< Exodus 39 >

1 With the blue, purple, and scarlet wool, they made finely-woven garments for service in the holy place. They made Aaron's garments for the holy place, as Yahweh had commanded Moses.
Nnipa no de ntama tuntum, bibiri ne koogyan a ɛyɛ fɛ pam asɔfotade maa asɔfo no a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Saa ntadetam no ara bi na wɔde pam Aaron ntade kronkron no sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
2 Bezalel made the ephod of gold, of blue, purple, and scarlet wool, and of fine twined linen.
Wɔde asaawatam bi a wɔanwen afi asaawa a wɔato mu na ɛpam asɔfotade nkataase no.
3 They hammered gold sheets and cut them into wires, to work them into the blue, purple, and scarlet wool, and into the fine linen, the work of a skillful workman.
Besaleel boroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ tratraa, ɛnna otwitwaa no nteanteaa sɛ hama na ɔde bobɔɔ ntama tuntum, bibiri ne koogyan no mu. Ɛyɛ nsaanoadwuma a ɛte apɔw yiye.
4 They made shoulder pieces for the ephod, attached at its two upper corners.
Wɔde nwoma a wɔapam susoo nkataase no mu fi ase besii mmati ahama abien no mu.
5 Its finely-woven waistband was like the ephod; it was made of one piece with the ephod, made of fine twined linen that was gold, blue, purple, and scarlet, just as Yahweh had commanded Moses.
Na wɔde ntama tuntum, bibiri, koogyan ne sikakɔkɔɔ yɛɛ nkyekyeremu sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ Mose no.
6 They crafted the onyx stones, enclosed in settings of gold, set with engravings as on a signet, and engraved with the names of Israel's twelve sons.
Abo apopobibiri abien a wotwa de femfam mmati ahama abien no a eso asɔfotade no nkataase no mu no, sikakɔkɔɔ na wɔde kyerɛw Israelfo mmusuakuw no nyinaa din guu so sɛnea wɔkyerɛw nsateaa so kaa so no.
7 Bezalel put them on the shoulder pieces of the ephod, as stones to remind Yahweh of Israel's twelve sons, as Yahweh had commanded Moses.
Saa abo yi yɛ nkae ade de ma Awurade fa Israelfo ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no ara pɛ.
8 He made the breastpiece, the work of a skillful workman, fashioned like the ephod. He made it of gold, of blue, purple, and scarlet wool, and of fine linen.
Wɔpam adɛbo no te sɛ asɔfotade a wɔde nwera ankasa yɛe, na wɔde sikakɔkɔɔ hama ne asaawa tuntum, bibiri ne koogyan na ɛnwen mu.
9 It was square. They folded the breastpiece double. It was one span long and one span wide.
Na ɛyɛ ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa akron a wɔabu abɔ so.
10 They set in it four rows of precious stones. The first row had a ruby, a topaz, and a garnet.
Na wɔhyehyɛɛ abo a ɛsom bo sesaa so nnidiso nnidiso anan wɔ mu. Nnidiso a edi kan no yɛ bogyanambo, akraatebo ne ahabammono bo;
11 The second row had an emerald, a sapphire, and a diamond.
nnidiso a ɛto so abien no yɛ nsrammabo, hoabo ne dɛnkyɛmmo;
12 The third row had a jacinth, an agate, and an amethyst.
nea ɛto so abiɛsa no yɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo;
13 The fourth row had a beryl, an onyx, and a jasper. The stones were mounted in gold settings.
na nea ɛto so anan no yɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo a wɔde sikakɔkɔɔ atwa emu biara ho ahyia.
14 The stones were arranged by the names of Israel's twelve sons, each in order by name. They were like the engraving on a signet ring, each name standing for one of the twelve tribes.
Wɔyɛɛ abo no te sɛ nsɔwanode bi kyerɛw Israel mmusuakuw dumien no din guu so.
15 On the breastpiece they made chains like cords, braided work of pure gold.
Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de adɛbo no aso asɔfotade no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ nkaa hyehyɛɛ asɔfotade no mmati ntareso abien no so.
16 They made two settings of gold and two gold rings, and they attached the two rings to the two corners of the breastpiece.
Wɔsan yɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa abien de hyehyɛɛ adɛbo no ntwɔtwɔw so wɔ soro.
17 They put the two braided chains of gold in the two rings at the corners of the breastpiece.
Wɔde sikakɔkɔɔ ahama abien no hyehyɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa a ɛwɔ adɛbo no mu no mu.
18 They attached the other two ends of the braided chains to the two settings. They attached them to the shoulder pieces of the ephod at its front.
Wɔde ahama no ti no bobɔɔ sikakɔkɔɔ no a esuso asɔfotade no mu no mu.
19 They made two rings of gold and put them on the two other corners of the breastpiece, on the edge next to the inner border.
Wɔde sikakɔkɔɔ nkaa abien nso hyehyɛɛ adɛbo no ntwea abien no a egu asɔfotade no so pɛɛ no so.
20 They made two more gold rings and attached them to the bottom of the two shoulder pieces of the front of the ephod, close to its seam above the finely-woven waistband of the ephod.
Wɔde sikakɔkɔɔ nkaa abien susoo asɔfotade no mmati ntareso no mu ma ɛbɛn nkyekyeremu a wɔanwen no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotade no ahyiae so no.
21 They tied the breastpiece by its rings to the ephod's rings with a blue cord, so that it might be attached just above the ephod's finely-woven waistband. This was so that the breastpiece might not become unattached from the ephod. This was done as Yahweh had commanded Moses.
Sɛnea ɛbɛyɛ na adɛbo no begyina pɛpɛɛpɛ wɔ nkyekyeremu fɛfɛ no so nti, wɔde ntama tuntum kyekyeree nkaa a esuso adɛbo no ne asɔfotade no mu. Eyinom nyinaa, Awurade na ɔhyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ.
22 Bezalel made the robe of the ephod entirely of blue fabric, the work of a weaver.
Asɔfotade no fa kɛse no ara de, wɔde ntama tuntum na ɛnwenee
23 It had an opening for the head in the middle. The opening had a woven edge round about so that it did not tear.
na wotwaa mfimfini tokuru pempam bi faa so maa ano no yɛɛ den sɛnea wɔhyɛ a ɛrentetew.
24 On the bottom hem, they made pomegranates of blue, purple, and scarlet yarn and of fine linen.
Na wɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan a wɔanwen yɛɛ biribi te sɛ atoaa aba de sensɛn batakari no ase mmuano no ano.
25 They made bells of pure gold, and they put the bells between the pomegranates all around on the bottom edge the robe, between the pomegranates—
Na wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nnɔnnɔmma na wɔde biribi te sɛ atoaa aba no hyehyɛɛ ntam ne ntam wɔ batakari no ase mmuano no ano de twaa ho hyiae.
26 a bell and a pomegranate, a bell and a pomegranate—on the edge of the robe for Aaron to serve in. This was as Yahweh had commanded Moses.
Sɛ Aaron hyɛ asɔfotade yi a, na ɛkyerɛ sɛ ɔrekɔsom Awurade sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.
27 They made the coats of fine linen for Aaron and for his sons.
Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ pam asɔfotade no bi maa Aaron ne ne mmabarima.
28 They made the turban of fine linen, the ornate headbands of fine linen, the linen undergarments of fine linen,
Wɔde ntama a ɛyɛ fɛ na ɛpam adɛbo, abotiri, kyɛw ne nhyɛasetam ahorow no.
29 and the sash of fine linen and of blue, purple, and scarlet yarn, the work of an embroiderer. This was as Yahweh had commanded Moses.
Bio, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ na ɛpam nkyekyeremu no na wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan dii mu adwinni sɛnea Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.
30 They made the plate of the holy crown of pure gold; they engraved on it, like the engraving on a signet, “Holy to Yahweh.”
Na afei, wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ abɔanim a wɔakyerɛw so: Kronkron Ma Awurade.
31 They attached to the turban a blue cord to the top of the turban. This was as Yahweh had commanded Moses.
Wɔde ntama tuntum na asina abɔanim no abɔ abotiri no mu sɛnea Awurade hyɛe no.
32 So the work on the tabernacle, the tent of meeting, was finished. The people of Israel did everything. They followed all the instructions that Yahweh had given to Moses.
Eyi nyinaa akyi no, wowiee Ahyiae Ntamadan no si sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wonsi no no.
33 They brought the tabernacle to Moses—the tent and all its equipment, its clasps, frames, bars, posts, and bases;
Afei, wɔde Ahyiae Ntamadan no ne emu nneɛma nyinaa brɛɛ Mose: Nkyerewa, nnyinaso, mmeamu nnua, mpuran ne nsisiso;
34 the covering of ram skins dyed red, the covering of sea cow leather, and the curtain to conceal
adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, abirekyi nwoma a wɔahyɛ, nkataano,
35 the ark of the testimony, as well as the poles and the atonement lid.
adaka no a Mmaransɛm Du no wɔ mu no, nnua a wɔde soa Mpata agua;
36 They brought the table, all its utensils, and the bread of the presence;
ɔpon no ne ɛho nneɛma, Ɔkyerɛ Brodo,
37 the lampstand of pure gold and its lamps in a row, with its accessories and the oil for the lamps;
sika akaneadua ne nʼakanea, ɛho nneɛma ne ngo wɔde sɔ kanea;
38 the golden altar, the anointing oil and the fragrant incense; the hanging for the tabernacle entrance;
sikakɔkɔɔ afɔremuka, ɔsrango, aduhuam ne Ahyiae Ntamadan no nkataano,
39 the bronze altar with its bronze grate and its poles and utensil and the large basin with its base.
kɔbere Afɔremuka, kɔbere ntwitae, nnua no ne ɛho nneɛma, nea wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaamu,
40 They brought the hangings for the courtyard with its posts and bases, and the curtain for the courtyard entrance; its ropes and tent pegs; and all the equipment for the service of the tabernacle, the tent of meeting.
ntwahotam a wɔde twa adiwo hɔ fasu ho, ne ɛho nnua a esuso mu, nnyinasode ne ntwahotam a ɛwɔ adiwo pon ano, ntampehama ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiae Ntamadan no si.
41 They brought the fine woven garments for serving in the holy place, the holy garments for Aaron the priest and his sons, for them to serve as priests.
Wɔde asɔfotade a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛe. Afei, wɔde Aaron asɔfotade kronkron no nso ne ne mmabarima de a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.
42 Thus the people of Israel did all the work as Yahweh had commanded Moses.
Enti Israelfo no dii nsɛm a Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa so.
43 Moses examined all the work, and, behold, they had done it. As Yahweh had commanded, in that way they did it. Then Moses blessed them.
Na Mose hwɛɛ nnwuma no nyinaa huu sɛ biribiara ntɔ kyima wɔ ho no, ohyiraa wɔn, efisɛ sɛnea Awurade hyɛe no ara pɛ na wɔyɛe.

< Exodus 39 >