< 2 Chronicles 12 >

1 It came about, when Rehoboam's reign was established and he was strong, that he abandoned the law of Yahweh—and all Israel with him.
Rehoboam ahenni timii, na ɔyɛɛ den no, ɔne Israel nyinaa gyaw Awurade mmara.
2 It happened in the fifth year of King Rehoboam, that Shishak, king of Egypt, came up against Jerusalem, because the people had been unfaithful to Yahweh.
Esiane sɛ na wonni Awurade nokware no nti, afe a ɛto so anum wɔ ɔhene Rehoboam adedi mu no, Misraimhene Sisak kɔtow hyɛɛ Yerusalem so.
3 He came with twelve hundred chariots and sixty thousand horsemen. Soldiers without number came with him from Egypt: Libyans, Sukkites, and Cushites.
Ɔde nteaseɛnam apem ahannu, apɔnkɔsotefo mpem aduosia ne anammɔnmufo asraafo a wontumi nkan wɔn dodow a Libiafo, Sukifo ne Etiopiafo ka ho na wɔbae.
4 He captured the fortified cities that belonged to Judah and came to Jerusalem.
Sisak dii Yudafo nkurow a wɔabɔ ho ban no so nkonim, na otu teɛɛ sɛ ɔrekɔtow ahyɛ Yerusalem so nso.
5 Now Shemaiah the prophet came to Rehoboam and to the leaders of Judah who had gathered together to Jerusalem because of Shishak. Shemaiah said to them, “This is what Yahweh says: You have forsaken me, so I have also given you over into Shishak's hand.”
Odiyifo Semaia hyiaa Rehoboam ne Yuda mpanyimfo a Sisak nti, wɔaguan aba Yerusalem. Semaia ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea Awurade se ni! Moagyaw me nti, me nso meregyaw mo ama Sisak.”
6 Then the princes of Israel and the king humbled themselves and said, “Yahweh is righteous.”
Ɔhene no ne Israel mpanyimfo brɛɛ wɔn ho ase, kae se, “Awurade di bem sɛ ɔyɛɛ yɛn saa!”
7 When Yahweh saw that they had humbled themselves, the word of Yahweh came to Shemaiah, saying, “They have humbled themselves. I will not ruin them; I will rescue them to some extent, and my anger will not pour out on Jerusalem by means of Shishak's hand.
Awurade huu sɛ wɔanu wɔn ho no, ɔde saa nkra yi somaa Semaia: “Esiane sɛ nnipa no abrɛ wɔn ho ase nti, merensɛe wɔn korakora na ɛrenkyɛ, mɛma wɔn ahomegye. Meremfa Sisak so nna mʼabufuw adi wɔ Yerusalem so.
8 Nevertheless, they will be his servants, so that they may understand what it is to serve me and to serve the rulers of the other countries.”
Nanso wɔbɛyɛ nʼasomfo sɛnea ɛbɛkyerɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsom me sen sɛ wɔbɛsom wiase ahemfo.”
9 So Shishak, king of Egypt came up against Jerusalem and took away the treasures in the house of Yahweh, and the treasures in the king's house. He took everything away; he also took the shields of gold that Solomon had made.
Enti Misraimhene Sisak baa Yerusalem bɛsesaw agyapade a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ nneɛma a Salomo sikakɔkɔɔ nkatabo no nyinaa ka ho.
10 King Rehoboam made shields of bronze in their place and entrusted them into the hands of the commanders of the guard, who guarded the doors to the king's house.
Akyiri no, ɔhene Rehoboam de kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfi awɛmfo nsa sɛ wɔnhwɛ so.
11 It happened that whenever the king entered the house of Yahweh, the guards would carry them; then they would bring them back into the guardhouse.
Bere biara a ɔhene no bɛkɔ Awurade Asɔredan no mu no, awɛmfo no soa kɔ hɔ bi, na sɛ owie na ɔreba a, wɔsan de begu awɛmfo dan no mu.
12 When Rehoboam humbled himself, Yahweh's anger turned away from him, so as not to destroy him completely; besides, there was still some good to be found in Judah.
Esiane sɛ Rehoboam brɛɛ ne ho ase nti, Awurade abufuw no fii ne so, nti wansɛe no korakora. Ɛmaa yiyedi kɔɔ so wɔ Yuda asase so.
13 So King Rehoboam made his kingship strong in Jerusalem, and thus he reigned. Rehoboam was forty-one years old when he began to reign, and he reigned for seventeen years in Jerusalem, the city that Yahweh had chosen from all the tribes of Israel so that he might put his name there. His mother's name was Naamah the Ammonite woman.
Ɔhene Rehoboam timii wɔ Yerusalem, na ɔtoaa so dii hene. Bere a odii ade no, na wadi mfirihyia aduanan baako. Na odii ade mfirihyia dunson wɔ Yerusalem, kuropɔn a Awurade ayi afi Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɛhɔ na wɔbɛhyɛ ne din anuonyam no. Na Rehoboam na din de Naama a ofi Amon.
14 He did what was evil, because he did not fix his heart to seek Yahweh.
Na ɔyɛ ɔhene bɔne, efisɛ wamfa ne koma nyinaa anhwehwɛ Awurade akyi kwan.
15 As for the other matters concerning Rehoboam, first and last, are they not written in the writings of Shemaiah the prophet and of Iddo the seer, which also have records of genealogies and the constant wars between Rehoboam and Jeroboam?
Wɔankyerɛw Rehoboam ahenni ho nsɛm nkae no a efi mfiase kosi awiei no wɔ odiyifo Semaia nhoma ne nhumuni Ido nhoma a ɛyɛ awo ntoatoaso nhoma no fa bi mu ana? Bere biara, na akokoakoko wɔ Rehoboam ne Yeroboam ntam.
16 Rehoboam slept with his ancestors and was buried in the city of David; Abijah his son became king in his place.
Bere a Rehoboam wui no, wosiee no wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Abia dii nʼade sɛ ɔhene.

< 2 Chronicles 12 >