< Psalms 21 >

1 To the chief Musician, a Psalm of David. The king shall joy in thy strength, O LORD; and in thy salvation how greatly shall he rejoice!
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Awurade, ɔhene di anigye wɔ wʼahoɔden mu. Nʼani gye mmoroso wɔ nkonimdi a woma no nti!
2 Thou hast given him his heart's desire, and hast not withheld the request of his lips. (Selah)
Woama no nea ne koma pɛ; woamfa nʼabisade ankame no.
3 For thou hast met him with the blessings of goodness: thou hast set a crown of pure gold on his head.
Wode nhyira a edi mu hyiaa no na wode sikakɔkɔɔ ankasa ahenkyɛw hyɛɛ no.
4 He asked life of thee, [and] thou gavest [it] to him, [even] length of days for ever and ever.
Obisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no, nna tenten a enni awiei.
5 His glory [is] great in thy salvation: honor and majesty hast thou laid upon him.
Nkonimdi a woma no nti, nʼanuonyam so; wode kɛseyɛ ne nidi adom no.
6 For thou hast made him most blessed for ever: thou hast made him exceeding glad with thy countenance.
Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da na woama no ahosɛpɛw wɔ wʼanim anigye mu.
7 For the king trusteth in the LORD, and through the mercy of the most High he shall not be moved.
Ɔhene no de ne ho to Awurade so; Ɔsorosoroni no nokware dɔ no nti, ɔrenhinhim.
8 Thy hand shall find out all thy enemies: thy right hand shall find out those that hate thee.
Wo nsa bɛka wʼatamfo nyinaa; wo nsa nifa beso wɔn a wokyi wo no mu.
9 Thou shalt make them as a fiery oven in the time of thy anger: the LORD shall swallow them up in his wrath, and the fire shall devour them.
Bere a wubeyi wo ho adi no wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a mu adɔ. Awurade fi nʼabufuwhyew mu bɛmene wɔn, na ne gya no ahyew wɔn.
10 Their fruit shalt thou destroy from the earth, and their seed from among the children of men.
Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so, na wɔn asefo afi adesamma mu.
11 For they intended evil against thee: they imagined a mischievous device, [which] they are not able [to perform].
Ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ pɔw tia wo na wɔyɛ nhyehyɛe bɔne, nanso wɔrenni nkonim;
12 Therefore shalt thou make them turn their back, [when] thou shalt make ready [thy arrows] upon thy strings against the face of them.
efisɛ wobɛma wɔasan wɔn akyi bere a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so no.
13 Be thou exalted, LORD, in thy own strength: [so] will we sing and praise thy power.
Yɛma wo so, Awurade, wɔ wʼahoɔden mu; yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ.

< Psalms 21 >