< 1 Samuel 1 >

1 There was a certain man of Ramathaim of the Zuphites, of the hill country of Ephraim; his name was Elkanah son of Jeroham son of Elihu son of Tohu son of Zuph, an Ephraimite.
Na ɔbarima bi fi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nena nso. Na wofi Tohu fi, a ɛwɔ Suf abusua mu.
2 He had two wives; the name of the first was Hannah, and the name of the second was Peninnah. Peninnah had children, but Hannah had none.
Na Elkana wɔ yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina wɔ mma. Hana de, na onni ba.
3 This man went from his city year after year to worship and to sacrifice to Yahweh of hosts in Shiloh. The two sons of Eli, Hophni and Phinehas, priests to Yahweh, were there.
Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafo kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔre ma Asafo Awurade wɔ Awurade fi. Na Eli mmabarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ Awurade asɔfo wɔ hɔ saa bere no.
4 When the day came for Elkanah to sacrifice each year, he always gave portions of the meat to Peninnah his wife, and to all her sons and her daughters.
Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔre no, ɔde nam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara.
5 But to Hannah he always gave a double portion, for he loved Hannah, although Yahweh had closed her womb.
Nanso Hana de, na ne kyɛfa yɛ sononko, efisɛ na ɔdɔ no yiye.
6 Her rival provoked her severely in order to irritate her, because Yahweh had closed her womb.
Nanso na Awurade ato nʼawode mu nti, na Penina di ne ho fɛw.
7 So year after year, when she went up to the house of Yahweh with her family, her rival always provoked her. Therefore she used to weep and eat nothing.
Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Bere biara a wɔbɛkɔ Awurade fi no, Penina bɔ Hana akutia. Na eyi ma Hana su na onnidi mpo.
8 Elkanah her husband always said to her, “Hannah, why do you weep? Why do you not eat? Why is your heart sad? Am I not better to you than ten sons?”
Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no se, “Hana, adɛn na woresu? Adɛn nti na wunnidi? Adɛn nti na wo werɛ ahow? So mensom bo mma wo nsen sɛ anka wowɔ mmabarima du mpo?”
9 On one of these occasions, Hannah rose up after they had finished eating and drinking in Shiloh. Now Eli the priest was sitting upon his seat by the doorway to the temple of Yahweh.
Da koro bi a na wɔwɔ Silo no, Hana fii adi anwummere bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ Awurade fi akɔbɔ mpae. Na ɔsɔfo Eli te baabi a ɔtena daa wɔ Awurade fi pon ano hɔ.
10 She was deeply distressed; she prayed to Yahweh and wept bitterly.
Hana fi awerɛhow a ano yɛ den mu sui, bere a na ɔrebɔ Awurade mpae.
11 She made a vow and said, “Yahweh of hosts, if you will look on the affliction of your servant and call me to mind, and do not forget your servant, but give your servant a son, then I will give him to Yahweh all the days of his life, and no razor will ever touch his head.”
Na ɔhyɛɛ bɔ se, “Ao Asafo Awurade, sɛ wobɛhwɛ wo somfo awerɛhowdi so, na woatie me mpaebɔ ama me ɔbabarima a, ɛno de mede no bɛsan ama wo. Ne nna a obedi nyinaa ɔbɛyɛ wo de. Nea ɛbɛyɛ adansedi sɛ wɔde no ama Awurade ne sɛ wɔremfa oyiwan nka ne ti da.”
12 As she continued praying before Yahweh, Eli watched her mouth.
Ogu so rebɔ mpae no, na Eli hwɛ no.
13 Hannah spoke in her heart. Her lips moved, but her voice was not heard. Therefore Eli thought she was drunk.
Ohuu sɛ ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuw sɛ wanom nsa.
14 Eli said to her, “How long will you be drunk? Get rid of your wine.”
Obisaa no se, “Ɛsɛ sɛ woba ha bere a woabow nsa ana? Ma wʼani nna hɔ!”
15 Hannah answered, “No, my master, I am a woman of a sorrowful spirit. I have drunk neither wine nor strong drink, but I have been pouring out my soul before Yahweh.
Na Hana buae se, “Dabi, me wura, memmow nsa, na mmom, me werɛ na ahow nti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ Awurade.
16 Do not consider your servant to be a shameless woman; I have been speaking out of the abundance of my great concern and provocation.”
Mesrɛ wo, mfa no sɛ meyɛ ɔbea omumɔyɛfo. Na anibere ne awerɛhow so na merebɔ mpae.”
17 Then Eli answered and said, “Go in peace; may the God of Israel grant the request that you have asked him for.”
Eli buae se, “Fa asomdwoe kɔ! Israel Nyankopɔn nyɛ wʼabisade mma wo.”
18 She said, “Let your servant find favor in your eyes.” Then the woman went her way and ate; her face was no longer sad.
Hana teɛ mu se, “Ma wʼafenaa nya wʼanim anuonyam a, awura” Ɔsan kɔ kodidii, na wanni awerɛhow bio.
19 They rose early in the morning and worshiped before Yahweh, and then they returned again to their house in Ramah. Elkanah slept with Hannah his wife, and Yahweh called her to mind.
Ade kyee anɔpahema no, ofi no mu nnipa sɔre kɔsom Awurade bio. Afei, wɔsan kɔɔ Rama. Bere a Elkana de ne ho kaa Hana no, Awurade kaee Hana adebisa no,
20 When the time came, Hannah conceived and gave birth to a son. She called his name Samuel, saying, “Because I have asked for him from Yahweh.”
na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no din Samuel na ɔkae se, “Mibisaa no fii Awurade nkyɛn.”
21 Once again, Elkanah and all his house went up to offer to Yahweh the yearly sacrifice and pay his vow.
Afe akyi no, Elkana, Penina, ne wɔn mma kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ afirihyia afɔre ama Awurade.
22 But Hannah did not go; she had said to her husband, “I will not go until the child is weaned; then I will bring him, so that he may appear before Yahweh and live there forever.”
Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu se, “Sɛ abofra no twa nufu a, mede no bɛkɔ Awurade fi na makogyaw no wɔ hɔ ama Awurade afebɔɔ.”
23 Elkanah her husband said to her, “Do what seems good to you. Wait until you have weaned him; only, may Yahweh confirm his word.” So the woman stayed and nursed her son until she weaned him.
Elkana kae se, “Nea wugye di sɛ eye ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa; na Awurade mmoa wo mma wunni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbea no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no.
24 When she had weaned him, she took him with her, along with a three-year-old bull, one ephah of meal, and a bottle of wine, and brought him to the house of Yahweh in Shiloh. Now the child was still young.
Otwaa no nufu wiei no, ɔde no kɔɔ Awurade asɔre fi wɔ Silo. Wɔde nantwinini a wadi mfe abiɛsa ne esiam lita dunsia ne bobesa kakra bae.
25 They killed the bull, and they brought the child to Eli.
Wɔde nantwinini no bɔɔ afɔre wiee no, wɔde abofra no brɛɛ Eli.
26 She said, “Oh, my master! As you live, my master, I am the woman who stood here next to you praying to Yahweh.
Hana kae se, “Owura mesrɛ wo. Sɛ wote ase yi, mene ɔbea a obegyinaa wo ho bɔɔ Awurade mpae no.
27 For this child I prayed and Yahweh has given me my petition which I asked of him.
Mebɔɔ saa abofra yi ho mpae, na Awurade ayɛ mʼabisade ama me.
28 I have given him to Yahweh, as long as he lives he is lent to Yahweh.” Then he worshiped Yahweh there.
Enti mprempren, mede abofra yi rema Awurade. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ Awurade dea.” Na ɔsom Awurade wɔ hɔ.

< 1 Samuel 1 >