< Deuteronomy 20 >
1 When thou goest out to battle against thy enemies, and seest horses, and chariots, [and] a people more than thou, be not afraid of them: for the LORD thy God [is] with thee, who brought thee out of the land of Egypt.
Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfo na muhu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne asraafo a wɔdɔɔso sen mo a, munnsuro wɔn, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, a oyii mo fii Misraim no bɛka mo ho.
2 And it shall be when ye are come nigh to the battle, that the priest shall approach and speak to the people,
Sɛ morebɛkɔ ɔko a, ɔsɔfo no bɛba abɛkasa akyerɛ asraafo no.
3 And shall say to them, Hear, O Israel, ye approach this day to battle against your enemies: let not your hearts faint, fear not, and do not tremble, neither be ye terrified because of them;
Ɔbɛka se, “Muntie me, mo Israel mmarima! Nnɛ, morekɔ ɔsa atia mo atamfo. Mommma mo koma ntutu! Mommma mo aba mu mmu na momma mo ho mpopo.
4 For the LORD your God [is] he that goeth with you, to fight for you against your enemies, to save you.
Na Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɔne mo rekɔ. Ɔbɛko atia mo atamfo no ama moadi nkonim.”
5 And the officers shall speak to the people, saying, What man [is there] that hath built a new house, and hath not dedicated it? let him go and return to his house, lest he should die in the battle, and another man should dedicate it.
Asraafo mpanyimfo no bebisa asraafo no se, “Mo mu bi asi ɔdan foforo a ɔntenaa mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔtena mu.
6 And what man [is he] that hath planted a vineyard, and hath not [yet] eaten of it? let him [also] go and return to his house, lest he should die in the battle, and another man should eat of it.
Obi wɔ ha a wadɔw bobeturo na onnidii mu da? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akodidi mu.
7 And what man [is there] that hath betrothed a wife, and hath not taken her? let him go and return to his house, lest he should die in battle, and another man should take her.
Obi wɔ ha a ɔne ɔbea bi akasa nanso ɔwaree no ana? Onii no nsan nkɔ fie! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔware no.”
8 And the officers shall speak further to the people, and they shall say, What man [is there that is] fearful and faint-hearted? let him go and return to his house, lest his brethren's heart should faint as well as his heart.
Afei, mpanyimfo no bɛkɔ so abisa se, “So mo mu bi suro anaa ne koma atu ana? Ɛno de, ɔnkɔ fie sɛnea ɛbɛyɛ a, ne nuabarimanom nso koma rentu.”
9 And it shall be, when the officers have made an end of speaking to the people, that they shall make captains of the armies to lead the people.
Sɛ mpanyimfo no wie asraafo no kasakyerɛ a, afei wɔbɛpaw asahene adeda wɔn ano.
10 When thou comest nigh to a city to fight against it, then proclaim peace to it.
Sɛ mudu kurow bi mu a mo ne wɔn nni kan nka asomdwoesɛm.
11 And it shall be, if it shall make thee answer of peace, and open to thee, then it shall be, [that] all the people [that are] found therein, shall be tributaries to thee, and they shall serve thee.
Sɛ wɔpene mo nhyehyɛe so na wobue wɔn apon ma mo a, mobɛhyɛ nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa ama wɔayɛ adwumaden ama mo.
12 And if it will make no peace with thee, but will make war against thee, then thou shalt besiege it:
Na sɛ wɔampene asomdwoe nhyehyɛe no so na sɛ wose wɔne mo bɛko a, ɛno de, montow nhyɛ kurow no so.
13 And when the LORD thy God hath delivered it into thy hands, thou shalt smite every male of it with the edge of the sword:
Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, dan kurow no hyɛ mo nsa a, munkum kurow no mu mmarima nyinaa.
14 But the women, and the little ones, and the cattle, and all that is in the city, [even] all the spoil of it, shalt thou take to thyself: and thou shalt eat the spoil of thy enemies, which the LORD thy God hath given thee.
Ɛyɛ a momfa kurow no mu mmea, mmofra, nyɛmmoa ne asade a aka nyinaa sɛ agyapade. Mubetumi de mo atamfo no asade a Awurade, mo Nyankopɔn no, de bɛma mo no ayɛ mo ade.
15 Thus shalt thou do to all the cities [which are] very distant from thee, which [are] not of the cities of these nations.
Eyi ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mode nkuropɔn a ɛwɔ akyiri na wɔnyɛ aman a ɛbemmɛn no fa so.
16 But of the cities of these people which the LORD thy God doth give thee [for] an inheritance, thou shalt save alive nothing that breatheth:
Na amanaman nkuropɔn a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no de, monsɛe biribiara a nkwa wɔ mu wɔ hɔ.
17 But thou shalt utterly destroy them, [namely], the Hittites, and the Amorites, the Canaanites, and the Perizzites, the Hivites, and the Jebusites, as the LORD thy God hath commanded thee:
Monsɛe Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no pasaa sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛ mo no.
18 That they may not teach you to do after all their abominations which they have done to their gods; so would ye sin against the LORD your God.
Sɛ ɛba saa a, ɛremma nnipa a wɔte asase no so no nkyerɛ mo akyiwade a wɔyɛ wɔ wɔn abosonsom ho amma mo anyɛ bɔne antia Awurade, mo Nyankopɔn no.
19 When thou shalt besiege a city a long time in making war against it to take it, thou shalt not destroy the trees of it by forcing an ax against them; for thou mayest eat of them: and thou shalt not cut them down (for the tree of the field [is] man's [life] ) to employ [them] in the siege:
Sɛ motua kuropɔn bi ano kyɛ, a moreko afa kurow no a, mommfa abonnua ntwitwa mu nnua nsɛe no. Efisɛ mubetumi adi nʼaba. Munntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfo a ɛsɛ sɛ motow hyɛ so!
20 Only the trees which thou knowest that they [are] not trees for food, thou shalt destroy and cut them down; and thou shalt build bulwarks against the city that maketh war with thee, until it shall be subdued.
Nanso mutumi twa nnua a munim sɛ ɛnyɛ aduan; na momfa nyɛ ade a ɛho behia mo sɛ mode bɛboa atua kurow a mo ne wɔn reko no ano akosi sɛ mubedi so.