< Exodus 14 >
1 And the LORD spoke to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 Speak to the children of Israel, that they turn and encamp before Pi-hahiroth, between Migdol and the sea, over against Baal-zephon: before it shall ye encamp by the sea.
“Ka kyerɛ nnipa no na wɔmman mfa Pihahirot a ɛwɔ Migdol ne po no ntam a ɛne Baal-Sefon di nhwɛanim no. Sɛ wodu hɔ a, wonsi wɔn ntamadan wɔ mpoano hɔ.
3 For Pharaoh will say of the children of Israel, They [are] entangled in the land, the wilderness hath shut them in.
Sɛ wɔyɛ saa a, Farao besusuw sɛ, ‘Saa Israelfo no aka sare no ne po no ntam.’
4 And I will harden Pharaoh's heart, that he shall follow them; and I will be honored upon Pharaoh, and upon all his host; that the Egyptians may know that I [am] the LORD. And they did so.
Na mɛsan apirim Farao koma bio ama wataa mo. Mayɛ saa nhyehyɛe yi, sɛnea ɛbɛma manya anuonyam ne nidi wɔ Farao ne nʼasraafo mu na ama Misraimfo no nso ahu sɛ, mene Awurade no.” Enti wosii ntamadan wɔ faako a wɔkyerɛɛ wɔn hɔ no.
5 And it was told to the king of Egypt that the people fled: and the heart of Pharaoh and of his servants was turned against the people, and they said, Why have we done this, that we have let Israel go from serving us?
Nnansa akyi a Misraimhene no tee sɛ Israelfo no abɔ wɔn tirim sɛ wɔrensan mma Misraim bio na mmom kɔ ara na wɔrekɔ no, Farao ne ne dɔm koma sɔree bio. Wobisae se, “Dɛn na yɛayɛ yi? Yɛama Israelfo no kwan ma wɔkɔ ama yɛahwere wɔn som!”
6 And he made ready his chariot, and took his people with him:
Enti Farao faa ne teaseɛnam dii nʼasraafo no anim taa wɔn.
7 And he took six hundred chosen chariots, and all the chariots of Egypt, and captains over every one of them.
Ɔmaa Misraim apɔnkɔsotefo dɔm a wɔn dodow yɛ ahansia ne apɔnkɔ foforo bi a asraafo tete wɔn so ka wɔn.
8 And the LORD hardened the heart of Pharaoh king of Egypt, and he pursued the children of Israel: and the children of Israel went out with a high hand.
Farao taa Israelfo no, efisɛ na wɔde Misraimfo agyapade bebree kɔ.
9 But the Egyptians pursued them (all the horses [and] chariots of Pharaoh, and his horsemen, and his army) and overtook them encamping by the sea, beside Pi-hahiroth, before Baal-zephon.
Farao de nʼapɔnkɔdɔm nyinaa taa Israelfo no bɛtoo wɔn sɛ wɔasisi wɔn ntamadan wɔ Pihahirot mpoano wɔ Baal-Sefon anim.
10 And when Pharaoh drew nigh, the children of Israel lifted up their eyes, and behold, the Egyptians marched after them; and they were greatly afraid; and the children of Israel cried to the LORD.
Bere a Farao asraafo no rebɛn no, Israelfo no huu wɔn sɛ wɔde mmirika reba enti wɔn koma tui, na wosu frɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn.
11 And they said to Moses, Because [there were] no graves in Egypt, hast thou taken us away to die in the wilderness? Why hast thou dealt thus with us, to conduct us out of Egypt?
Ɛmaa wɔn ani beree Mose so bisaa no se, “Wode yɛn aba sare yi so sɛ yemmewuwu wɔ ha, efisɛ nna nni Misraim a sɛ yewuwu a wobesie yɛn wɔ mu ana? Adɛn nti na woma yetu fii Misraim?
12 [Is] not this the word that we told thee in Egypt, Saying, Let us alone, that we may serve the Egyptians? For [it had been] better for us to serve the Egyptians, than that we should die in the wilderness.
Bere a yɛwɔ nkoasom mu no, yɛanka ankyerɛ wo se ma yɛmpɛ yɛn baabi ntena? Yɛkae se yɛpɛ sɛ yɛbɛhyɛ nkoasom ase wɔ Misraim sen sɛ yebewu agu sare so ha.”
13 And Moses said to the people, Fear ye not, stand still, and see the salvation of the LORD, which he will show to you to-day: for the Egyptians whom ye have seen to-day, ye shall see them again no more for ever.
Nanso Mose ka kyerɛɛ nnipa no se, “Munnsuro. Munnyina pintinn na mubehu anwonwakwan a Awurade nam so begye mo nnɛ. Misraimfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio.
14 The LORD will fight for you, and ye shall hold your peace.
Awurade bɛko ama mo; montɛm dinn kɛkɛ!”
15 And the LORD said to Moses, Why criest thou to me? Speak to the children of Israel, that they go forward:
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Adɛn nti na wusu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfo no na wɔnkɔ wɔn anim.
16 But lift thou thy rod, and stretch out thy hand over the sea, and divide it; and the children of Israel shall go on dry [ground] through the midst of the sea.
Fa wo pema no. Fa kyerɛ nsu no so na po no mu bɛpae ama ɔkwan ada mu ma Israelfo no afa asase wosee so.
17 And I, behold I, will harden the hearts of the Egyptians, and they shall follow them: and I will get me honor upon Pharaoh, and upon all his host, upon his chariots and upon his horsemen.
Mepirim Misraimfo no koma ama wɔataa mo na di a medi Farao ne ne dɔm so no bɛma moahu mʼanuonyam.
18 And the Egyptians shall know that I [am] the LORD, when I have gotten me honor upon Pharaoh, upon his chariots, and upon his horsemen.
Na Misraimfo nyinaa behu sɛ, mene Awurade.”
19 And the angel of God, who went before the camp of Israel, removed, and went behind them; and the pillar of the cloud went from before their face, and stood behind them:
Onyankopɔn bɔfo a odi Israelfo anim no twee ne ho bedii Israelfo no akyi. Na omununkum dum no nso bedii Israelfo no akyi.
20 And it came between the camp of the Egyptians and the camp of Israel; and it was a cloud and darkness [to them], but it gave light by night [to these]: so that the one came not near the other all the night.
Ebetwaa Israelfo no ne Misraimfo no ntam. Na anadwo no, ɛdan ogya maa sum tɔɔ Misraimfo no so maa ne hann no kyerɛɛ Israelfo no kwan. Enti Misraimfo no anhu Israelfo no akyi kwan.
21 And Moses stretched out his hand over the sea, and the LORD caused the sea to go [back] by a strong east wind all that night, and made the sea dry [land], and the waters were divided.
Mose teɛɛ ne nsa wɔ po no so, na anadwo no nyinaa Awurade de apuei mframa dennen maa po no san nʼakyi maa asase no yɛɛ wosee.
22 And the children of Israel went into the midst of the sea upon the dry [ground]: and the waters [were] a wall to them on their right hand, and on their left.
Enti Israelfo no faa po kwan a mu wosee no so. Na nsu no yɛɛ afasu wɔ benkum ne nifa maa wɔn.
23 And the Egyptians pursued, and went in after them to the midst of the sea, [even] all Pharaoh's horses, his chariots, and his horsemen.
Misraimfo no nso ne Farao apɔnkɔ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no tiw wɔn koduu po no mfimfini.
24 And it came to pass, that, in the morning-watch, the LORD looked to the host of the Egyptians through the pillar of fire, and of the cloud, and troubled the host of the Egyptians,
Na anɔpahema no, Awurade de ogya ne omununkum dum no too Misraimdɔm no so maa wɔn ho yeraw wɔn.
25 And took off their chariot-wheels, and made them to move heavily, so that the Egyptians said, Let us flee from the face of Israel; for the LORD fighteth for them against the Egyptians.
Wɔn nteaseɛnam no nan tutui, enti na wontumi nkɔ bio. Enti Misraimfo no kae se, “Momma yenguan mfi Israelfo anim, efisɛ Awurade reko ama wɔn na yɛn de, ɔreko atia yɛn.”
26 And the LORD said to Moses, Stretch out thy hand over the sea, that the waters may come again upon the Egyptians, upon their chariots, and upon their horsemen.
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa wɔ po no so, na nsu no nsan mmra Misraimfo ne wɔn nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no so.”
27 And Moses stretched forth his hand over the sea, and the sea returned to its strength when the morning appeared; and the Egyptians fled against it; and the LORD overthrew the Egyptians in the midst of the sea.
Mose yɛɛ saa, na ade kyee anɔpa no, po no san nʼakyi bɛsen sɛnea na ɛte. Misraimfo no pɛɛ sɛ woguan, nanso Awurade maa nsu no faa wɔn.
28 And the waters returned, and covered the chariots, and the horsemen, [and] all the host of Pharaoh that came into the sea after them; there remained not so much as one of them.
Nsu no kataa kwan no ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no nyinaa so. Farao asraafo dodow a wɔfaa po no mu taa Israelfo no nso, anka ɔbaako koraa.
29 But the children of Israel walked upon dry [land] in the midst of the sea; and the waters [were] a wall to them on their right hand, and on their left.
Israelfo no nantew faa asase wosee a nsu yɛ ɔfasu wɔ benkum ne nifa no so.
30 Thus the LORD saved Israel that day from the hand of the Egyptians: and Israel saw the Egyptians dead upon the sea-shore.
Saa da no Awurade gyee Israelfo fii Misraimfo nsam. Na Israelfo no huu Misraimfo no sɛ wɔawuwu deda mpoano.
31 And Israel saw that great work which the LORD did upon the Egyptians: and the people feared the LORD, and believed the LORD, and his servant Moses.
Bere a Israelfo huu tumi a Awurade ada no adi de atia Misraimfo no, wosuroo Awurade, na wogyee Awurade ne nʼakoa Mose dii.