< 1 Timothy 1 >

1 Paul, an Apostle of Christ Jesus by the will of God our Saviour and Christ Jesus our hope:
Me Paulo, Yesu Kristo somafo nam Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn anidaso no hyɛ so kyerɛw,
2 To Timothy, my own true son in the faith. May grace, mercy and peace be granted to you from God the Father and Christ Jesus our Lord.
De rekɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidi mu no nkyɛn: Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no dom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe nka mo.
3 When I was on my journey to Macedonia I begged you to remain on in Ephesus that you might remonstrate with certain persons because of their erroneous teaching
Mepɛ sɛ motena Efeso sɛnea merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔma atoro nkyerɛkyerɛ a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn ma wogyae.
4 and the attention they bestow on mere fables and endless pedigrees, such as lead to controversy rather than to a true stewardship for God, which only exists where there is faith. And I make the same request now.
Momma wonnyae adomankomasɛm ne wɔn nenanom din bebrebe a wɔbobɔ no, efisɛ saa nneyɛe no de akyinnye ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛe a wɔnam gyidi nko so na wuhu no.
5 But the end sought to be secured by exhortation is the love which springs from a pure heart, a clear conscience and a sincere faith.
Saa ɔhyɛ yi botae ara ne sɛ ɛbɛkanyan ɔdɔ a efi koma pa, adwene mu fann ne gyidi pa mu.
6 From these some have drifted away, and have wandered into empty words.
Nnipa bi atwe wɔn ho afi ɔkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnye hunu.
7 They are ambitious to be teachers of the Law, although they do not understand either their own words or what the things are about which they make such confident assertions.
Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfo nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte ase. Saa ara nso na wonni gyidi wɔ nsɛm a wɔka no mu.
8 Now we know that the Law is good, if a man uses it in the way it should be used,
Yenim sɛ, sɛ wɔnam mmara kwan so de Mmara no di dwuma a eye.
9 and remembers that a law is not enacted to control a righteous man, but for the lawless and rebellious, the irreligious and sinful, the godless and profane--for those who strike their fathers or their mothers, for murderers,
Ɛsɛ sɛ yɛkae hu sɛ wɔanyɛ mmara no amma atreneefo na mmom, wɔyɛ maa mmaratofo, nnebɔneyɛfo, wɔn a wonsuro Nyame ne abɔnefo, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho ntew, wɔn a wokum wɔn agyanom ne wɔn nanom, awudifo,
10 fornicators, sodomites, slave-dealers, liars and false witnesses; and for whatever else is opposed to wholesome teaching
afideyɛfo, aguamammɔfo, nnipawiafo, atorofo a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokware nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no.
11 and is not in accordance with the Good News of the blessed God with which I have been entrusted.
Saa nokware nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a efi Onyankopɔn a ɔyɛ onuonyamfo na wɔahyira no no nkyɛn.
12 I am thankful to Him who made me strong--even Christ Jesus our Lord--because He has judged me to be faithful and has put me into His service,
Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma midi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no.
13 though I was previously a blasphemer and a persecutor and had been insolent in outrage. Yet mercy was shown me, because I had acted ignorantly, not having as yet believed;
Nanso mmere bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, ka nsɛm a ɛmfata fa ne ho. Onyankopɔn ahu me mmɔbɔ na esiane sɛ na minnye nni nti, na minnim nea mereyɛ.
14 and the grace of our Lord came to me in overflowing fulness, conferring faith on me and the love which is in Christ Jesus.
Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidi ne ɔdɔ a esiane Kristo Yesu nti abɛyɛ yɛn de no.
15 Faithful is the saying, and deserving of universal acceptance, that Christ Jesus came into the world to save sinners; among whom I stand foremost.
Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yegye to mu na yegye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛni a odi kan koraa.
16 But mercy was shown me in order that in me as the foremost of sinners Christ Jesus might display the fulness of His long-suffering patience as an example to encourage those who would afterwards be resting their faith on Him with a view to the Life of the Ages. (aiōnios g166)
Nanso esiane saa nti, wahu me mmɔbɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛni a odi kan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a enni awiei no adi akyerɛ wɔn a wobegye no adi no na wɔanya nkwa a enni awiei. (aiōnios g166)
17 Now to the immortal and invisible King of the Ages, who alone is God, be honour and glory to the Ages of the Ages! Amen. (aiōn g165)
Anuonyam ne nidi nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmeresantenhene. Ɔno na wonhu no na onwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen. (aiōn g165)
18 This is the charge which I entrust to you, my son Timothy, in accordance with the inspired instructions concerning you which were given me long ago, that being equipped with them as your armour you may be continually fighting the good fight,
Afei me ba Timoteo, mede saa dwumadi a wɔhyɛɛ ho nkɔm fi tete no hyɛ wo nsa. Wugu so reko ɔko pa no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakode,
19 holding fast to faith and a clear conscience, which some have cast aside and have made shipwreck of their faith.
na so wo gyidi mu dennen na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn tiboa, nam saayɛ so asɛe wɔn gyidi.
20 Among these are Hymenaeus and Alexander, whom I have delivered to Satan so that they may be taught not to blaspheme.
Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Satan sɛ ɔntwe wɔn aso sɛnea wɔrenka abususɛm ntia Onyankopɔn bio.

< 1 Timothy 1 >