< Ezekiel 22 >
1 Then the word of Yahweh came to me, saying,
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 “Now you, son of man, will you judge? Will you judge the city of blood? Make her know all her abominations.
“Onipa ba, wobɛbu Yerusalem atɛn? Wobɛbu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn anaa? Ɛnneɛ fa ne nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no nyinaa si nʼanim
3 You must say, 'The Lord Yahweh says this: This is a city that pours out blood in her midst so that her time may come; a city that makes idols to make herself unclean.
na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ao kuropɔn a ɔnam mogya hwieguo so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi,
4 You have become guilty by the blood that you have poured out, and you have become unclean by the idols that you have made. You have drawn your days to a close, and the end of your years has come. Therefore I will make you a reproach to the nations and a laughingstock to all the lands.
woadi fɔ wɔ mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi wɔ ahoni a woayɛ enti. Woama wo nna abɛn, na wo mfeɛ awieeɛ no aba. Enti mɛyɛ wo ahohoradeɛ wɔ amanaman no mu, ne asredeɛ wɔ amantam no nyinaa mu.
5 Both those who are near and those who are far away from you will mock you—you unclean city—with the reputation known everywhere as being full of confusion.
Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bɛdi wo ho fɛw, Ao Kuropɔn a ɛnni animuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma.
6 Behold! The rulers of Israel, each one by his own power, have come to you to pour out blood.
“‘Hwɛ sɛdeɛ Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya guo.
7 They have dishonored fathers and mothers within you, and they have performed oppression on the foreigners in your midst. They have mistreated the orphans and the widows within you.
Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu. Wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatane awisiaa ne akunafoɔ ani.
8 You have despised my holy things and have profaned my Sabbaths.
Wɔabu mʼakronkronneɛ animtiaa na woagu me home nna ho fi.
9 Slanderous men have come within you in order to pour out blood, and they eat on the mountains. They perform wickedness in your midst.
Wo mu na mmarima ntwatosofoɔ a wɔpɛ sɛ wɔhwie mogya guo wɔ, wɔn a wɔdidi wɔ sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohoradeɛ.
10 Within you men uncover the nakedness of their father. Within you they have violated unclean women during their menstrual period.
Wo mu na wɔn a wɔgu wɔn agyanom mpa ho fi wɔ. Wɔn a wɔne mmaa a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho nteɛ no da no wɔ wo mu.
11 Men who commit abominations with their neighbors' wives, and men who make their own daughters-in-law shamefully unclean; men who abuse their own sisters—daughters of their own fathers—all these are done within you.
Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ bɔne a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔfoforɔ ne nʼase baa da wɔ animguaseɛ mu, na ɔfoforɔ ne ne nuabaa da, ɔno ankasa nʼagya babaa.
12 These men take bribes within you in order to pour out blood and you have taken interest and gained too much profit, and you have damaged your neighbors through oppression, and you have forgotten me—this is the Lord Yahweh's declaration.
Wo mu na nnipa gye adanmudeɛ ka mogya guo; wɔgye nsihoɔ ne mfasoɔ a ɛboro so firi wɔn mfɛfoɔ nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afiri me, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
13 See! With my hand I have struck the dishonest gain that you have made, and the bloodshed that is done in the midst of you.
“‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisie ahonya ne mogya a woahwie agu no so.
14 Will your heart stand, will your hands be strong on the days when I myself will deal with you? I, Yahweh, am declaring this, and I will do it.
Wʼakokoduro bɛtumi agyina anaa sɛ wo nsa bɛyɛ den ɛda no a me ne wo bɛnya no anaa? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ.
15 So I will scatter you among the nations and disperse you through the lands. In this way, I will purge your uncleanness from you.
Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawieeɛ.
16 So you will become unclean in the eyes of the nations. Then you will know that I am Yahweh.'”
Sɛ wɔgu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’”
17 Next the word of Yahweh came to me, saying,
Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
18 “Son of man, the house of Israel has become dross to me. All of them are the leftovers of bronze and tin, and iron and lead in the midst of you. They will be like the dross of silver in your furnace.
“Onipa ba, Israel efie abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanya, dadeɛ ne sumpii a wɔagya wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛ fi hunaa.
19 Therefore the Lord Yahweh says this, 'Because all of you have become like dross, therefore, behold! I am about to gather you into the midst of Jerusalem.
Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛ fi enti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem.
20 As men gather silver, bronze, iron, lead and tin and put it inside a furnace to melt it, and they blow the fire on it in order to melt it, so I will gather you in my anger and my wrath, and I will put you there and melt you.
Sɛdeɛ nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanya ano hyɛ fononoo mu de egyadɛreɛ a ano yɛ dene nane no, saa ara na mɛfiri mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ mu aboaboa mo ano wɔ kuropɔn no mu na manane mo.
21 I will gather you and blow on you the fire of my wrath, and you will be melted in the midst of it.
Mɛboaboa mo ano na mahu mʼabufuhyeɛ ogya agu mo so, na moanane wɔ ne mu.
22 As silver is melted in a furnace, you will be melted in it, and you will know that I, Yahweh, have poured out my wrath on you!'”
Sɛdeɛ wɔnane dwetɛ wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnane wɔ ne mu na moahunu sɛ me Awurade na mahwie mʼabufuhyeɛ agu mo so.’”
23 The word of Yahweh came to me, saying,
Na Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ:
24 “Son of man, say to her, 'You are a land that has not been cleansed. There is no rain on the day of wrath!
“Onipa ba, ka kyerɛ asase no sɛ, ‘Woyɛ asase a woanya osutɔ anaa osuo ampete wo so wɔ abufuo ɛda no.’
25 There is a conspiracy of her prophets in her midst, like a roaring lion tearing apart a victim. They consume life and take precious wealth; they make many widows within her!
Ne mmapɔmma abɔ pɔ bɔne wɔ ne mu te sɛ gyata a ɔbobɔm na ɔtete ne haboa mu. Wɔwe nnipa nam, wɔfa ademudeɛ ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafoɔ dɔɔso wɔ ne mu.
26 Her priests do violence to my law, and they profane my holy things. They do not distinguish between holy things and profane things, and do not teach the difference between the unclean and the clean. They hide their eyes from my Sabbaths so that I am profaned in their midst.
Nʼasɔfoɔ bu me mmara so na wɔgu mʼakronkronneɛ ho fi; wɔnnkyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛyɛ kronn ne deɛ ɛnyɛ kronn ntam; wɔkyerɛkyerɛ sɛ nsonsonoeɛ biara nna deɛ ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ ntam, na wɔbu wɔn ani gu me home nna die so, de gu me ho fi wɔ wɔn mu.
27 Her princes within her are like wolves tearing apart their victims. They pour out blood and destroy life, to make a profit dishonestly.
Nʼadwumayɛfoɔ te sɛ mpataku a wɔretete wɔn ahaboa mu; wɔhwie mogya gu na wɔkum nnipa de pɛ mfasoɔ bɔne.
28 Her prophets have painted them over with whitewash; they see false visions and predict falsehoods to them. They say “The Lord Yahweh says this” when Yahweh has not spoken.
Nʼadiyifoɔ nam atorɔ anisoadehunu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,’ wɔ ɛberɛ a Awurade nkasaeɛ.
29 The people of the land have oppressed through extortion and plundered through robbery, and they mistreat the poor and needy, and oppress the foreigner without justice.
Asase no so nnipa di amin na wɔbɔ korɔno; wɔhyɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ so, wɔnnye ahɔhoɔ ani na wɔde atɛntenenee kame wɔn.
30 So I searched for a man from them who would build up a wall and who would stand before me in its breach for the land so I would not destroy it, but I found no one.
“Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasuo no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhunu obiara.
31 So I will pour out my indignation upon them. I will finish them with the fire of my indignation and set their way on their own heads—this is the Lord Yahweh's declaration.'”
Ɛno enti, mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so, na mede mʼabufuo a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama deɛ wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn tiri so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”