< John 7 >

1 After these things Jesus traveled about in Galilee, for he did not want to go into Judea because the Jews were seeking to kill him.
Eyi akyi no Yesu kyinkyinii wɔ Galilea. Wampɛ sɛ obekyinkyin wɔ Yudea, efisɛ na Yudafo mpanyin no rehwehwɛ no akum no.
2 Now the Jewish Festival of Shelters was near.
Bere a Yudafo Asese Afahyɛ no reyɛ adu no,
3 His brothers therefore said to him, “Leave this place and go to Judea, so that your disciples also may see the works that you do.
Yesu nuanom ka kyerɛɛ no se, “Ɛsɛ sɛ wufi ha san kɔ Yudea sɛnea ɛbɛyɛ na wʼakyidifo behu nsɛnkyerɛnne a woyɛe no.
4 No one does anything in secret if he himself wants to be known openly. If you do these things, show yourself to the world.”
Sɛ obi pɛ sɛ ogye din a ɔmmfa ne nneyɛe nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hu ne nneyɛe.”
5 For even his brothers did not believe in him.
Na nʼankasa ne nuanom mpo nnye no nni.
6 Jesus therefore said to them, “My time has not yet come, but your time is always ready.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me bere nnuu ɛ, na mo de bere biara ye ma mo.
7 The world cannot hate you, but it hates me because I testify about it that its works are evil.
Mo de, nnipa tan mo a ɛnyɛ ye, nanso me de wɔtan me a ɛyɛ ye, efisɛ daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn.
8 You go up to the festival; I am not going to this festival because my time has not yet been fulfilled.”
Mo de, munni kan nkɔ afahyɛ no na me de, minnya nkɔɔ ɛ, efisɛ me bere nnuu ɛ.”
9 After he said these things to them, he stayed in Galilee.
Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn akyi no ɔtenaa Galilea.
10 But when his brothers had gone up to the festival, then he also went up, not publicly but in secret.
Yesu nuanom kɔɔ akyi no na ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wanna ne ho adi wɔ hɔ.
11 The Jews were looking for him at the festival and said, “Where is he?”
Yudafo mpanyin no hwehwɛɛ no wɔ afahyɛ no ase na wɔanhu no no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?”
12 There was much discussion among the crowds about him. Some said, “He is a good man.” Others said, “No, he leads the crowds astray.”
Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu efisɛ na wosuro Yudafo mpanyin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.” Na afoforo nso se, “Ɔyɛ ɔdaadaafo.”
13 Yet no one spoke openly about him for fear of the Jews.
Yudafo mpanyin no ho hu nti obiara antumi anyi nʼanim anka ne ho asɛm wɔ bagua mu.
14 When the festival was already half over, Jesus went up into the temple and began to teach.
Afahyɛ no duu ne mpɔmpɔnso no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛe.
15 Then the Jews marveled, saying, “How does this man know so much? He has never been educated.”
Bere a Yudafo mpanyin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa na wobisae se, “Onipa yi nsuaa nhoma da, na ɛyɛɛ dɛn na otumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”
16 Jesus answered them and said, “My teaching is not mine, but is of him who sent me.
Yesu buaa wɔn se, “Nea merekyerɛ no mfi mʼankasa, na mmom efi Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
17 If anyone wishes to do his will, he will know about this teaching, whether it comes from God, or whether I speak from myself.
Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a obehu sɛ me nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn nkyɛn anaa efi mʼankasa.
18 Whoever speaks from himself seeks his own glory, but whoever seeks the glory of him who sent him, that person is true, and there is no unrighteousness in him.
Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ anuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ anuonyam ma nea ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafo a nnaadaa biara nni ne mu.
19 Did not Moses give you the law? Yet none of you keeps the law. Why do you seek to kill me?”
Mose amma mo mmara no ana? Nanso mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn nti na mopɛ sɛ mukum me?”
20 The crowd answered, “You have a demon. Who seeks to kill you?”
Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hena na ɔrehwehwɛ wo akum wo?”
21 Jesus answered and said to them, “I did one work, and you all marvel because of it.
Yesu buaa wɔn se, “Anwonwade baako pɛ a mayɛ nti na mo ho adwiriw mo sɛɛ yi.
22 Moses gave you circumcision (not that it is from Moses, but from the ancestors), and on the Sabbath you circumcise a man.
Mose maa mo twetiatwa (mpo ɛnyɛ sɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara na ɛyɛ mo nenanom) nanso, mutwa twetia homeda.
23 If a man receives circumcision on the Sabbath so that the law of Moses is not broken, why are you angry with me because I made a man completely healthy on the Sabbath?
Sɛ mutwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn nti na sɛ mesa obi yare homeda a, mo bo fuw me?
24 Do not judge according to appearance, but judge righteously.”
Mummmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a muhu no yiye ansa na moabu ho atɛn.”
25 Some of them from Jerusalem said, “Is not this the one they seek to kill?
Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisae se, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne nea wɔpɛ sɛ wokum no no ana?
26 See, he speaks openly, and they say nothing to him. It cannot be that the rulers indeed know that this is the Christ, can it?
Ɔno na ɔrekasa wɔ bagua mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei de mpanyimfo no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no?
27 Yet we know where this one is from. But when the Christ comes, no one will know where he is from.”
Yenim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ofi bae nanso saa onipa yi de, yenim faako a ofi.”
28 Then Jesus cried out in the temple, teaching and saying, “You both know me and know where I come from. I have not come of myself, but he who sent me is true, and you do not know him.
Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔkaa no dennen se, “Ɛwɔ mu sɛ munim me na munim faako nso a mifi bae, nanso ɛnyɛ me ara me pɛ na mede bae, na nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo, nanso munnim no;
29 I know him because I come from him and he sent me.”
na me de, minim no, efisɛ mifi ne nkyɛn na mebae na ɔno na ɔsomaa me.”
30 They were trying to arrest him, but no one laid a hand on him because his hour had not yet come.
Nʼano sii no, wɔpɛe sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnui ɛ.
31 But many in the crowd believed in him, and they said, “When the Christ comes, will he do more signs than what this one has done?”
Nnipa no mu fa kɛse no ara gyee no dii na wobisae se, “Sɛ Agyenkwa no ba a obetumi ayɛ anwonwade bebree sen nea ɔbarima yi ayɛ no ana?”
32 The Pharisees heard the crowds whispering these things about Jesus, and the chief priests and the Pharisees sent officers to arrest him.
Farisifo no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfo mpanyin no somaa hyiadan awɛmfo bi se wɔnkɔkyere Yesu mmra.
33 Jesus then said, “I am still with you for a short amount of time, and then I go to him who sent me.
Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se, “Nna kakraa bi na aka me a me ne mo bɛtena na masan akɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn.
34 You will seek me but you will not find me; where I go, you will not be able to come.”
Mobɛhwehwɛ me nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ.”
35 The Jews therefore said among themselves, “Where will this man go that we will not be able to find him? Will he go to the dispersion among the Greeks and teach the Greeks?
Bere a Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhefa na ose ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafo nkurow a Yudafo tete mu no mu akɔkyerɛkyerɛ wɔn?
36 What is this word that he said, 'You will seek me but will not find me; where I go, you will not be able to come'?”
Sɛ ɔka se, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhu me, efisɛ faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’ a, na ɔkyerɛ dɛn?”
37 Now on the last, great day of the festival, Jesus stood and cried out, saying, “If anyone is thirsty, let him come to me and drink.
Afahyɛ no da a edi akyi a ɛyɛ da titiriw no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa dennen se, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsu.
38 He who believes in me, just as the scripture says, rivers of living water will flow from his stomach.”
Na Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Obiara a ogye me di no, nsu a ɛma nkwa bɛsen afi ne mu.’”
39 But he said this about the Spirit, whom those who believed in him would receive; the Spirit had not yet been given because Jesus was not yet glorified.
Yesu kaa saa asɛm yi faa Honhom Kronkron a wɔn a wogyee no dii no nsa bɛka no ho. Saa bere no na onya mfaa Honhom Kronkron no mmaa wɔn ɛ, efisɛ na wonnya mmaa no so nkɔɔ ɔsoro nhyɛɛ no anuonyam ɛ.
40 Some of the crowd, when they heard these words, said, “This is indeed the prophet.”
Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kae se, “Ampa ara onipa yi ne odiyifo no!”
41 Others said, “This is the Christ.” But some said, “Does the Christ come from Galilee?
Afoforo nso kae se, “Ɔno ne Kristo no!” Ebinom nso bisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo no befi Galilea?
42 Have the scriptures not said that the Christ will come from the descendants of David and from Bethlehem, the village where David was?”
Kyerɛwsɛm no anka se saa Kristo no befi Dawid abusua mu na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kurow a Dawid tenaa mu no mu ana?”
43 So there arose a division in the crowds because of him.
Yesu nti nnipa no mu kyekyɛe.
44 Some of them would have arrested him, but no one laid hands on him.
Ebinom pɛɛ sɛ wɔkyere no nanso obiara amfa ne nsa anka no.
45 Then the officers came back to the chief priests and Pharisees, who said to them, “Why did you not bring him?”
Asomfo no san kɔe no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moamfa no amma?”
46 The officers answered, “Never has anyone spoken like this.”
Asomfo no buae se, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwonwa na yɛntee bi da.”
47 So the Pharisees answered them, “Have you also been deceived?
Farisifo no san bisaa asomfo no se, “Mo nso wadaadaa mo ana?
48 Have any of the rulers believed in him, or any of the Pharisees?
Moahu sɛ mpanyimfo anaa Farisifo no bi agye no adi ana?
49 But this crowd that does not know the law, they are cursed.”
Dabi, ɛremma sa, na mmom ɛyɛ wɔn a wonnim mmara no na wɔadome wɔn no na wobegye no adi.”
50 Nicodemus (one of the Pharisees, who came to him earlier) said to them,
Saa bere no na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi owiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi.
51 “Does our law judge a man before hearing from him and knowing what he does?”
Ɔno na obisae se, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yebu obi fɔ wɔ bere a yɛntee nʼanom asɛm, nhuu nea wayɛ ana?”
52 They answered and said to him, “Are you also from Galilee? Search and see that no prophet comes from Galilee.”
Wobuaa no se, “Wo nso wufi Galilea ana? Hwehwɛ Kyerɛwsɛm no mu yiye na wubehu sɛ odiyifo biara rentumi mfi Galilea da.”
53 [Then everyone went to his own house.
Afei obiara fii hɔ kɔe a wɔantumi ansi gyinae biara.

< John 7 >