< Mark 9 >
1 And he said to them, Verily I say to you, that there are some of them that stand here who shall not taste death, till they have seen the kingdom of God come with power.
Yesu kɔɔ so ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mo a mogyina ha yi mu bi bɛtena ase akɔsi sɛ mobɛhunu sɛ, Onyankopɔn Ahennie no reba tumi mu!”
2 And after six days, Jesus taketh [with him] Peter, and James, and John, and leadeth them up upon a high mountain apart by themselves; and he was transfigured before them.
Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi atifi. Saa ɛberɛ no, na obiara nni hɔ ka wɔn ho. Amonom hɔ ara, Yesu sakyerae animuonyam mu.
3 And his raiment became shining, exceeding white as snow; so as no fuller on earth can whiten them.
Nʼatadeɛ hyerɛn yɛɛ fitafita sene sɛdeɛ obi bɛtumi ahoro saa atadeɛ no ama ayɛ fitaa no.
4 And there appeared to them Elijah, with Moses: and they were talking with Jesus.
Afei Elia ne Mose bɛfirii hɔ. Na wɔne Yesu kasaeɛ!
5 And Peter answered and said to Jesus, Master, it is good for us to be here: and let us make three tabernacles; one for thee, and one for Moses, and one for Elijah.
Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese mmiɛnsa wɔ ha, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako.”
6 For he knew not what to say: for they were greatly terrified.
Esiane sɛ na wɔabɔ hu no enti na ɛma ɔkaa saa.
7 And there was a cloud that overshadowed them: and a voice came out of the cloud, saying, This is my beloved Son: hear him.
Na omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi firii omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba. Montie no.”
8 And suddenly, when they had looked around, they saw no man any more, save Jesus only with themselves.
Prɛko pɛ, wɔtotoo wɔn ani no, wɔanhunu obiara ka Yesu ho.
9 And as they came down from the mountain, he charged them that they should tell no man what things they had seen, till the Son of man were risen from the dead.
Wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka deɛ wɔahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.
10 And they kept that saying with themselves, questioning one with another what the rising from the dead should mean.
Asuafoɔ no anka ankyerɛ obiara, na mmom, ɛyɛ a, na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, nʼasɛm a ɔkaa sɛ, “Mɛnyane afiri awufoɔ mu” no, na ɔkyerɛ sɛn?
11 And they asked him, saying, Why say the scribes that Elijah must first come?
Afei, nʼasuafoɔ no bisaa no deɛ enti a daa mmara no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Elia sane ba ansa na Onipa Ba no aba no.
12 And he answered and told them, Elijah verily cometh first, and restoreth all things; and how it is written concerning the Son of man, that he must suffer many things, and be set at naught.
Yesu gye too mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia di ɛkan ba bɛtoto nneɛma nyinaa yie. Ɔkaa sɛ, “Ɛnneɛ na adɛn enti na wɔatwerɛ sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane bebree na wɔapo no?
13 But I say to you, that Elijah is indeed come, and they have done to him whatever they pleased, as it is written concerning him.
Nanso me se mo sɛ, Elia aba dada! Na wɔne no anni no yie sɛdeɛ adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm no.”
14 And when he came to [his] disciples, he saw a great multitude about them, and the scribes questioning with them.
Ɛberɛ a wɔsiane bɛduruu bepɔ no ase hɔ no, wɔhunuu sɛ nnipakuo atwa asuafoɔ a wɔaka no ho ahyia, na wɔne mmara no akyerɛkyerɛfoɔ no regye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ.
15 And immediately all the people, when they beheld him, were greatly amazed, and running to [him], saluted him.
Ɛberɛ a nnipakuo no hunuu Yesu no wɔn ho dwirii wɔn, na wɔde mmirika, bɛhyiaa no.
16 And he asked the scribes, What question ye with them?
Yesu bisaa wɔn sɛ, “Akyinnyeɛ a na moregye no fa ɛdeɛn ho?”
17 And one of the multitude answered and said, Master, I have brought to thee my son, who hath a dumb spirit;
Nnipa no mu baako kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mede me ba aba ha sɛ sa no yadeɛ. Honhommɔne bi a ɛwɔ ne so enti, ɔntumi nkasa.
18 And wherever he taketh him, he teareth him; and he foameth and gnasheth with his teeth, and pineth away; and I spoke to thy disciples that they should cast him out, and they could not.
Sɛ honhommɔne no ka ne ho wɔ ne mu a, ɛtwa no hwe fam, ma nʼano twa ahuro, ma ɔtwɛre ne se, ma ɔsensene. Ɛno enti, mesrɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔntu honhommɔne no mfiri ne mu, nanso wɔantumi.”
19 He answered him, and saith, O faithless generation, how long shall I be with you, how long shall I suffer you? bring him to me.
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “O, mo a mo gyidie sua, me ne mo ntena nkɔsi da bɛn ansa na mo gyidie atim? Momfa abarimaa no mmrɛ me.”
20 And they brought him to him: and when he saw him, immediately the spirit tore him; and he fell on the ground, and wallowed, foaming.
Wɔde abarimaa no brɛɛ Yesu. Ɛberɛ a wɔde no duruu Yesu anim pɛ no, yadeɛ no baa dendeenden, twaa no hwee fam, ma ɔperee ara a nʼano retwa ahuro.
21 And he asked his father, How long is it since this came to him? and he said, From a child.
Yesu bisaa abarimaa no agya sɛ, “Nna ahe ni a yadeɛ yi baa ne so?” Abarimaa no agya buaa Yesu sɛ, “Ɛfiri ne mmɔfraase pɛɛ;
22 And often it hath cast him into the fire, and into the waters to destroy him: but if thou canst do any thing, have compassion on us, and help us.
na ɛtɔ ɛda bi koraa a, yadeɛ no tumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu, pɛ sɛ ɛkum no. Enti, sɛ wobɛtumi asa no yadeɛ deɛ a, hunu yɛn mmɔbɔ, na sa no yadeɛ ma yɛn.”
23 Jesus said to him, If thou canst believe, all things [are] possible to him that believeth.
Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka sɛ, sɛ mɛtumi a? Nneɛma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama obiara a ɔgye die.”
24 And immediately the father of the child cried out, and said with tears, Lord, I believe; help thou my unbelief.
Abarimaa no agya buaa sɛ, “Mewɔ gyidie nanso ɛsua, enti boa me, na hyɛ me gyidie mu den!”
25 When Jesus saw that the people came running together, he rebuked the foul spirit, saying to him, [Thou] dumb and deaf spirit, I charge thee, come out of him, and enter no more into him.
Yesu hunuu sɛ nnipa no dɔ ara na wɔredɔɔso no, ɔteaa honhommɔne no sɛ, “Honhommɔne sotifoɔ ne mumu, mehyɛ wo sɛ, firi abɔfra yi mu fi. Nkɔhyɛ ne mu bio!”
26 And [the spirit] cried, and rent him severely, and came out of him: and he was as one dead; so that many said, He is dead.
Afei, yadeɛ no baa dendeenden ansa na ɛrefiri ne mu, enti ɛmaa abarimaa no yɛɛ sɛ owufoɔ. Enti, nnipakuo no kasaa huhuhuhu sɛ, “Wawu.”
27 But Jesus took him by the hand, and lifted him up; and he arose.
Nanso, Yesu sɔɔ ne nsa, pagyaa no ma ɔgyinaa ne nan so a ne ho atɔ no.
28 And when he had come into the house, his disciples asked him privately, Why could not we cast him out?
Yei akyi a Yesu ne nʼasuafoɔ no nko ara wɔ efie no, wɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛn deɛ yɛantumi antu saa honhommɔne no?”
29 And he said to them, This kind can come forth by nothing, but by prayer and fasting.
Yesu buaa wɔn sɛ, “Mpaeɛbɔ nko ara na ɛbɛtumi atu saa yadeɛ yi.”
30 And they departed thence, and passed through Galilee; and he would not that any man should know [it].
Yesu firii hɔ no, ɔfaa Galilea, ɛfiri sɛ, na ɔmpɛ sɛ nnipa te ne nka.
31 For he taught his disciples, and said to them, The Son of man is delivered into the hands of men, and they will kill him; and after that he is killed, he will rise the third day.
Na ɔpɛ sɛ ɔnya berɛ ma nʼasuafoɔ no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛyi Onipa Ba no ama, na wɔakum no, na ne nnansa so, ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio.”
32 But they understood not that saying, and were afraid to ask him.
Asuafoɔ no ante asɛm a ɔkaeɛ yi ase, nanso na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no aseɛ.
33 And he came to Capernaum: and being in the house, he asked them, What was it that ye disputed among yourselves by the way?
Yesu ne nʼasuafoɔ no baa Kapernaum. Ɛberɛ a wɔduruu efie a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Yɛreba no, ɛdeɛn akyinnyeɛ na na moregye wɔ ɛkwan so no?”
34 But they held their peace: for by the way they had disputed among themselves, who [should be] the greatest.
Asuafoɔ no antumi ammua ɛfiri sɛ, na wɔredwennwene deɛ ɔbɛyɛ wɔn mu kɛseɛ no ho.
35 And he sat down, and called the twelve, and saith to them, If any man desireth to be first, [the same] shall be last of all, and servant of all.
Ɔtenaa ase, frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanin wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ abɔfra anaa ɔsomfoɔ wɔ mo mu!”
36 And he took a child, and set him in the midst of them: and when he had taken him in his arms, he said to them,
Afei, ɔde abɔfra ketewa bi bɛgyinaa wɔn mfimfini. Ɔde abɔfra no kyerɛɛ wɔn kaa sɛ,
37 Whoever shall receive one of such children in my name, receiveth me: and whoever shall receive me, receiveth not me, but him that sent me.
“Mo mu biara a me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa sɛ yei no, agye me, na deɛ ɔbɛgye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no!”
38 And John answered him, saying, Master, we saw one casting out demons in thy name, and he followeth not us; and we forbad him, because he followeth not us.
Yohane a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛhunuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne enti yɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnnyae, ɛfiri sɛ, ɔnka yɛn ho.”
39 But Jesus said, Forbid him not; for there is no man who shall do a miracle in my name, that can lightly speak evil of me.
Yesu kaa sɛ, “Monnsi no ɛkwan. Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwanwadeɛ wɔ me din mu na ɔbɛtwa ne ho atia me,
40 For he that is not against us, is on our part.
na obiara a ɔntia yɛn no wɔ yɛn afa.
41 For whoever shall give you a cup of water to drink in my name, because ye belong to Christ, verily I say to you, he shall not lose his reward.
Obiara a ɛsiane sɛ, moyɛ Kristo dea no enti, ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom no, nʼakatua remmɔ no da.
42 And whoever shall cause one of [these] little ones that believe in me, to fall into sin, it is better for him that a millstone were hanged about his neck, and he were cast into the sea.
“Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me di yi mu bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu, ato no atwene ɛpo mu.
43 And if thy hand causeth thee to fall into sin, cut it off: it is better for thee to enter life maimed, than having two hands to go into hell, into the fire that never shall be quenched: (Geenna )
Sɛ wo nsa ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode wo onipadua nyinaa bɛto amanehunu ogya (Geenna )
44 Where their worm dieth not, and the fire is not quenched.
a ɛnnum da no mu.
45 And if thy foot causeth thee to fall into sin, cut it off: it is better for thee to enter halt into life, than having two feet to be cast into hell, into the fire that never shall be quenched: (Geenna )
Na sɛ wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu sene sɛ, wode nan mmienu bɛkɔ amanehunu ogya (Geenna )
46 Where their worm dieth not, and the fire is not quenched.
a ɛnnum da no mu.”
47 And if thy eye causeth thee to fall into sin, pluck it out: it is better for thee to enter into the kingdom of God with one eye, than having two eyes, to be cast into hell-fire. (Geenna )
Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu ogya mu, (Geenna )
48 Where their worm dieth not, and the fire is not quenched.
baabi a “‘ogya no ɛnnum da, na ɛhɔ asonsono nso nwu da.’
49 For every one shall be salted with fire, and every sacrifice shall be salted with salt.
Na wɔde ogya bɛhyɛ wɔn nyinaa nkyene.
50 Salt [is] good: but if the salt hath lost its saltness, with what will ye season it? Have salt in yourselves, and have peace one with another.
“Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛho nni mfasoɔ; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti, monnyera mo dɛ! Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.”