< Acts 28 >

1 And when they had escaped, then they knew that the isle was called Melita.
Yɛduruu mpoano hɔ no, ankyɛre na yɛhunuu sɛ yɛwɔ supɔ Malta so.
2 And the barbarous people showed us no little kindness: for they kindled a fire, and received us every one, because of the present rain, and because of the cold.
Supɔ no sofoɔ no gyee yɛn fɛ so. Esiane sɛ na osuo atɔ ama awɔ aba enti, wɔsɔɔ ogya ma yɛtoeɛ.
3 And when Paul had gathered a bundle of sticks, and laid [them] on the fire, there came a viper out of the heat, and fastened on his hand.
Paulo bubuu mmabaa sɛ ɔde regu ogya no mu. Ɔde regu mu no, ɔwɔ bi a ogya no hyeɛ aka no no, bebaree ne nsa ho.
4 And when the barbarians saw the animal hang on his hand, they said among themselves, No doubt this man is a murderer, whom, though he hath escaped the sea, yet vengeance suffereth not to live.
Supɔ no sofoɔ no hunuu ɔwɔ no sɛ ɔbebare ne nsa ho no, wɔkaa sɛ, “Saa onipa yi yɛ owudifoɔ a wanya ne ti adidi mu wɔ ɛpo akwanhyia mu, nanso ɛnam ne bɔne enti, owuo ara na ɛtwa sɛ ɔwu.”
5 And he shook off the animal into the fire, and felt no harm.
Paulo petee ɔwɔ no too ogya no mu a hwee anyɛ no.
6 Yet they looked when he would have swelled, or fallen down dead suddenly: but after they had looked a great while, and saw no harm come to him, they changed their minds, and said that he was a god.
Na nkurɔfoɔ no nyinaa susuu sɛ Paulo bɛhonhono anaasɛ ɔbɛtwa ahwe awu. Nanso, wɔtwɛnee ara a biribiara anyɛ no no, wɔsakyeraa wɔn adwene kaa sɛ, “Ɔyɛ onyame bi.”
7 In the same quarters were possessions of the chief man of the isle, whose name was Publius; who received us, and lodged us three days courteously.
Na ɔpanin a ɔhwɛ supɔ no so a wɔfrɛ no Publio no fie bɛn mpoano hɔ; ɔgyee yɛn fɛw so, somm yɛn hɔhoɔ nnansa.
8 And it came to pass that the father of Publius lay sick with a fever, and a bloody-flux: to whom Paul entered in, and prayed, and laid his hands on him, and healed him.
Saa ɛberɛ no ara na Publio agya yaree huraeɛ ne konkurowa a aka no ato hɔ. Paulo kɔɔ ɛdan a na ɔda mu no mu de ne nsa guu ne so, bɔɔ mpaeɛ maa ne ho yɛɛ no den.
9 So when this was done, others also who had diseases in the isle, came, and were healed:
Deɛ Paulo yɛeɛ no maa ayarefoɔ a wɔwɔ supɔ no so no nyinaa baa ne nkyɛn maa ɔsaa wɔn yadeɛ.
10 Who also honored us with many honors; and when we departed, they laded [us] with such things as were necessary.
Wɔmaa yɛn akyɛdeɛ bebree. Yɛrebɛfiri hɔ akɔ no nso, wɔde biribiara a ɛho hia yɛn no bɛguu ɛhyɛn no mu maa yɛn.
11 And after three months we departed in a ship of Alexandria, which had wintered in the isle, whose sign was Castor and Pollux.
Yɛdii abosome mmiɛnsa wɔ supɔ no so ansa na yɛnyaa ɛhyɛn bi a ɛfiri Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ etire mmienu a ɛgyina hɔ ma anyame baanu bi. Na saa ɛhyɛn no abɛdi awɔberɛ no wɔ supɔ no so.
12 And landing at Syracuse, we tarried [there] three days.
Yɛduruu Sidarakusa no, yɛdii nnansa wɔ hɔ.
13 And from thence we made a circuit, and came to Rhegium: and after one day the south wind blew, and we came the next day to Puteoli:
Yɛfiri hɔ no, yɛtoaa so kɔduruu Regio. Adeɛ kyeeɛ no, mframa bi bɔ firi anafoɔ fam maa nnanu akyi no, yɛkɔduruu Puteoli.
14 Where we found brethren, and were desired to tarry with them seven days: and so we went towards Rome.
Ɛha na yɛhyiaa agyidifoɔ bi a wɔsrɛɛ yɛn sɛ, yɛntena wɔn nkyɛn nnawɔtwe. Ɛno akyi no, yɛtoaa so kɔduruu Roma.
15 And from thence when the brethren heard of us, they came to meet us as far as Appii-forum, and the Three taverns: whom when Paul saw, he thanked God, and took courage.
Anuanom a wɔwɔ Roma no tee yɛn nka sɛ yɛreba no, ebinom bɛhyiaa yɛn ɛkwan wɔ adwabɔeɛ a ɛwɔ Apia ɛkwan no so na afoforɔ nso hyiaa yɛn wɔ ahɔhobea bi a wɔfrɛ no Ahɔhodan Mmiɛnsa no. Ɛberɛ a Paulo hunuu wɔn no, ne ho sanee no na ɔdaa Onyankopɔn ase.
16 And when we came to Rome, the centurion delivered the prisoners to the captain of the guard: but Paul was suffered to dwell by himself, with a soldier that kept him.
Yɛduruu Roma no, wɔmaa Paulo ho ɛkwan sɛ ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nnwɛn no.
17 And it came to pass, that after three days, Paul called together the chief of the Jews. And when they were assembled, he said to them, Men, brethren, though I have committed nothing against the people, or customs of our fathers, yet I was delivered prisoner from Jerusalem into the hands of the Romans.
Nnansa akyi no, Paulo frɛɛ Yudafoɔ mpanin ne wɔn hyiaeɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, ɛwom sɛ manyɛ bɔne biara mantia yɛn ɔman ne yɛn amanneɛ a yɛn agyanom de gyaa yɛn no de, nanso wɔkyeree me dedua wɔ Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa.
18 Who when they had examined me, would have let [me] go, because there was no cause of death in me.
Wɔbisaa me nsɛm pɛɛ sɛ wɔgyaa me, ɛfiri sɛ, wɔannya afɔbudeɛ bi wɔ me ho a ɛno enti ɛsɛ sɛ wɔgyina so kum me.
19 But when the Jews spoke against [it], I was constrained to appeal to Cesar; not that I had aught to accuse my nation of.
Nanso, ɛberɛ a Yudafoɔ kasatia gyaeɛ a wɔpɛ sɛ wɔgyaa me no, mehunuu sɛ, ɛsɛ sɛ medwane metoa Kaesare. Ɛnyɛ me nkurɔfoɔ ho adwemmɔne a mewɔ enti na meyɛɛ saa.
20 For this cause therefore have I called for you, to see [you], and to speak with [you]: because that for the hope of Israel I am bound with this chain.
Yei enti na mepɛɛ sɛ mehunu mo na me ne mo kasa no, na onipa a Israelfoɔ ani da ne so no enti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi.”
21 And they said to him, We have neither received letters from Judea concerning thee, neither have any of the brethren that came shown or spoken any harm of thee.
Wɔbuaa Paulo sɛ, “Yɛnnyaa nwoma biara a ɛfiri Yudea a ɛfa wo ho na yɛntee wo ho asɛmmɔne biara nso mfirii anuanom a wɔfiri hɔ ba ha no nso nkyɛn.
22 But we desire to hear from thee, what thou thinkest: for as concerning this sect, we know that every where it is spoken against.
Nanso, yɛpɛ sɛ yɛhunu wʼadwene, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ baabiara nnipa kasa tia Akristofoɔ a wɔn nso woka wɔn ho no.”
23 And when they had appointed him a day, there came many to him into [his] lodging; to whom he expounded and testified the kingdom of God, persuading them concerning Jesus, both out of the law of Moses, and [out of] the prophets, from morning till evening.
Wɔhyɛɛ da bi sɛ wɔbɛhyia Paulo. Saa ɛda no duruiɛ no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no so kaa Yesu ho asɛm firi anɔpa kɔsii anadwo kyerɛɛ wɔn, pɛɛ sɛ ɔdane wɔn adwene.
24 And some believed the things which were spoken, and some believed not.
Nnipa no bi gyee Paulo asɛm a ɔkaeɛ no diiɛ na ebi nso annye anni.
25 And when they agreed not among themselves, they departed, after Paul had spoken one word, Well spoke the Holy Spirit by Isaiah the prophet to our fathers,
Ɛberɛ a wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ no, wɔfirii hɔ kɔeɛ. Na asɛm a ɛtwa toɔ a Paulo kaeɛ ne sɛ. “Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifoɔ Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom sɛ,
26 Saying, Go to this people, and say, Hearing ye shall hear, and shall not understand; and seeing ye shall see, and not perceive.
“Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yudafoɔ sɛ, ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ. Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu,’
27 For the heart of this people is become gross, and their ears are dull of hearing, and their eyes have they closed; lest they should see with [their] eyes, and hear with [their] ears, and understand with [their] heart, and should be converted, and I should heal them.
ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma; moasi mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a anka mo ani bɛhunu adeɛ, na mo akoma ate asɛm ase, na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.”
28 Be it known therefore to you, that the salvation of God is sent to the Gentiles, and they will hear it.
Paulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ Onyankopɔn nkwagyesɛm no aduru amanamanmufoɔ no nkyɛn. Wɔbɛtie!”
29 And when he had said these words, the Jews departed, and had great reasoning among themselves.
Paulo kaa saa asɛm yi wieeɛ no, Yudafoɔ no firii hɔ kɔeɛ a na wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ dendeenden.
30 And Paul dwelt two whole years in his own hired house, and received all that came in to him,
Paulo tenaa hɔ mfeɛ mmienu, a na ɔte efie a ɔno ankasa tua ho ka no mu, na nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn.
31 Preaching the kingdom of God, and teaching those things which concern the Lord Jesus Christ, with all confidence, no man forbidding him.
Na ɔde akokoɔduru kaa Onyankopɔn Ahennie no ne Awurade Yesu Kristo ho asɛm.

< Acts 28 >