< Acts 14 >

1 At Iconium the Apostles went together to the Jewish synagogue and preached, with the result that a great number both of Jews and Greeks believed.
Paulo ne Barnaba duu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafo asɔredan mu. Wɔkasa ma Yudafo ne amanamanmufo bebree bɛyɛɛ agyidifo.
2 But the Jews who had refused obedience stirred up the Gentiles and embittered their minds against the brethren.
Nanso Yudafo a wɔpoo Awurade asɛm no hwanyan amanamanmufo no, san tuu wɔn aso tiaa anuanom no.
3 Yet Paul and Barnabas remained there for a considerable time, speaking freely and relying on the Lord, while He bore witness to the Message of His grace by permitting signs and marvels to be done by them.
Asomafo no tenaa hɔ kyɛe. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwonwade ahorow no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokware.
4 At length the people of the city split into parties, some siding with the Jews and some with the Apostles.
Kurow no mu nnipa no mu kyɛɛ abien; fa kɔɔ Yudafo no afa na fa nso kɔɔ asomafo no afa.
5 And when a hostile movement was made by both Gentiles and Jews, with the sanction of their magistrates, to maltreat and stone them,
Amanamanmufo ne Yudafo no ne wɔn mpanyimfo yɛɛ adwene se wɔbɛyɛ wɔn ayayade asan asiw wɔn abo.
6 the Apostles, having become aware of it, made their escape into the Lycaonian towns of Lystra and Derbe, and the neighbouring country.
Asomafo no tee pɔw a wɔbɔ faa wɔn ho no, woguan kɔɔ Listra ne Derbe a ɛwɔ Likaoniaman mu ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa ase.
7 And there they continued to tell the Good News.
Wɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ.
8 Now a man who had no power in his feet used to sit in the streets of Lystra. He had been lame from his birth and had never walked.
Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Listra no wohuu ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafo fi nʼawo mu.
9 After this man had listened to one of Paul's sermons, the Apostle, looking steadily at him and perceiving that he had faith to be cured,
Paulo rekasa no, obubuafo no tiee no maa Paulo huu sɛ ɔwɔ gyidi a ɛbɛma watumi agyina so asa no yare. Enti Paulo hwɛɛ obubuafo no
10 said in a loud voice, "Stand upright upon your feet!"
teɛɛ mu se, “Sɔre gyina hɔ!” Amono mu, obubuafo yi huruw gyinae, fii ase nantewee.
11 So he sprang up and began to walk about. Then the crowds, seeing what Paul had done, rent the air with their shouts in the Lycaonian language, saying, "The gods have assumed human form and have come down to us."
Nnipa no huu nea Paulo ayɛ no, wofii ase teɛteɛɛ mu wɔ Likaonia kasa mu se, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.”
12 They called Barnabas 'Zeus,' and Paul, as being the principal speaker, 'Hermes.'
Eyi nti wɔfrɛɛ Barnaba Seus na wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes, efisɛ ɔno na na ɔka asɛm no.
13 And the priest of Zeus--the temple of Zeus being at the entrance to the city--brought bullocks and garlands to the gates, and in company with the crowd was intending to offer sacrifices to them.
Seus a na nʼasɔredan wɔ kurotia no sɔfo de nantwi ne nhwiren baa kurow no pon ano, pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma asomafo no.
14 But the Apostles, Barnabas and Paul, heard of it; and tearing their clothes they rushed out into the middle of the crowd, exclaiming, "Sirs, why are you doing all this?
Bere a Barnaba ne Paulo tee afɔre a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuw sunsuanee wɔn ntade mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuw no mu teɛteɛɛ mu se,
15 We also are but men, with natures kindred to your own; and we bring you the Good News that you are to turn from these unreal things, to worship the ever-living God, the Creator of earth and sky and sea and of everything that is in them.
“Dɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ nnipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu no.
16 In times gone by He allowed all the nations to go their own ways;
Bere bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan ma wɔyɛɛ nea wɔpɛ.
17 and yet by His beneficence He has not left His existence unattested--His beneficence, I mean, in sending you rain from Heaven and fruitful seasons, satisfying your hearts with food and joyfulness."
Nanso Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di nʼankasa ho adanse. Mmere a ɛsɛ mu no, ɔma osu tɔ ma nnɔbae ba; ɔma mo aduan di ma munya ahotɔ.”
18 Even with words like these they had difficulty in preventing the thronging crowd from offering sacrifices to them.
Nanso saa kasa yi nyinaa akyi no, pɛ ara na nnipa no pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma wɔn.
19 But now a party of Jews came from Antioch and Iconium, and, having won over the crowd, they stoned Paul and dragged him out of the town, believing him to be dead.
Yudafo bi fi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom tuu nnipa no aso maa wosiw Paulo abo, twee no fii kurow no mu a na wosusuw sɛ wawu.
20 When, however, the disciples had collected round him, he rose and went back into the town. The next day he went with Barnabas to Derbe;
Nanso bere a agyidifo no betwaa ne ho hyiae no, ɔsɔre san kɔɔ kurow no mu. Ade kyee no ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe.
21 and, after proclaiming the Good News to the people there and gaining a large number of converts, they retraced their steps to Lystra, Iconium, and Antioch.
Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ Derbe ma nnipa pii gye dii. Wofi hɔ no, wɔsan kɔɔ Listra, Ikoniom ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia.
22 Everywhere they strengthened the disciples by encouraging them to hold fast to the faith, and warned them saying, "It is through many afflictions that we must make our way into the Kingdom of God."
Wɔhyɛɛ agyidifo no nkuran sɛ wɔntena ase gyidi mu. Wɔka kyerɛɛ agyidifo yi se, “Ansa na yebetumi akɔ Onyankopɔn ahenni mu no, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔhaw ahorow pii mu.”
23 And in every Church, after prayer and fasting, they selected Elders by show of hands, and commended them to the Lord on whom their faith rested.
Asafo biara a wɔkɔɔ mu no, wosisii mpanyimfo maa wɔn; na wɔnam mpaebɔ ne mmuadadi so de mpanyimfo no hyɛɛ Awurade a wɔde wɔn ho ato no so no nsa.
24 Then passing through Pisidia they came into Pamphylia;
Wofi Pisidia no wɔbaa Pamfilia.
25 and after telling the Message at Perga they came down to Attaleia.
Wɔkaa asɛmpa no wɔ Perge na wofi hɔ baa Atalia.
26 Thence they sailed to Antioch, where they had previously been commended to the grace of God in connexion with the work which they had now completed.
Wofi Atalia no, wɔsan baa Antiokia a ɛhɔ na bere a na wɔrebefi saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade nsa no.
27 Upon their arrival they called the Church together and proceeded to report in detail all that God, working with them, had done, and how He had opened for the Gentiles the door of faith.
Bere a woduu Antiokia no, wohyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛnea Onyankopɔn abue kwan ama amanamanmufo agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
28 And they remained a considerable time in Antioch with the disciples.
Paulo ne Barnaba tenaa gyidifo no nkyɛn kyɛe.

< Acts 14 >