< Mark 3 >
1 And he entered again into the synagogue; and there was a man there who had a withered hand.
Yesu baa Kapernaum no, ɔkɔɔ hyiadan mu bio. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu ɔbarima bi a ne nsa baako awu.
2 And they watched him, [to see] whether he would heal him on the sabbath; that they might accuse him.
Na saa ɛda no yɛ Homeda enti na Yesu atamfoɔ no retetɛ no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yadeɛ anaa. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yadeɛ a, wɔbɛkyere no!
3 And he saith to the man who had the withered hand, Stand forth.
Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre gyina nnipa no anim.”
4 And he saith to them, Is it lawful to do good on the sabbath, or to do evil? to save life, or to kill? but they held their peace.
Ɔdanee ne ho kyerɛɛ nʼatamfoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ sɛ obi yɛ papa Homeda? Anaasɛ ɛyɛ ɛda a wɔde yɛ bɔne? Ɛyɛ ɛda a wɔde gye nkwa anaa wɔma obi nkwa hwere no” Nanso, wɔammua no.
5 And when he had looked around on them with anger, being grieved for the hardness of their hearts, he saith to the man, Stretch forth thy hand. And he stretched [it] out: and his hand was restored whole as the other.
Ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiaeɛ. Ɛhaa no sɛ wɔnni ahummɔborɔ mma nnipa enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Tene wo nsa no mu.” Ɔtenee mu, na amonom hɔ ara, ne nsa no yɛɛ yie.
6 And the Pharisees went forth, and immediately took counsel with the Herodians against him, how they might destroy him.
Ɛhɔ ara, Farisifoɔ no kɔhyiaa Herodefoɔ no ne wɔn susuu ɛkwan a wɔbɛfa so akum Yesu no ho.
7 But Jesus withdrew himself with his disciples to the sea: and a great multitude from Galilee followed him, and from Judea.
Yesu ne nʼasuafoɔ no firii hɔ kɔɔ mpoano. Nnipadɔm fifiri Galilea, Yudea, Yerusalem,
8 And from Jerusalem, and from Idumea, and [from] beyond Jordan; and they about Tyre and Sidon, a great multitude, when they had heard what great things he did, came to him.
Idumea, Asubɔnten Yordan agya, Tiro ne Sidon fam nyinaa, tu dii Yesu akyi. Ɛfiri sɛ, na nʼanwanwadeɛ a ɔyɛ no atrɛ afanan nyinaa enti na ebinom pɛ sɛ wɔbɛhwɛ no.
9 And he spoke to his disciples, that a small boat should wait on him, because of the multitude, lest they should throng him.
Ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔmpɛ kodoɔ bi nsi nkyɛn baabi, na sɛ nnipadɔm no kyere ne so wɔ mpoano hɔ a, watena mu akɔ.
10 For he had healed many; so that they pressed upon him to touch him, as many as had diseases.
Ɛda no, na wasa nyarewa bebree. Nanso, na ayarefoɔ no ba ara na wɔreba a wɔpɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka nʼatadeɛ.
11 And unclean spirits, when they saw him, fell down before him, and cried, saying, Thou art the Son of God.
Ɛberɛ biara a wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no bi bɛhunu no no, wɔtwa hwe fam, woso biribiri, ka sɛ, “Woyɛ Onyankopɔn Ba.”
12 And he strictly charged them, that they should not make him known.
Nanso, ɔbɔɔ wɔn ano sɛ, wɔnnkyerɛ onipa ko a ɔyɛ.
13 And he goeth up upon a mountain, and calleth [to him] whom he would: and they came to him.
Akyire yi, ɔkɔɔ bepɔ so frɛɛ wɔn a wayi wɔn no baa ne nkyɛn.
14 And he ordained twelve, that they should be with him, and that he might send them forth to preach,
Ɔyii wɔn mu dumienu a daa wɔne no bɛnante, na wɔakɔka asɛmpa no,
15 And to have power to heal sicknesses, and to cast out demons.
na wɔatu ahonhommɔne nso.
16 And Simon he surnamed Peter.
Dumienu a ɔyii wɔn no din nie: Simon a ɔtoo no din foforɔ Petro.
17 And James the [son] of Zebedee, and John the brother of James, (and he surnamed them Boanerges, which is, Sons of thunder, )
Sebedeo mma Yakobo ne Yohane nso, ɔfrɛɛ wɔn Boanerges a, aseɛ ne aprannaa mma.
18 And Andrew, and Philip, and Bartholomew, and Matthew, and Thomas, and James the [son] of Alpheus, and Thaddeus, and Simon the Canaanite,
Wɔn a wɔka ho nso nie: Andrea, Filipo, Bartolomeo, Mateo, Toma, Alfeo ba Yakobo, Tadeo, ne Simon ɔmanyɛfoɔ,
19 And Judas Iscariot, who also betrayed him: and they went into a house.
ɛnna Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no.
20 And the multitude cometh together again, so that they could not so much as eat bread.
Ɔsane baa efie a ɔte mu no mu no, nnipakuo bi sane baa ne so bio. Ankyɛre koraa na ɛhɔ nyinaa yɛɛ ma a ɔnnya ɛkwan koraa nnidi.
21 And when his friends heard [of it], they went out to lay hold on him: for they said, He is beside himself.
Ne fiefoɔ tee asɛm a aba no, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔfa no akɔ wɔn efie ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ, “Ne tiri mu ka no.”
22 And the scribes who came down from Jerusalem, said, He hath Beelzebub, and by the prince of the demons he casteth out demons.
Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no kaa sɛ, “Beelsebul a ɔyɛ ahonhommɔne panin no afa no, na ɔnam saa tumi no so na ɔtu ahonhommɔne no.”
23 And he called them [to him], and said to them in parables, How can Satan cast out Satan?
Yesu frɛɛ wɔn kasa kyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔbonsam bɛtumi atu Ɔbonsam?
24 And if a kingdom be divided against itself, that kingdom cannot stand.
Ahennie biara a ɛne ne ho di asie no bɛgu.
25 And if a house be divided against itself, that house cannot stand.
Saa ara na efie biara a ɛne ne ho di asie no nnyina ara ne no.
26 And if Satan rise up against himself, and be divided, he cannot stand, but hath an end.
Na sɛ Ɔbonsam twa ne ho ne ne ho di asie a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi adi nkonim? Ɔbɛdi nkoguo.
27 No man can enter into a strong man's house, and seize his goods, except he will first bind the strong man; and then he will plunder his house.
Obiara ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ efie nkɔfa ne nneɛma kwa, agye sɛ, onii no di ɛkan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no, ansa na watumi afa ne nneɛma.
28 Verily I say to you, All sins shall be forgiven to the sons of men, and any blasphemies with which they shall blaspheme:
Mereka akyerɛ mo sɛ, bɔne a onipa ayɛ biara no, wɔtumi de kyɛ no, na mpo obi ka abususɛm tia me a, wɔtumi de kyɛ no;
29 But he that shall blaspheme against the Holy Spirit never hath forgiveness, but is in danger of eternal damnation: (aiōn , aiōnios )
nanso deɛ ɔka abususɛm tia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da. Ɛyɛ bɔne a ɛrempepa da.” (aiōn , aiōnios )
30 Because they said, He hath an unclean spirit.
Ɔkaa saa asɛm yi ɛfiri sɛ, na wɔka sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne.”
31 There came then his brethren and his mother, and standing without, they sent to him, calling him.
Ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, ne maame ne ne nuanom bɛgyinaa nnipadɔm no mu baabi somaa obi sɛ, ɔnkɔfrɛ no mmra, na wɔne no nkasa.
32 And the multitude sat about him, and they said to him, Behold, thy mother, and thy brethren without seek for thee.
Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no atwa ne ho ahyia. Nnipa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Wo maame ne wo nuanom gyina afikyire hɔ pɛ sɛ wɔne wo kasa.”
33 And he answered them, saying, Who is my mother, or my brethren?
Yesu bisaa wɔn sɛ, “Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?”
34 And he looked around on them who sat about him, and said, Behold, my mother and my brethren!
Ɔhwɛɛ nnipadɔm no hyiaeɛ kaa sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom!
35 For whoever shall do the will of God, the same is my brother, and my sister, and mother.
Obiara a ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ no, ɔno ne me nuabarima ne me nuabaa ne me maame.”