraani panin no ne aberanteɛ no kɔɔ ɔsafohene no nkyɛn. Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsafohene no sɛ, “Paulo a ɔda afiase no asoma me sɛ memfa aberanteɛ yi mmɛhunu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”
19 Then the Tribune, taking him by the arm, withdrew out of the hearing of others and asked him, "What have you to tell me?"
Ɔsafohene no sɔɔ aberanteɛ no nsa de no kɔgyinaa nkyɛn baabi bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?”
20 "The Jews," he replied, "have agreed to request you to bring Paul down to the Sanhedrin to-morrow for the purpose of making yourself more accurately acquainted with the case.
Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yudafoɔ mpanin no abɔ pɔ sɛ ɔkyena wɔbɛhyɛ da abɛsrɛ wo na woama wɔde Paulo abrɛ agyinatufoɔ no sɛ wɔrebɛbisa no ne nsɛm no mu yie.
21 I beg you not to comply; for more than forty men among them are lying in wait for him, who have solemnly vowed that they will neither eat nor drink till they have assassinated him; and even now they are ready, in anticipation of receiving that promise of you."
Nanso, mma wɔnnaadaa wo. Ɛfiri sɛ, mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam, adi nse sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kɔsi sɛ wɔbɛnya Paulo akum no no bɛtetɛ no wɔ ɛkwan so. Deɛ wɔretwɛn ara ne sɛ, wobɛma ho ɛkwan.”
22 So the Tribune sent the youth home, cautioning him. "Do not let any one know that you have given me this information," he said.
Ɔsafohene no gyaa aberanteɛ no kwan ka kyerɛɛ no sɛ, “Nka nkyerɛ obiara sɛ woabɛka asɛm biara akyerɛ me.”
23 Then, calling to him two of the Captains, he gave his orders. "Get ready two hundred men," he said, "to march to Caesarea, with seventy cavalry and two hundred light infantry, starting at nine o'clock to-night."
Ɔsafohene no frɛɛ nʼasraafoɔ mpanimfoɔ baanu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mompɛ asraafoɔ ahanu ne apɔnkɔsotefoɔ ne mpeakurafoɔ ahanu na momfiri ha anadwo nnɔnkron yi ara nkɔ Kaesarea.
24 He further told them to provide horses to mount Paul on, so as to bring him safely to Felix the Governor.
Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo.”
25 He also wrote a letter of which these were the contents:
Afei, ɔsafohene no twerɛɛ nwoma a emu nsɛm ka sɛ:
26 "Claudius Lysias to his Excellency, Felix the Governor: all good wishes.
Me Klaudio Lisia a meretwerɛ wo Onimuonyamfoɔ Amrado Felike saa nwoma yi, kyea wo!
27 This man Paul had been seized by the Jews, and they were on the point of killing him, when I came upon them with the troops and rescued him, for I had been informed that he was a Roman citizen.
Yudafoɔ kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee sɛ ɔyɛ Romani no, me ne mʼasraafoɔ kɔgyee no firii wɔn nsam.
28 And, wishing to know with certainty the offense of which they were accusing him, I brought him down into their Sanhedrin,
Mepɛɛ sɛ mehunu bɔne ko a wayɛ, enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufoɔ no.
29 and I discovered that the charge had to do with questions of their Law, but that he was accused of nothing for which he deserves death or imprisonment.
Mehunuiɛ sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so kum no anaasɛ wɔde no to afiase. Asɛm a wɔka too ne so no fa wɔn mmara ho.
30 But now that I have received information of an intended attack upon him, I immediately send him to you, directing his accusers also to state before you the case they have against him."
Ɛno enti, ɛberɛ a metee sɛ Yudafoɔ bi abɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛtɛ no akum no no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mede no bɛbrɛ wo. Maka makyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia no no sɛ, wɔmmra wʼanim mmɛka.
31 So, in obedience to their orders, the soldiers took Paul and brought him by night as far as Antipatris.
Asraafoɔ no yɛɛ biribiara a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Anadwo no ara wɔde Paulo kɔɔ Antipatri.
32 The next day the infantry returned to the barracks, leaving the cavalry to proceed with him;
Adeɛ kyeeɛ no, asraafoɔ a wɔnam fam no sane wɔn akyi, na wɔn a wɔte apɔnkɔ so no toaa so kɔɔ Kaesarea.
33 and, the cavalry having reached Caesarea and delivered the letter to the Governor, they brought Paul also to him.
Wɔduruiɛ no, wɔde nwoma no maa Amrado no de Paulo hyɛɛ ne nsa.
34 Felix, after reading the letter, inquired from what province he was; and being told "from Cilicia,"
Amrado no kenkanee nwoma no wieeɛ no ɔbisaa Paulo ɔman ko a ɔfiri mu. Ɔtee sɛ ɔfiri Kilikia no, ɔka kyerɛɛ no sɛ.
35 he said, "I will hear all you have to say, when your accusers also have come." And he ordered him to be detained in custody in Herod's Palace.
“Wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia wo no ba a na mɛtie wʼasɛm.” Afei, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ Herode ahemfie na asraafoɔ nwɛn no.

< Acts 23 >