< Isaiah 13 >

1 A declaration about Babylon, that Isaiah son of Amoz received:
Amos babarima Yesaia adehunu a ɛfa Babilonia ho nie:
2 On the bare mountain set up a signal flag, cry aloud to them, wave your hand for them to go into the gates of the nobles.
Pagya frankaa wɔ bepɔ a hwee nni soɔ no atifi, teaam frɛ wɔn: nyama wɔn ma wɔn nhyɛne atitire no apono mu.
3 I have commanded my holy ones, yes, I have called my mighty men to execute my anger, even my proudly exulting ones.
Mahyɛ mʼahotefoɔ; mafrɛ mʼakofoɔ sɛ wɔnna mʼabufuhyeɛ adi, wɔn a wɔdi me nkonimdie ho ahurisie.
4 The noise of a multitude in the mountains, as of many people! The noise of a tumult of the kingdoms like many nations gathered together! Yahweh of hosts is mustering the army for the battle.
Tie hooyɛ bi a ɛwɔ mmepɔ no so te sɛ nnipa dɔm bebree deɛ! Tie akasakasa a ɛwɔ ahennie ahodoɔ mu, te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano! Asafo Awurade reboa ɛdɔm ano akɔ ɔko.
5 They come from a far country, from way over the horizon. It is Yahweh with his instruments of judgment, to destroy the whole land.
Wɔfifiri akyirikyiri aman so, wɔfirifiri ɔsoro ahyeɛ so, Awurade ne nʼakodeɛ a ɛyɛ nʼabufuhyeɛ; bɛsɛe ɔman no nyinaa.
6 Howl, for the day of Yahweh is near; it comes with destruction from the Almighty.
Twa adwo, na Awurade da no abɛn; ɛbɛba te sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.
7 Therefore all hands hang limp, and every heart melts.
Yei enti, nsa nyinaa bɛdwodwo, obiara akoma bɛboto.
8 They will be terrified; pain and agony will seize them, like a woman in labor. They will look in astonishment at one another; their faces will be aflame.
Wɔbɛbɔ hunu, ɔyea ne apinisie bɛkuta wɔn; wɔbɛnukanuka wɔn mu te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no. Wɔde abasamutuo bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim, a wɔn ani asosɔ ogya.
9 See, the day of Yahweh comes with cruel wrath and overflowing anger, to make the land a desolation and to destroy the sinners from it.
Hwɛ, Awurade da no reba ɛda bɔne a abufuo ne abufuhyeɛ wɔ mu, ɛrebɛsɛe asase no na asɛe abɔnefoɔ a wɔte soɔ no.
10 The stars of heaven and the constellations will not give their light. The sun will be darkened even from dawn, and the moon will not shine.
Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuo renhyerɛn. Esum bɛduru owia a ɛrepue na ɔsrane nso renhyerɛn.
11 I will punish the world for its evil and the wicked for their iniquity. I will put an end to the arrogance of the proud and will bring down the arrogance of the ruthless.
Mɛtwe ewiase aso, ne bɔne enti, ne amumuyɛfoɔ wɔ wɔn nnebɔne ho. Mɛtwa ahantanfoɔ ahomasoɔ so na mabrɛ deɛ ɔdi awurukasɛm no ahantan ase.
12 I will make men more rare than fine gold and mankind harder to find than the pure gold of Ophir.
Mɛma onipa ho ayɛ na asene sika kɔkɔɔ amapa; ɔbɛsene Ofir sikakɔkɔɔ.
13 Therefore I will make the heavens tremble, and the earth will be shaken out of its place, by the fury of Yahweh of hosts, and on the day of his fierce anger.
Enti mɛma ɔsoro awoso; na asase ahinhim wɔ ne siberɛ wɔ Asafo Awurade abufuhyeɛ ano, nʼabufuhyeɛ da no.
14 Like a hunted gazelle or like a sheep with no shepherd, every man will turn toward his own people and will flee to his own land.
Sɛdeɛ ɔwansane a ɔbɔmmɔfoɔ repɛ no akum no dwane, anaasɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ yera kwan, saa ara na obiara bɛdwane akɔhwehwɛ ne nkurɔfoɔ. Obiara bɛdwane akɔ nʼasase so.
15 Every one who is found will be killed, and every one who is captured will die by the sword.
Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wɔbɛwɔ no akofena akum no; wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtɔ wɔ akofena ano.
16 Their infants also will be dashed in pieces before their eyes. Their houses will be plundered and their wives raped.
Wɔbɛtoto nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim: wɔbɛfom wɔn afie mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom monnaa.
17 Look, I am about to stir up the Medes to attack them, who will not be concerned about silver, nor do they delight in gold.
Hwɛ, mɛhwanyan Mediafoɔ atia wɔn, wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho.
18 Their bows will strike down the young men; they will have no mercy on infants and they will not look with pity on children.
Wɔn tadua bɛbobɔ mmeranteɛ ahwehwe fam; wɔrenhunu nkokoaa mmɔbɔ na wɔrennya ayamhyehyeɛ mma mmɔfra.
19 Then Babylon, the most admired of kingdoms, the splendor of Chaldean pride, will be overthrown by God like Sodom and Gomorrah.
Babilonia, ahennie ahodoɔ mu ɔbohemaa, animuonyamdeɛ a Babiloniafoɔ de hoahoa wɔn ho no, Onyankopɔn bɛdane abutu te sɛ Sodom ne Gomora.
20 It will not be inhabited or lived in from generation to generation. The Arab will not pitch his tent there, nor will shepherds have their flocks rest there.
Nnipa rentena hɔ bio awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; Arabni biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ; odwanhwɛfoɔ biara remfa ne nnwan nkɔ home wɔ hɔ.
21 But wild animals of the desert will lie there. Their houses will be full of owls; and ostriches and wild goats will skip about there.
Nanso ɛserɛ so mmoa bɛda hɔ. Sakraman bɛyɛ nʼafie no mu ma; ɛhɔ na apatuo bɛtena, ɛhɔ na wira mu mpɔnkye nso bɛdi agorɔ.
22 Hyenas will cry in their fortresses, and jackals in the beautiful palaces. Her time is near, and her days will not be delayed.
Mpataku bɛpɔ so wɔ nʼaban denden mu, sakraman bɛyɛ nʼahemfie fɛfɛ no mu ma. Ne berɛ aso, na wɔrento ne nna mu.

< Isaiah 13 >