< Job 35 >

1 Elihu spoke moreover, and said,
Afei, Elihu kae se:
2 Thinkest thou this to be right, [that] thou saidst, My righteousness [is] more than God's?
“Wugye di sɛ, eyi fata? Woka se, ‘Onyankopɔn betwitwa agye me.’
3 For thou saidst, What advantage will it be to thee? [and], What profit shall I have, [if I be cleansed] from my sin?
Nanso wubisa no se, ‘Mfaso bɛn na menya, na sɛ manyɛ bɔne a, mfaso bɛn na menya?’
4 I will answer thee, and thy companions with thee.
“Mepɛ sɛ mibua wo ne wo nnamfonom nyinaa.
5 Look to the heavens, and see; and behold the clouds [which] are higher than thou.
Ma wʼani so kyerɛ soro na hwɛ; hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi sorosoro nohɔ.
6 If thou sinnest, what doest thou against him? or [if] thy transgressions are multiplied, what doest thou to him?
Sɛ woyɛ bɔne a, ɔkwan bɛn so na ɛfa haw no? Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuanso bɛn na enya wɔ ne so?
7 If thou art righteous, what givest thou to him? or what receiveth he from thy hand?
Sɛ woteɛ a, dɛn na wode ma no anaasɛ dɛn na onya fi wo nsam?
8 Thy wickedness [may hurt] a man as thou [art]: and thy righteousness [may profit] the son of man.
Wʼamumɔyɛ ka onipa a ɔte sɛ wo na wo trenee ka nnipa mma nko ara.
9 By reason of the multitude of oppressions they make [the oppressed] to cry: they cry out by reason of the arm of the mighty.
“Nnipa su bere a wɔhyɛ wɔn so; na wɔsrɛ mmoa fi nea ɔwɔ tumi nsam.
10 But none saith, Where [is] God my maker, who giveth songs in the night;
Nanso obi mmisa se, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfo no wɔ, nea ɔma nnwom anadwo no,
11 Who teacheth us more than the beasts of the earth, and maketh us wiser than the fowls of heaven?
nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sen asase so mmoa na ɔma yehu nyansa sen wim nnomaa no?’
12 There they cry, but none giveth answer, because of the pride of evil men.
Sɛ nnipa su teɛ mu a, ommua, amumɔyɛfo ahantan nti.
13 Surely God will not hear vanity, neither will the Almighty regard it.
Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no; na Otumfo remmu.
14 Although thou sayest thou shalt not see him, [yet] judgment [is] before him; therefore trust thou in him.
Ɛno de adɛn na ɔrentie bere a woka se wunhu no, na woka se wʼasɛm wɔ nʼanim enti ɛsɛ sɛ wotwɛn no,
15 But now, because [it is] not [so], he hath visited in his anger; yet he knoweth [it] not in great extremity:
na bio, nʼabufuw mmfa asotwe mma na nʼani nni amumɔyɛsɛm akyi pii?
16 Therefore doth Job open his mouth in vain; he multiplieth words without knowledge.
Enti Hiob bue nʼano ka nsɛnhunu; nimdeɛ a onni nti, ɔkeka nsɛm bebree.”

< Job 35 >