< Exodus 15 >
1 Then Moses and the people of Israel sang this song to Yahweh. They sang, “I will sing to Yahweh, for he has triumphed gloriously; the horse and its rider he has thrown into the sea.
Afei, Mose ne Israelfoɔ too saa dwom yi de kamfoo Awurade: “Mɛto dwom mama Awurade, ɛfiri sɛ, wadi nkonim animuonyam mu; Wato ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no agu ɛpo mu.
2 Yahweh is my strength and song, and he has become my salvation. This is my God, and I will praise him, my father's God, and I will exalt him.
“Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwom ne me nkwagyeɛ. Ɔyɛ me Onyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ mʼagya Onyankopɔn—Mɛma no so.
3 Yahweh is a warrior; Yahweh is his name.
Awurade yɛ ɔkofoɔ; Aane, ne din ne Awurade.
4 He has thrown Pharaoh's chariots and army into the sea. Pharaoh's chosen officers were drowned in the Sea of Reeds.
Farao nteaseɛnam ne nʼakodɔm, wato wɔn agu Ama wɔamem Ɛpo Kɔkɔɔ mu. Misraim akofoɔ atitire awuwu asorɔkye ase.
5 The depths covered them; they went down into the depths like a stone.
Nsuo akata wɔn so. Wɔmemem subunu mu sɛ ɛboɔ.
6 Your right hand, Yahweh, is glorious in power; your right hand, Yahweh, has shattered the enemy.
Wo nsa nifa, Ao, Awurade, tumi ne animuonyam ahyɛ no ma. Wo nsa nifa, Ao, Awurade, atete atamfoɔ mu pasaa.
7 In great majesty you overthrew those who rose up against you. You sent out your wrath; it consumed them like stubble.
“Wo tumi kɛseɛ no mu, wotuu wɔn a wɔtia wo no guiɛ. Womaa wʼabufuhyeɛ bɛhyee wɔn sɛ ogya hye ɛserɛ.
8 By the blast of your nostrils the waters were piled up; the flowing waters stood upright in a heap; the deep water was congealed in the heart of the sea.
Wogu ahome a, nsuo mu pae. Ɛgyinaa sɛ afasuo ma ɛpo taa ɛfa ne ɛfa.
9 The enemy said, 'I will pursue, I will overtake, I will share out the plunder; my desire will be satisfied on them; I will draw my sword; my hand will destroy them.'
Ɔtamfoɔ de ahomasoɔ kaeɛ sɛ, ‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn. Na makyɛ afodeɛ no mu. Mɛtwe mʼakofena wɔ wɔn so atwitwa wɔn asinasini.’
10 But you blew with your wind, and the sea covered them; they sank like lead in the mighty waters.
Nanso, Onyankopɔn bɔɔ ne mframa maa ɛpo kataa wɔn so. Wɔmemem sɛ sumpii wɔ subunu no mu.
11 Who is like you, Yahweh, among the gods? Who is like you, majestic in holiness, honored in praises, doing miracles?
Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ wo? Ɔberempɔn wɔ kronkronyɛ mu; deɛ yɛde surokronkron ma nʼanimuonyam, na ɔyɛ anwanwadeɛyɛfoɔ Onyankopɔn.
12 You reached out with your right hand, and the earth swallowed them.
“Wotenee wo nsa nifa na asase menee wɔn.
13 In your covenant loyalty you have led the people you have rescued. In your strength you have led them to the holy place where you live.
Woadi nnipa a wogyee wɔn no anim, wʼayamyɛ mu. Wonam anwanwakwan so adi wɔn anim de wɔn aba wʼasase kronkron no so.
14 The peoples will hear, and they will tremble; terror will seize the inhabitants of Philistia.
Amanaman tee asɛm a ɛsiiɛ ma wɔn ho popoeɛ. Ehu aka nnipa a wɔwɔ Filistia.
15 Then the chiefs of Edom will fear; the soldiers of Moab will shake; all the inhabitants of Canaan will melt away.
Edom mpanimfoɔ ho adwiri wɔn. Atumfoɔ a wɔwɔ Moab ho woso. Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa abɔ huboa.
16 Terror and dread will fall on them. Because of your arm's power, they will become as still as a stone until your people pass by, Yahweh— until the people you have rescued pass by.
Ehu ne suro afa wɔn so. Ao, Awurade, wo tumi enti, wɔremma yɛn so! Wo nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn bɛtwa wɔn ho asomdwoeɛ mu.
17 You will bring them and plant them on the mountain of your inheritance, the place, Yahweh, that you have made to live in, the sanctuary, our Lord, that your hands have built.
Wode wɔn bɛba abɛdua wɔn wɔ wo bepɔ so, wo ara wo efie hɔ, Awurade— Kronkronbea a woasiesie sɛ wo tenabea no.
18 Yahweh will reign forever and ever.”
“Awurade bɛdi ɔhene akɔsi daa.”
19 For Pharaoh's horses went with his chariots and horsemen into the sea. Yahweh brought back the waters of the sea on them. But the Israelites walked on dry land in the middle of the sea.
Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafoɔ ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa ɛpo no mu; nanso, Awurade buu nsuo afasuo no guu wɔn so ɛberɛ a na Israelfoɔ no nam mu sɛ asase wesee no.
20 Miriam the prophetess, sister of Aaron, picked up a tambourine, and all the women went out with tambourines, dancing along with her.
Ɛhɔ na Odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nuabaa faa twene bi bɔ de dii mmaa no anim ma wɔsaeɛ.
21 Miriam sang to them: “Sing to Yahweh, for he has triumphed gloriously. The horse and his rider he has thrown into the sea.”
Ɛnna Miriam too saa dwom yi: “Monto dwom mma Awurade na wadi nkonim animuonyam mu. Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ amem ɛpo ase.”
22 Then Moses led Israel onward from the Sea of Reeds. They went out into the wilderness of Shur. They traveled for three days into the wilderness and found no water.
Afei, Mose dii Israelfoɔ no anim ne wɔn tu firii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur ɛserɛ so. Na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa a wɔannya nsuo annom.
23 Then they came to Marah, but they could not drink the water there because it was bitter. So they called that place Marah.
Wɔduruu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsuo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ nwono. Ɛno enti na wɔfrɛ hɔ Mara no; aseɛ ne: Nwononwono.
24 So the people complained to Moses and said, “What can we drink?”
Afei, nnipa no danee wɔn ani tiaa Mose sɛ, “Osukɔm nku yɛn anaa?”
25 Moses cried out to Yahweh, and Yahweh showed him a tree. Moses threw it into the water, and the water became sweet to drink. It was there that Yahweh gave them a strict law, and it was there that he tested them.
Mose srɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dua bi. Na ɔtoo dubaa no too nsuo no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wɔtumi nomeeɛ. Mara hɔ na Awurade hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn sɛ,
26 He said, “If you carefully listen to the voice of Yahweh your God, and do what is right in his eyes, and if you give ear to his commands and obey all his laws—I will put on you none of the diseases that I put on the Egyptians, for I am Yahweh who heals you.”
“Sɛ mobɛtie Awurade mo Onyankopɔn nne, na moayɛ ɔsetie, ayɛ ade tenenee deɛ a, yadeɛ a mema ɛbɔɔ Misraimfoɔ no, meremma bi mmɔ mo, ɛfiri sɛ, mene Awurade a mesa mo nyarewa.”
27 Then the people came to Elim, where there were twelve springs of water and seventy palm trees. They camped there by the water.
Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na nsubura dumienu ne mmɛdua aduɔson wɔ enti, wɔsisii wɔn ntomadan, tenaa nsubura no ho.