< Isaiah 40 >

1 “Comfort, comfort my people,” says your God.
Monkyekyere, monkyekyere me nkurɔfoɔ werɛ. Saa na mo Onyankopɔn seɛ.
2 “Speak tenderly to Jerusalem; and proclaim to her that her warfare has ended, that her iniquity is pardoned, that she has received double from Yahweh's hand for all her sins.”
Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem, na mompae mu nka nkyerɛ no sɛ ne som denden no aba awieeɛ, wɔatua ne bɔne no so ka, na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho afiri Awurade nsam.
3 A voice cries out, “In the wilderness prepare the way of Yahweh; make straight in the Arabah a highway for our God.”
Ɛnne bi reteam sɛ, “Monsiesie ɛkwan mma Awurade wɔ anweatam no so. Montene kwantempɔn wɔ ɛserɛ no so mma yɛn Onyankopɔn.
4 Every valley will be lifted up, and every mountain and hill will be leveled; and the rugged land will be made level, and the rough places a plain;
Bɔnhwa biara bɛyɛ ma, bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam, asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa, na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata.
5 and the glory of Yahweh will be revealed, and all people will see it together; for the mouth of Yahweh has spoken it.
Na Awurade animuonyam bɛda adi, na nnipa nyinaa bɛhunu. Ɛfiri sɛ Awurade na aka!”
6 A voice says, “Cry.” Another answers, “What should I cry?” “All flesh is grass, and all their covenant faithfulness is like the flower of the field.
Nne bi kaa sɛ, “Team.” Na mekaa sɛ, “Menteɛm nka sɛn?” “Bɔ dawuro sɛ nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ, na wɔn animuonyam nyinaa te sɛ afuo so nhwiren.
7 The grass withers and the flower wilts when the breath of Yahweh blows on it; surely humanity is grass.
Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam ɛfiri sɛ Awurade ahomeguo fa wɔn so. Nokorɛm nnipa no yɛ ɛserɛ.
8 The grass withers, the flower wilts, but the word of our God will stand forever.”
Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam, nanso yɛn Onyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.”
9 Go up on a high mountain, Zion, bearer of good news. Shout out loud, Jerusalem. You who bring good news, raise your voice, do not be afraid. Say to the cities of Judah, “Here is your God!”
Wo a wode asɛm pa reba Sion, foro kɔ bepɔ tenten bi so. Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem, ma wo nne so na team, ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ, “Mo Onyankopɔn nie!”
10 Look, the Lord Yahweh comes as a victorious warrior, and his strong arm rules for him. See, his reward is with him, and those he has rescued go before him.
Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba, na nʼabasa bɛdi ɔhene ama no. Hwɛ, nʼakatua ka ne ho, na ɔde nʼabasobɔdeɛ nam.
11 He will feed his flock like a shepherd, he will gather in his arm the lambs, and carry them close to his heart, and will gently lead the ewes nursing their young.
Ɔhwɛ ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ. Ɔboa nnwammaa no wɔ nʼabasa so. Ɔturu wɔn ne koko so; na nnwan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.
12 Who has measured the waters in the hollow of his hand, measured the sky with the span of his hand, held the dust of the earth in a basket, weighed the mountains in scales, or the hills in a balance?
Hwan na wasusu nsuo wɔ ne nsam anaa ɔde ne nsateaa asusu ɔsoro? Hwan na ɔde asase so mfuturo agu kɛntɛn mu, anaa wakari mmepɔ wɔ nsania so ne nkokoɔ wɔ nsania apampaa so?
13 Who has comprehended the mind of Yahweh, or instructed him as his counselor?
Hwan na wate Awurade ase, anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufoɔ?
14 From whom did he ever receive instruction? Who taught him the correct way to do things, and taught him knowledge, or showed to him the way of understanding?
Hwan na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase, na hwan na ɔkyerɛɛ no ɛkwan pa no? Hwan na ɔmaa no nimdeɛ anaa ɔkyerɛɛ no nhunumu kwan?
15 Look, the nations are like a drop in a bucket, and are regarded like the dust on the scales; see, he weighs the isles as a speck.
Ampa ara aman no te sɛ nsuo sope wɔ bokiti mu; wɔde wɔn toto mfuturo a ɛgu nsania so; ɔkari nsupɔ te sɛ deɛ ɛyɛ mfuturo muhumuhu.
16 Lebanon is not sufficient fuel, nor its wild animals sufficient for a burnt offering.
Lebanon nnɔɔso mma afɔrebukyia so ogya, na ne mmoa renso mma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.
17 All the nations are insufficient before him; they are regarded by him as nothing.
Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim; ɔbu wɔn adehunu bi a wɔnka hwee.
18 To whom then will you compare God? To what idol will you liken him?
Afei hwan ho na wode Onyankopɔn bɛtoto? Nsɛsodeɛ bɛn ho na wode no bɛtoɔ?
19 An idol! A craftsman casts it: The goldsmith overlays it with gold and forges silver chains for it.
Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔyɛ, na sikadwumfoɔ de sikakɔkɔɔ agu ho na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.
20 To make an offering one chooses a wood that will not rot; he seeks a skillful artisan to make an idol that will not fall over.
Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛdeɛ yi mma no kɔpɛ dua a ɛremporɔ. Ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ na wayɛ ohoni a ɛremmuni nhwe fam asi hɔ.
21 Have you not known? Have you not heard? Has it not been told you from the beginning? Have you not understood from the foundations of the earth?
Wonnim anaa? Wonteeɛ anaa? Wɔnnka nkyerɛɛ wo firi ahyɛaseɛ no anaa? Ɛfiri ɛberɛ a wɔbɔɔ asase no, wontee aseɛ anaa?
22 He is the one who sits above the horizon of the earth; and the inhabitants are like grasshoppers before him. He stretches out the heavens like a curtain and spreads them out as a tent to live in.
Ɔte ahennwa so wɔ asase kanko no atifi. Ɛso nnipa te sɛ ntutummɛ ɔtwe ɔsoro mu te sɛ ntwamutam, na ɔde yɛ ntomadan tena mu.
23 He reduces rulers to nothing and makes the rulers of the earth insignificant.
Ɔma ahenemma yɛ nnipa hunu na ewiase yi sodifoɔ nso, ɔbrɛ wɔn ase.
24 They are barely planted, barely sown, their stem has barely taken root in the earth, when he blows upon them and they wither, and the wind carries them away like straw.
Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ, wɔduaa wɔn ara pɛ, wɔgyee nhini wɔ asase mu pɛ ɔhome gu wɔn so ma wɔkusa, na ntwahoframa bɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.
25 “To whom then will you compare me, whom do I resemble?” says the Holy One.
“Hwan ho na wode me bɛto? Anaasɛ hwan na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ɔseɛ.
26 Look up at the sky! Who has created all these stars? He leads out their formations and calls them all by name. By the greatness of his might and by the strength of his power, not one is missing.
Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro: Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa? Deɛ ɔyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako, na ɔbɔ obiara din de frɛ no. Nʼahoɔden ne ne tumi enti wɔn mu baako mpo nnyeraeɛ.
27 Why do you say, Jacob, and declare, Israel, “My way is hidden from Yahweh, and my God is not concerned about my vindication”?
Adɛn na woka sɛ, Ao Yakob, na wonwiinwii, Ao Israel sɛ, “Mʼakwan ahinta Awurade; na me Onyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”?
28 Have you not known? Have you not heard? The everlasting God, Yahweh, the Creator of the ends of the earth, does not get tired or weary; there is no limit to his understanding.
Wonnim anaa? Wonteeɛ anaa? Awurade yɛ daapem Onyankopɔn, na ɔyɛ asase nyinaa yɛfoɔ. Ɔremmrɛ na ɔrentɔ bera, na ne nhunumu nni nhwehwɛmu.
29 He gives strength to the tired; and to the weak he gives renewed energy.
Ɔma deɛ watɔ bera ahoɔden deɛ wayɛ mmerɛ nso, ɔto nʼahoɔden so.
30 Even young people become tired and weary, and young men stumble and fall:
Mpo, mmabunu brɛ, na wɔtɔ bera, na mmeranteɛ suntisunti hwehwe ase;
31 but those who wait for Yahweh will renew their strength; they will soar with wings like eagles; they will run and not be weary; they will walk and not faint.
Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so bɛnya ahoɔden foforɔ. Wɔde ntaban te sɛ akɔdeɛ deɛ bɛtu akɔ ewiem; wɔbɛtu mmirika, na wɔremmrɛ. Wɔbɛnante, na wɔrentɔ baha.

< Isaiah 40 >