< 2 Chronicles 33 >

1 Manasseh was twelve years old when he began to reign; he reigned fifty-five years in Jerusalem.
Bere a Manase dii ade no, na wadi mfirihyia dumien. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum anum.
2 He did what was evil in the sight of Yahweh, like the disgusting things of the nations whom Yahweh had driven out before the people of Israel.
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfo aman nneyɛe a ɛyɛ akyiwade a Awurade apam afi asase a ɛda Israel anim no so no.
3 For he rebuilt the high places that his father Hezekiah had torn down, and he built altars for the Baals, he made Asherah poles, and he bowed down to all the stars of heaven and worshiped them.
Ɔsan sisii nsɔree a nʼagya Hesekia sɛee no no. Osii afɔremuka maa Baal ahoni, sisii Asera nnua. Ɔsan kotow nsoromma a ɛwɔ wim no nyinaa, som wɔn.
4 Manasseh built altars in the house of Yahweh, although Yahweh had commanded, “It is in Jerusalem that my name will be forever.”
Mpo, osisii abosonsom afɔremuka wɔ Awurade Asɔredan mu, baabi a Awurade aka se, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wodi ne din ni afebɔɔ no.
5 He built altars for all the stars of heaven in the two courtyards of the house of Yahweh.
Osisii saa afɔremuka no wɔ Awurade Asɔredan no adiwo abien hɔ, de maa wim nsoromma no.
6 In the Valley of Ben Hinnom he caused his sons to pass through the fire. He practiced sorcery, divination and he read omens, and he consulted with those who talked with the dead and with those who talked with spirits. Manasseh did much evil in the sight of Yahweh, and he provoked him to anger.
Manase de ɔno ankasa mmabarima bɔɔ afɔre wɔ ogya so wɔ Hinom Babarima Bon mu. Ɔde ne ho hyɛɛ asumansɛm mu, kɔɔ abisa, yɛɛ abayisɛm, kɔɔ samanfrɛfo ne adunsifo nkyɛn. Ɔyɛɛ nneɛma pii a ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, maa Awurade bo fuwii.
7 The carved figure he had made, he placed it in the house of God. It was about this house that God had spoken to David and Solomon his son; he had said, “It is in this house and in Jerusalem, which I have chosen from all the tribes of Israel, that I will put my name forever.
Na Manase faa ohoni a wasen, de kosii Onyankopɔn Asɔredan mu. Ɔde kosii beae koro no ara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo se, “Wobedi me din ni wɔ ha afebɔɔ, asɔredan yi mu ne Yerusalem, kuropɔn a mayi afi mmusuakuw a ɛwɔ Israel no nyinaa mu no.
8 I will not move the people of Israel any more out of the land that I assigned to their ancestors, if they will only be careful to keep all that I have commanded them, following all the law, statutes, and decrees which I gave them through Moses.”
Sɛ Israelfo di mʼahyɛde nyinaa so, me mmara a wɔnam Mose so mae no nyinaa so a, merentwa wɔn asu mfi asase a mede maa wɔn agyanom no so.”
9 Manasseh led Judah and the inhabitants of Jerusalem to do evil even more than the nations that Yahweh had destroyed before the people of Israel.
Nanso Manase dii ɔmanfo a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem anim maa wɔyɛɛ bɔnetraso sen abosonsom aman a Awurade sɛee wɔn, bere a Israelfo kɔɔ asase no so no.
10 Yahweh spoke to Manasseh, and to his people, but they paid no attention.
Awurade kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfo no, nanso wɔantie ne kɔkɔbɔ no mu biara.
11 So Yahweh brought on them the commanders of the army of the king of Assyria, who took Manasseh in chains, bound him with fetters, and took him off to Babylon.
Enti Awurade maa Asiriafo asraafo bɛfaa Manase yɛɛ no odeduani. Wɔde darewa hyɛɛ ne hwene mu, de kɔbere mfrafrae nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree no, de no kɔɔ Babilonia.
12 When Manasseh was in distress, he implored Yahweh, his God, and humbled himself greatly before the God of his ancestors.
Na bere a Manase wɔ ahokyere a emu yɛ den mu no, ɔpɛɛ Awurade, ne Nyankopɔn akyi kwan, na ɔde ahobrɛase su frɛɛ nʼagyanom Nyankopɔn.
13 He prayed to him; and God was begged by him, and God heard his begging and brought him back to Jerusalem, into his kingship. Then Manasseh knew that Yahweh was God.
Na bere a ɔbɔɔ mpae no, Awurade tiee no, na ne sufrɛ no kaa ne koma. Enti Awurade maa Manase san kɔɔ Yerusalem wɔ nʼahenni mu. Afei, Manase tee ase sɛ Awurade nko ara ne Onyankopɔn.
14 After this, Manasseh built an outer wall to the city of David, on the west side of Gihon, in the valley, to the entrance at the Fish Gate. He surrounded the hill of Ophel with it and raised the wall up to a very great height. He put courageous commanders in all the fortified cities of Judah.
Eyi akyi no, Manase san sisii Dawid kuropɔn abɔnten afasu; efi Gihon asuti atɔe fam a ɛwɔ Kidron bon mu, de kɔ Apataa Pon ano, kosi Ofel bepɔw so a wosi ma ɛkɔɔ soro yiye no. Na oduaa nʼasraafo mpanyimfo no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu.
15 He took away the foreign gods, the idol out of the house of Yahweh, and all the altars that he had built on the mount of the house of Yahweh and in Jerusalem, and threw them out of the city.
Manase san tutuu ananafo anyame fii mmepɔw no so. Ɔsan tutuu anyame ne ahoni no fii Awurade Asɔredan mu. Obubuu afɔremuka a wasisi wɔ bepɔw so, faako a Asɔredan no si, ne afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔkɔtow guu kuropɔn no mfikyiri.
16 He rebuilt the altar of Yahweh and offered on it sacrifices of fellowship offerings and thank offerings; he commanded Judah to serve Yahweh, the God of Israel.
Na ɔsan sii Awurade afɔremuka no, bɔɔ asomdwoe afɔre ne aseda afɔre wɔ so. Afei, ɔhyɛɛ Yuda manfo no nkuran sɛ, wɔnsom Awurade, Israel Nyankopɔn no.
17 However, the people still sacrificed at the high places, but only to Yahweh, their God.
Nanso na ɔmanfo no da so bɔ afɔre wɔ abosonsom nsɔree so, a na wɔbɔ ma Awurade wɔn Nyankopɔn no ara.
18 As to the other matters concerning Manasseh, his prayer to his God, and the words of the seers who spoke to him in the name of Yahweh, the God of Israel, behold, they are written among the deeds of the kings of Israel.
Manase adedi ho nsɛm nkae, ne mpae a ɔbɔɔ srɛɛ Onyankopɔn ne nsɛm a adehufo ka kyerɛɛ no wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn din mu no, wɔakyerɛw agu Israel ahemfo nhoma mu.
19 In that account there is history of his prayer, and how God was moved by it. There is also an account of all his sin and his trespasses, and the places where he had built high places and set up the Asherah poles and the carved figures, before he humbled himself—they are written about in the Chronicles of the Seers.
Manase mpae, ɔkwan a Onyankopɔn faa so buaa no, ne ne bɔne ne atoro a odii nyinaa ho nsɛm, wɔakyerɛw agu adehufo nhoma mu. Faako a osii abosonsom nsɔree so, sisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrenu ne ho no nso ka ho.
20 So Manasseh slept with his ancestors, and they buried him in his own house. Amon, his son, became king in his place.
Bere a Manase wui no, wosiee no wɔ nʼahemfi. Na ne babarima Amon na ɔyɛɛ ɔhene a odi hɔ.
21 Amon was twenty-two years old when he began to reign; he reigned two years in Jerusalem.
Bere a Amon dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien. Odii hene wɔ Yerusalem mfe abien.
22 He did what was evil in the sight of Yahweh, as Manasseh, his father, had done. Amon sacrificed to all the carved figures that Manasseh his father had made, and he worshiped them.
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Manase yɛe no. Ɔsom ahoni a nʼagya yɛe no nyinaa, bɔɔ afɔre maa wɔn.
23 He did not humble himself before Yahweh, as Manasseh his father had done. Instead, this same Amon trespassed more and more.
Nanso wansɛ nʼagya Manase, efisɛ wammrɛ ne ho ase amma Awurade. Mmom, Amon yɛɛ bɔne maa ɛtraa so.
24 His servants conspired against him and put him to death in his own house.
Akyiri no, Amon no ara mpanyimfo pam ne ti so, kum no wɔ nʼahemfi.
25 But the people of the land killed all those who had conspired against King Amon, and they made Josiah, his son, king in his place.
Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkum nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔw no, na wɔde ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene.

< 2 Chronicles 33 >