< Isaiah 10 >

1 Woe to them that decree unrighteous decrees, and that write grievousness [which] they have prescribed;
Wonnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmfa ne kwan mu, wɔn a wɔhyɛ mmara dennen a ɛde nhyɛso ba,
2 To turn aside the needy from judgment, and to take away the right from the poor of my people, that widows may be their prey, and [that] they may rob the fatherless!
de siw ahiafo ahofadi ho kwan, de atɛntrenee bɔ me nkurɔfo a wɔhyɛ wɔn so no atirimɔden. Wɔma akunafo yɛ amanehunufo na wɔbɔ ayisaa korɔn.
3 And what will ye do in the day of visitation, and in the desolation [which] shall come from far? to whom will ye flee for help? and where will ye leave your glory?
Dɛn na mobɛyɛ wɔ akontaabu da no, bere a amanehunu fi akyirikyiri reba? Hena nkyɛn na mubeguan akɔpɛ mmoa? Ɛhefa na mubegyaw mo ahode?
4 Without me they shall bow down under the prisoners, and they shall fall under the slain. For all this his anger is not turned away, but his hand [is] stretched out still.
Ɛrenka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafo mu anaasɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfo mu. Nanso eyinom nyinaa akyi no ne bo nnwoo ɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
5 O Assyrian, the rod of my anger, and the staff in their hand is my indignation.
“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuw abaa, nea okura mʼabufuwhyew pema no!
6 I will send him against a hypocritical nation, and against the people of my wrath will I give him a charge, to take the spoil, and to take the prey, and to tread them down like the mire of the streets.
Mesoma no akɔ ɔman a wonnim Onyankopɔn so migya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuw so sɛ wonkogye akorɔnne abran so na wonhuam afowde, na wontiatia wɔn so sɛ dɔte wɔ mmɔnten so.
7 Howbeit he meaneth not so, neither doth his heart think so; but [it is] in his heart to destroy and cut off nations not a few.
Nanso ɛnyɛ eyi ne nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɛnyɛ eyi ne nea ɛwɔ nʼadwene mu; ne botae ne sɛ ɔbɛsɛe, sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awiei.
8 For he saith, [Are] not my princes altogether kings?
Na obisa se, ‘Ahemfo nyinaa nyɛ mʼasahene ana?
9 [Is] not Calno as Carchemish? [is] not Hamath as Arpad? [is] not Samaria as Damascus?
Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis ana? Hamat nte sɛ Arpad na Samaria nte sɛ Damasko ana?
10 As my hand hath found the kingdoms of the idols, and whose graven images excelled them of Jerusalem and of Samaria;
Sɛnea migyee ahoni ahenni ahorow abran so, ahenni a wɔn nsɛsode sen nea ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no.
11 Shall I not, as I have done to Samaria and her idols, so do to Jerusalem and her idols?
Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsode nni, sɛnea me ne Samaria ne nʼahoni dii no?’”
12 Wherefore it shall come to pass, [that] when the LORD hath performed his whole work upon mount Zion and on Jerusalem, I will punish the fruit of the stout heart of the king of Assyria, and the glory of his high looks.
Sɛ Awurade wie nʼadwuma a etia Bepɔw Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka se, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ ne komapirim ne nʼani a ɛnsɔ ade no ho.
13 For he saith, By the strength of my hand I have done [it], and by my wisdom; for I am prudent: and I have removed the bounds of the people, and have robbed their treasures, and I have put down the inhabitants like a valiant [man]:
Efisɛ ɔka se, “‘Mede mʼahoɔden na ayɛ eyi, na mifi me nyansa mu, efisɛ mewɔ nimdeɛ. Mesɛee aman aman ahye, mefow wɔn ademude; mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbran.
14 And my hand hath found as a nest the riches of the people: and as one gathereth eggs [that are] left, have I gathered all the earth; and there was none that moved the wing, or opened the mouth, or peeped.
Sɛnea obi teɛ ne nsa hyɛ berebuw mu no, saa ara nso na mɛteɛ me nsa wɔ amanaman no ahonyade so; sɛnea wɔtase nkesua a wɔagyaw hɔ no, saa ara na mɛboaboa amanaman no nyinaa ano; obiara ammɔ ne ntaban mu, na wammue nʼano ansu.’”
15 Shall the ax boast itself against him that heweth with it? [or] shall the saw magnify itself against him that moveth it? as if the rod should shake [itself] against them that lift it, [or] as if the staff should lift [itself], [as if it were] no wood.
Abonnua ma ne ho so tra nea ɔtow, anaasɛ ɔwan hoahoa ne ho kyɛn nea ɔde no yɛ adwuma ana? Ayɛ te sɛnea abaa tumi dannan nea ɔmaa no so, anaasɛ poribaa tumi hinhim nea ɔnyɛ dua!
16 Therefore will the LORD, the LORD of hosts, send among his fat ones leanness; and under his glory he will kindle a burning like the burning of a fire.
Afei Awurade, Asafo Awurade, de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofo ahoɔdenfo no; ne kɛseyɛ mu wobefita ogya mu ama adɛw te sɛ gyaframa.
17 And the light of Israel shall be for a fire, and his Holy One for a flame: and it shall burn and devour his thorns and his briers in one day;
Israel Hann no bɛdan ogya. Wɔn Kronkronni no bɛyɛ ogya a ɛdɛw; ɔde da koro bɛhyew na wasɛe ne nsɔe ne nnɛnkyɛnse.
18 And shall consume the glory of his forest, and of his fruitful field, both soul and body: and they shall be as when a standard-bearer fainteth.
Ne kwae ne nʼasasebere anuonyam no, ɛbɛsɛe pasapasa te sɛ ɔyarefo a ɔrefɔn.
19 And the rest of the trees of his forest shall be few, that a child may write them.
Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwae mu bɛyɛ kakraa bi a abofra betumi akyerɛ ne dodow.
20 And it shall come to pass in that day, [that] the remnant of Israel, and such as have escaped of the house of Jacob, shall no more again lean upon him that smote them; but shall lean upon the LORD, the Holy One of Israel, in truth.
Da no, Israel nkae, Yakob fifo a wɔbɛka no, remfa wɔn ho nto no so bio nea ɔbɔɔ wɔn hwee fam no; na mmom wɔde wɔn ho bɛto Awurade so nokware mu, Israel Kronkronni no.
21 The remnant shall return, [even] the remnant of Jacob, to the mighty God.
Nkae bi bɛsan aba, Yakob nkae bi bɛsan aba Otumfo Onyankopɔn no nkyɛn.
22 For though thy people Israel be as the sand of the sea, [yet] a remnant of them shall return: the consumption decreed shall overflow with righteousness.
Israel, ɛwɔ mu sɛ wo nkurɔfo dɔɔso sɛ mpoano nwea de, nanso nkae bi pɛ na wɔbɛsan. Wɔahyɛ ɔsɛe ho mmara dennen a ebebunkam so na ɛteɛ.
23 For the Lord GOD of hosts will make a consumption, even determined, in the midst of all the land.
Awurade, Asafo Awurade de ɔsɛe a wɔahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa.
24 Therefore thus saith the Lord GOD of hosts, O my people that dwellest in Zion, be not afraid of the Assyrian: he shall smite thee with a rod, and shall lift up his staff against thee, after the manner of Egypt.
Enti sɛɛ na Awurade, Asafo Awurade se, “Me nkurɔfo a mote Sion, munnsuro Asiriafo no, wɔn a wɔde mmaa hwe mo na wɔma kontibaa so tia mo, sɛnea Misraim yɛe no.
25 For yet a very little while, and the indignation shall cease, and my anger in their destruction.
Ɛrenkyɛ koraa mʼabufuw a etia mo no ano bedwo na mʼanibere bɛkɔ wɔn sɛe so.”
26 And the LORD of hosts will raise up a scourge for him according to the slaughter of Midian at the rock of Oreb: and [as] his rod [was] upon the sea, so shall he lift it up after the manner of Egypt.
Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn, sɛnea ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no; na ɔbɛteɛ ne pema wɔ nsu no so, sɛnea ɔyɛɛ wɔ Misraim no.
27 And it shall come to pass in that day, [that] his burden shall be taken away from off thy shoulder, and his yoke from off thy neck, and the yoke shall be destroyed because of the anointing.
Da no wobeyi wɔn adesoa no afi wɔn mmati so wɔn konnua afi wo kɔn mu; wobubu konnua no efisɛ woayɛ ɔbran yiye.
28 He is come to Aiath, he is passed to Migron; at Michmash he hath laid up his furniture.
Wɔhyɛn Ayat; wɔfa Migron; na wɔkora wɔn nneɛma wɔ Mikmas.
29 They have gone over the passage: they have taken up their lodging at Geba; Ramah is afraid; Gibeah of Saul hath fled.
Wɔfaa ɔtempɔn no so, na wɔka se, “Yɛbɛwɛn wɔ Geba anadwo yi.” Rama ho popo; Saulo kurow Gibea nso guan.
30 Lift up thy voice, O daughter of Gallim: cause it to be heard to Laish, O poor Anathoth.
Teɛ mu, Galim Babea! Tie, Laisa! Anatot Mmɔborɔni!
31 Madmenah is removed; the inhabitants of Gebim gather themselves to flee.
Madmena reguan; Gebimfo kɔtetɛw.
32 As yet shall he remain at Nob that day: he shall shake his hand [against] the mount of the daughter of Zion, the hill of Jerusalem.
Nnɛ ara wobegyina wɔ Nob; wobehim wɔn nsa wɔ Ɔbabea Sion bepɔw no so, wɔ Yerusalem koko no so.
33 Behold, the LORD, the LORD of hosts will lop the bough with terror: and the high ones of stature [shall be] hewn down, and the haughty shall be humbled.
Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no, ɔde tumi kɛse betwitwa dua mman no. Wobebubu nnua atenten no agu fam nea ɛwowaree no bɛba fam.
34 And he shall cut down the thickets of the forests with iron, and Lebanon shall fall by a mighty one.
Ɔde abonnua betwitwa kwaedɔtɔ agu fam Lebanon bɛhwe ase wɔ Ɔkɛse no anim.

< Isaiah 10 >