< 1 Samuel 30 >

1 It came about, when David and his men had come to Ziklag on the third day, that the Amalekites had made a raid upon the Negev and on Ziklag. They attacked Ziklag, burned it,
Nnansa so, Dawid ne ne mmarima kɔduruu Siklag. Na Amalekfoɔ abɛto ahyɛ Negeb so ahye Siklag pasaa.
2 and captured the women and everyone who was in it, both small and great. They killed no one, but carried them off as they went on their way.
Wɔkyekyeree mmaa ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa a ɛyɛ mmɔfra ne mpanin. Wɔankum wɔn mu biara, na mmom, wɔsoaa wɔn de wɔn kɔeɛ.
3 When David and his men came to the city, it was burned, and their wives, their sons, and their daughters were taken captive.
Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no hunuu sɛdeɛ Siklag asɛeɛ ne asɛm a ato wɔn abusuafoɔ no,
4 Then David and the people that were with him raised their voices and wept until they had no more power to weep.
wɔtwaa agyaadwoɔ ara kɔsii sɛ afei na wɔntumi ntwa agyaadwoɔ no bio.
5 David's two wives were taken captive, Ahinoam the Jezreelite woman, and Abigail the wife of Nabal the Carmelite.
Dawid yerenom baanu a wɔne Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail a na ɔyɛ Nabal yere no ka wɔn a wɔsoaa wɔn kɔeɛ no ho.
6 David was greatly distressed, for the people were talking about stoning him, for all the people were bitter in spirit, each man for his sons and daughters; but David strengthened himself in Yahweh, his God.
Dawid ho yeraa no yie, ɛfiri sɛ, na mmarima no adwene ho sɛ wɔbɛsi no aboɔ, ɛsiane, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa a wɔakyekye wɔn no enti. Nanso, Dawid nyaa ahoɔden wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu.
7 David said to Abiathar son of Ahimelech, the priest, “I beg you, bring the ephod here for me.” Abiathar brought the ephod to David.
Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar, sɛ, “Fa asɔfotadeɛ no brɛ me.” Na Abiatar de baeɛ.
8 David prayed to Yahweh for direction, saying, “If I pursue after this troop, will I overtake them?” Yahweh answered him, “Pursue, for you will certainly overtake them, and you will surely recover everything.”
Na Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menti ɛdɔm no anaa? Mɛto wɔn anaa?” Awurade buaa no sɛ, “Aane, ti wɔn. Na biribiara a wɔafa afiri mo nkyɛn no, mo nsa bɛka ne nyinaa.”
9 So David went, he and the six hundred men who were with him; they came to the brook Besor, where those who were left behind stayed.
Enti, Dawid ne ne mmarima ahansia no sii ɛkwan so. Ankyɛre biara na wɔduruu Besor asuwa no so.
10 But David kept pursuing, he and four hundred men; for two hundred had stayed behind, who were so weak that they could not go over the brook Besor.
Nanso, mmarima no mu ahanu deɛ, na wɔabrɛbrɛ yie enti, wɔantumi antwa asuo no. Ɛno enti, Dawid de akodɔm ahanan a wɔaka no toaa so.
11 They found an Egyptian in a field and brought him to David; they gave him bread, and he ate; they gave him water to drink;
Dawid akodɔm no bi hunuu Misraimni barima bi wɔ wiram hɔ na wɔde no brɛɛ Dawid. Wɔmaa no burodo sɛ ɔnni ne nsuo sɛ ɔnnom.
12 and they gave him a piece of a cake of figs and two clusters of raisins. When he had eaten, he gained strength again, for he had eaten no bread nor drunk any water for three days and three nights.
Wɔsane maa no borɔdɔma ɔfam sin bi ne bobe aba abɔnta, ɛfiri sɛ, na hwee nkaa nʼano nnansa awia ne anadwo. Ankyɛre na ɔnyaa ahoɔden.
13 David said to him, “To whom do you belong? Where do you come from?” He said, “I am a young man of Egypt, servant to an Amalekite; my master left me because three days ago I fell sick.
Dawid bisaa no sɛ, “Hwan onipa ne wo, na wofiri he?” Ɔbuaa sɛ, “Meyɛ Misraimni, na Amalekni bi akoa ne me. Nnansa ni na me wura gyaa me hɔ, ɛfiri sɛ, na meyare.
14 We made a raid on the Negev of the Kerethites, and what belongs to Judah, and the Negev of Caleb, and we burned Ziklag.”
Yɛkɔtuaa Keretifoɔ wɔ Negeb a ɛyɛ Yudaman wɔ Kaleb asase so, na yɛhyee Siklag nkyɛreeɛ.”
15 David said to him, “Will you bring me down to this raiding party?” The Egyptian said, “Swear to me by God that you will not kill me or betray me up into the hands of my master, and I will bring you down to this raiding party.”
Dawid bisaa no sɛ, “Enti, wobɛdi mʼanim akɔ wɔn nkyɛn?” Aberanteɛ no buaa sɛ, “Sɛ wode Onyankopɔn din bɛka ntam sɛ worenkum me anaa worensane mfa me mma me wura deɛ a, ɛnneɛ, mɛdi wʼanim de wo akɔ.”
16 When the Egyptian had brought David down, the raiders were spread out over all the ground, eating and drinking and dancing because of all the booty they had taken out of the land of the Philistines and from the land of Judah.
Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfoɔ no atenaeɛ. Ɛberɛ a Dawid ne ne mmarima no duruu hɔ no, na Amalekfoɔ no ahwete wɔ ɛserɛ no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛ resa, ɛfiri sɛ, na wɔanya asadeɛ bebree afiri Filistifoɔ nkyɛn ne Yuda asase so.
17 David attacked them from the twilight to the evening of the next day. Not a man escaped except for four hundred young men, who rode on camels and fled.
Dawid ne ne mmarima to hyɛɛ wɔn so, kunkumm wɔn wɔ akofena ano anadwo mu no nyinaa, kɔsii adekyeeɛ no anwummerɛ. Amalekfoɔ no mu biara antumi annwane, agye mmarima ahanan a wɔtenatenaa nyoma so dwaneeɛ no.
18 David recovered all that the Amalekites had taken; and David rescued his two wives.
Dawid gyee biribiara a Amalekfoɔ no faeɛ, sane gyee ne yerenom baanu no.
19 Nothing was missing, neither small nor great, neither sons nor daughters, neither booty, nor anything that the raiders had taken for themselves. David brought back everything.
Biribiara anyera: sɛ ɛyɛ ketewa anaa kɛseɛ, ɔbabarima anaa ɔbabaa anaa biribiara a wɔfom faeɛ no, Dawid de ne nyinaa sane baeɛ.
20 David took all the flocks and the herds, which the men drove ahead of the other cattle. They said, “This is David's booty.”
Nʼakodɔm no kaa nnwan ne anantwie no so, de wɔn baeɛ. Na wɔkaa sɛ, “Yeinom nyinaa wɔ Dawid sɛ nʼadwuma pa so akatua.”
21 David came to the two hundred men who had been too weak to follow him, the ones the others had made to stay at the brook Besor. These men went ahead to meet David and the people who were with him. When David came to these people, he greeted them.
Na wɔduruu Besor asuwa no so na wɔhunuu mmarima ahanu a ɔbrɛ dodoɔ enti, wɔantumi ne wɔn ankɔ no. Dawid kyeaa wɔn anigyeɛ so.
22 Then all the wicked men and worthless fellows among those who had gone with David said, “Because these men did not go with us, we will not give them any of the booty that we have recovered. Except that each man may take his wife and children, lead them away, and go.”
Nanso, Dawid mmarima no mu asɛmpɛfoɔ bi kaa sɛ, “Wɔne yɛn ankɔ enti, wɔrennya asadeɛ no bi. Momfa wɔn yerenom ne wɔn mma mma wɔn, na monka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔmfiri yɛn ani so nkɔ.”
23 Then David said, “You must not act like this, my brothers, with what Yahweh has given to us. He has preserved us and given into our hand the raiders who came against us.
Nanso, Dawid kaa sɛ, “Dabi, anuanom! Monnyɛ deɛ Awurade de ama yɛn no ho pɛsɛmenkomenya. Wakora yɛn so, aboa yɛn ama yɛadi yɛn atamfoɔ so nkonim.
24 Who will listen to you in this matter? For as the share is for anyone who goes into battle, so also will the share be for anyone who waits by the baggage; they will share and share alike.”
Mogye di sɛ sɛ moka no saa a, obi bɛtie mo? Sɛ yɛrekyɛ a, momma yɛnkyɛ no pɛ mma wɔn a wɔkɔ sa ne wɔn a wɔhwɛ akodeɛ so nyinaa.”
25 It has been so from that day to this day, for David made it a statute and a decree for Israel.
Ɛfiri saa ɛberɛ no, Dawid yɛɛ yei mmara, maa Israel nyinaa na wɔgu so di so saa ara de bɛsi ɛnnɛ.
26 When David came to Ziklag, he sent some of the booty to the elders of Judah, to his friends, saying, “See, here is a present for you from the booty from Yahweh's enemies.”
Ɛberɛ a Dawid duruu Siklag no, ɔsoma maa wɔde asadeɛ no bi kɔmaa Yuda mpanimfoɔ a na wɔyɛ ne nnamfonom kaa sɛ, “Mo akyɛdeɛ a yɛfa firi Awurade atamfoɔ nsam nie.”
27 He also sent some to the elders who were in Bethel, and to those who were in Ramoth of the South, and to those who were in Jattir,
Wɔde akyɛdeɛ no kɔmaa ntuanofoɔ a wɔwɔ Bet-El, Ramot a ɛwɔ anafoɔ fam, Yatir.
28 and to those who were in Aroer, and to those who were in Siphmoth, and to those who were in Eshtemoa.
Aroer, Sifmot, Estemoa,
29 He also sent some to the elders who were in Rakal, and to those who were in the cities of the Jerahmeelites, and to those who were in the cities of the Kenites,
Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelfoɔ nkuro mu ne wɔn a wɔwɔ Kenifoɔ kuro mu,
30 and to those who were in Hormah, and to those who were in Bor Ashan, and to those who were in Athak,
ne wɔn a wɔwɔ Horma, Bor-Asan, Atak,
31 and to those who were in Hebron, and to all the places where David himself and his men habitually went.
Hebron ne mmeaemmeae a Dawid ne ne mmarima kyinkyinii hɔ nyinaa.

< 1 Samuel 30 >