< 1 Kings 10 >

1 When the queen of Sheba heard of Solomon's fame concerning the name of Yahweh, she came to test him with hard questions.
Ɛberɛ a Sebahemmaa tee Salomo edin a ahyeta na ɛhyɛ Awurade din animuonyam no, ɔde nsɛmmisa a anoyie yɛ den bɛsɔɔ Salomo hwɛeɛ.
2 She came to Jerusalem with a very long caravan, with camels loaded with spices, much gold, and many precious gemstones. When she arrived, she told Solomon all that was in her heart.
Ɔde nʼasomfoɔ a wɔdɔɔso yie kaa ne ho baa Yerusalem. Na nyoma a wɔsoso nnuhwam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔdemmoɔ ka wɔn ho. Ɛberɛ a ɔhyiaa Salomo no, wɔdwennwenee nsɛm bebree a na ɛwɔ ɔhemmaa ani so no ho.
3 Solomon answered all her questions. There was nothing she asked that the king did not answer.
Wɔdii biribiara a enti ɔbaa saa nsrahwɛ no ho nkɔmmɔ, maa Salomo yii ne nsɛmmisa biara ano sɛdeɛ ɛsɛ.
4 When the queen of Sheba saw all Solomon's wisdom, the palace that he had built,
Seba Ɔhemmaa hunuu nyansa a Salomo wɔ ne ahemfie a wasi no,
5 the food on his table, the seating of his servants, the work of his servants and their clothing, also his cupbearers, and the manner in which he offered burnt offerings in the house of Yahweh, there was no more breath in her.
ne ho dwirii no. Nnuane a ɔhunuu sɛ ɛsisi ne didipono so no yɛɛ no nwanwa. Sɛdeɛ na wahyehyɛ ne fie so ahwɛfoɔ no ne wɔn ntadeɛ papa bi a ɛhyehyɛ wɔn, ne sɛdeɛ nkuruwakurafoɔ ne wɔn ntadeɛ yuu ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a Salomo bɔɔ no Awurade Asɔredan mu hɔ no yɛɛ no ahodwirie.
6 She said to the king, “It is true, the report that I heard in my own land of your words and your wisdom.
Ɔhemmaa no firii ahodwirie mu ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Nsɛm a metee wɔ me ɔman mu a ɛfa dwuma a woatumi adi ne wo nyansabunu ho no nyinaa yɛ nokorɛ!
7 I did not believe what I heard until I came here, and now my eyes have seen it. Not half was told me about your wisdom and wealth! You have exceeded the fame that I heard about.
Na mennye nni kɔsii sɛ mebɛduruu ha a mʼankasa mede mʼani abɛhunu yi. Nokorɛm, sɛɛ mannte asɛm no mu fa mpo. Wo nyansa ne wo nkɔsoɔ no boro deɛ wɔka kyerɛɛ me no so koraa.
8 How blessed are your wives, and how blessed are your servants who constantly stand before you, because they hear your wisdom.
Anigyeɛ bɛn na saa nnipa yi renya? Adom bɛn na wo mpanimfoɔ a wɔne wowɔ ha anɔpa ne awia tie wo renya mfiri wo nyansa yi mu?
9 May Yahweh your God be praised, who has taken pleasure in you, who placed you on the throne of Israel. Because Yahweh loved Israel forever, he has made you king, for you to do justice and righteousness!”
Awurade, wo Onyankopɔn no yɛ kɛseɛ ampa. Nʼani gye wo ho, enti ɔde wo asi Israel ahennwa so. Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a Awurade de dɔ Israel no yɛ ɔdɔ a ɛnsa da. Wasi wo ɔhene sɛ wode atɛntenenee ne teneneeyɛ bɛbu ɔman no.”
10 She gave the king 120 talents of gold and a large amount of spices and precious stones. No greater amount of spices as these that the queen of Sheba gave to King Solomon was ever given to him again.
Na ɔkyɛɛ ɔhene no sikakɔkɔɔ tɔno 4 ne fa, nnuhwan bebree ne aboɔdemmoɔ. Obiara ammfa nnuhwam dodoɔ saa ammɛkyɛ Salomo bio, sɛdeɛ Sebahemmaa de bɛkyɛɛ no no.
11 The fleet of Hiram, which brought gold from Ophir, also brought from Ophir a large amount of almug wood and precious stones.
Nanso, ɛberɛ a Huram ahyɛn no firi Ofir de sikakɔkɔɔ baeɛ no, na samfona nnua bebree ne aboɔdemmoɔ ka ho.
12 The king made almug wood pillars for the temple of Yahweh and for the king's palace, and harps and lyres for the singers. No such quantity of almug wood has ever come or been seen again to this day.
Ɔhene de samfona nnua no yɛɛ aforoeɛ wɔ Awurade Asɔredan ne ahemfie no mu, ɛnna ɔde bi yɛɛ asankuo ne mmɛnta maa nnwomsiaafoɔ. Ɛbɛsi saa ɛberɛ no ne saa ɛberɛ no akyi, na obiara mfaa samfona nnua a ɛyɛ fɛ saa nkɔɔ hɔ da.
13 King Solomon gave to the queen of Sheba everything she wished for, whatever she asked, in addition to what Solomon gave her of his royal bounty. So she returned to her own land with her servants.
Biribiara a Sebahemmaa bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no kaa deɛ amanneɛ enti, ɔnam ayamyɛ so de maa no no ho. Ɛno akyi, Sebahemmaa ne nʼasomfoɔ no sane kɔɔ wɔn kurom.
14 Now the weight of gold that came to Solomon in one year was 666 talents of gold,
Afe biara, na Salomo nya sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 25.
15 besides the gold that the traders and merchants brought. All the kings of Arabia and the governors in the country also brought gold and silver to Solomon.
Adwadeɛ a na ɔnya firi adwadifoɔ, Arabia ahemfo ne asase no so amradofoɔ no nkyɛn nka ho.
16 King Solomon made two hundred large shields of beaten gold. Six hundred shekels of gold went into each one.
Ɔhene Salomo maa wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro, yɛɛ akyɛm akɛseɛ ahanu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram nson.
17 He also made three hundred shields of beaten gold. Three minas of gold went into each shield; the king put them into the Palace of the Forest of Lebanon.
Ɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ akokyɛm nketewa ahasa a wɔde hamre boroeɛ a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa akokyɛm yi wɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu.
18 Then the king made a great throne of ivory and overlaid it with the finest gold.
Na ɔhene no de asonse yɛɛ ahennwa kɛseɛ bi, na ɔde sikakɔkɔɔ amapa huraa ho.
19 There were six steps to the throne, and the back of it had a rounded top. There were armrests on each side of the seat, and two lions standing beside the armrests.
Na ahennwa no wɔ atwedeɛ ntiasoɔ nsia na nʼakyi yɛ kurukuruwa. Ahennwa no wɔ nsa wɔ benkum ne nifa, na wɔayɛ agyata sɛso mmienu asisi hɔ.
20 Twelve lions stood on the steps, one on each side of each of the six steps. There was no throne like it in any other kingdom.
Salomo sane yɛɛ agyata sɛso dumienu a ɔbaako biara gyina atwedeɛ ntiasoɔ nsia no mu biara benkum ne nifa. Ahennwa biara nni ewiase a wɔbɛtumi de atoto Salomo deɛ no ho.
21 All King Solomon's drinking cups were gold, and all the drinking cups in the Palace of the Forest of Lebanon were of pure gold. None were silver, because silver was not considered valuable in Solomon's days.
Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ amapa na wɔde yɛeɛ. Saa ara na nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu no nso teɛ. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, ɛfiri sɛ, Salomo berɛ so no, na wɔbu dwetɛ ade teta bi.
22 The king had at sea a fleet of oceangoing ships, along with the fleet of Hiram. Once every three years the fleet brought gold, silver, and ivory, as well as apes and baboons.
Na ɔhene no wɔ ɛpo so adwadihyɛn bebree a ɛne Huram deɛ no yɛ adwuma bɔ mu. Mfeɛ mmiɛnsa biara, ahyɛn no ba prɛko a sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nkaatia, nkontromfi ne kohaa ahyehyɛ wɔn ma.
23 So King Solomon exceeded all the kings of the world in riches and in wisdom.
Enti, ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefoɔ ne onyansafoɔ sene ɔhene biara wɔ asase so nyinaa.
24 All the earth sought the presence of Solomon in order to hear his wisdom, which God had put in his heart.
Ahemfo fifiri aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi.
25 Those who visited brought tribute, vessels of silver and of gold, and clothes, armor, and spices, as well as horses and mules, year after year.
Afe biara mu, obiara a ɔbɛba abɛsra no no brɛ no akyɛdeɛ te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntadeɛ, akodeɛ, nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumpɔnkɔ.
26 Solomon gathered together chariots and horsemen. He had 1,400 chariots and twelve thousand horsemen that he stationed in the chariot cities and with himself in Jerusalem.
Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahanan ne apɔnkɔ ɔpedumienu. Ɔde emu fa kɛseɛ guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so ɛnna ɔmaa ebi nso kaa Yerusalem.
27 The king had silver in Jerusalem, as much as the stones on the ground. He made cedar wood to be as abundant as the sycamore fig trees that are in the lowlands.
Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ aboɔ wɔ Yerusalem. Na ntweneduro nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ akyee nnua a ɛfifiri wɔ mmepɔ ase wɔ Yuda asase so.
28 The horses that belonged to Solomon were imported from Egypt, and Kue and the king's merchants purchased them from Kue.
Na wɔkra Salomo apɔnkɔ no firi Misraim ne Kilikia, ɛfiri sɛ, na ɔhene adwadifoɔ no nya no yie wɔ Kilikia.
29 Chariots were purchased out of Egypt for six hundred shekels of silver each, and horses for 150 shekels each. Many of these were then sold to all the kings of the Hittites and Aram.
Saa ɛberɛ no, na wɔtumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbena kilogram nson, na apɔnkɔ nso, wɔtumi tɔ no nnwetɛbena kilogram mmienu. Wɔn nso kɔtontɔnn wɔn mu pii nso maa Hetifoɔ ne Aram ahemfo.

< 1 Kings 10 >