< James 5 >

1 Come now, you who are rich, weep and wail because of the miseries coming on you.
Afei, mo adefoɔ nso montie! Monsu na montwa agyaadwoɔ wɔ amanehunu a ɛreba mo so ho.
2 Your riches have rotted, and your clothes have become moth-eaten.
Mo ahonya no aporɔ na nweweboa awe mo ntoma.
3 Your gold and your silver have become tarnished and their rust will be a witness against you. It will consume your flesh like fire. You have stored up your treasure for the last days.
Mo sika ne mo dwetɛ awe nnaakye na saa nnaakye no bɛdi adanseɛ atia mo, na ahye mo honam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapadeɛ nna a ɛdi akyire no mu.
4 Look, the pay of the laborers is crying out—the pay that you have withheld from those who harvested your fields, and the cries of the harvesters have gone into the ears of the Lord of hosts.
Nnipa a wɔyɛɛ adwuma wɔ mo mfuo mu no, montuaa wɔn ka enti wɔresi apinie. Na wɔn apinisie no aduru Onyankopɔn, Awurade Otumfoɔ no aso mu.
5 You have lived in luxury on the earth and indulged yourselves. You have fattened your hearts for a day of slaughter.
Mo asetena wɔ asase so ha yɛ afɛfɛdeɛ ne anigyeɛ. Moadodɔre sradeɛ ama okum da.
6 You have condemned and killed the righteous person. He does not resist you.
Moabu deɛ ɔnni fɔ kumfɔ akum no; ɔnsi mo ɛkwan.
7 So be patient, brothers, until the Lord's coming. See, the farmer awaits the valuable harvest from the ground. He is patiently waiting for it, until it receives the early and late rains.
Me nuanom, monto mo bo ase kɔsi sɛ Awurade bɛba. Monhwɛ sɛdeɛ okuafoɔ nya boasetɔ twɛn asusɔberɛ.
8 You, too, be patient. Make your hearts strong, because the Lord's coming is near.
Ɛsɛ sɛ mo nso moto mo bo ase. Momma mo anidasoɔ mu nyɛ den ɛfiri sɛ, da a Awurade bɛba no abɛn.
9 Do not complain, brothers, against one another, so that you will be not judged. See, the judge is standing at the door.
Anuanom, monnni nsekuro ntia mo ho mo ho, na Onyankopɔn ammu mo atɛn. Hwɛ, Ɔtemmufoɔ no gyina ɛpono no ano.
10 Take an example, brothers, from the suffering and patience of the prophets, those who spoke in the name of the Lord.
Me nuanom, monkae adiyifoɔ a wɔde Awurade din kasaeɛ no. Momfa wɔn sɛ nhwɛsoɔ wɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wɔtumi de tenaa amanehunu mu no.
11 See, we regard those who endured as blessed. You have heard of the endurance of Job, and you know the purpose of the Lord, how he is very compassionate and merciful.
Yɛde anidie ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnyaa boasetɔ. Moate Hiob boasetɔ no na monim deɛ Awurade de dom no awieeɛ no ɛfiri sɛ, Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.
12 Above all, my brothers, do not swear, either by heaven or by the earth, or by any other oath. Instead, let your “Yes” mean “Yes” and your “No” mean “No,” so you do not fall under judgment.
Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nnka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Aane” a, monka “Aane”. Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na mo amma Onyankopɔn atemmuo ase.
13 Is anyone among you suffering hardship? Let him pray. Is anyone cheerful? Let him sing praise.
Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpaeɛ. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu anaa? Ɛsɛ sɛ ɔto ayɛyie nnwom.
14 Is anyone among you sick? Let him call for the elders of the church, and let them pray over him. Let them anoint him with oil in the name of the Lord.
Mo mu bi yare anaa? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanimfoɔ na wɔde Awurade din bɔ mpaeɛ ma no na wɔsra no ngo.
15 The prayer of faith will heal the sick person, and the Lord will raise him up. If he has committed sins, God will forgive him.
Sɛ wɔbɔ saa mpaeɛ no gyidie mu a, ɛbɛsa ɔyarefoɔ no yadeɛ, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no.
16 So confess your sins to one another, and pray for each other, so that you may be healed. The prayer of a righteous person is very strong in its working.
Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpaeɛ mma mo ho mo ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛsa mo yadeɛ. Onipa tenenee mpaeɛbɔ tumi yɛ nneɛma bebree.
17 Elijah was a man just like us. He prayed earnestly that it would not rain, and it did not rain in the land for three years and six months.
Yɛte sɛ Elia a ɔbɔɔ mpaeɛ nokorɛ mu sɛ osuo nntɔ, na ampa ara osuo antɔ asase no so mfeɛ mmiɛnsa ne fa.
18 Then Elijah prayed again. The heavens gave rain, and the earth produced its fruit.
Ɔsane bɔɔ mpaeɛ bio maa osuo tɔeɛ maa asase nyaa nnɔbaeɛ.
19 My brothers, if anyone among you wanders from the truth, and someone brings him back,
Me nuanom, sɛ mo mu bi dwane firi nokorɛ ho na ɔfoforɔ de no ba bio a,
20 that person should know that whoever turns a sinner from his wandering way will save him from death, and will cover over a great number of sins.
Monkae sɛ, deɛ ɔdane ɔdebɔneyɛfoɔ firi nʼakwammɔne ho no gye no nkwa firi owuo mu ma wɔde ne bɔne dodoɔ no nyinaa kyɛ no.

< James 5 >