< Leviticus 23 >
1 Yahweh said to Moses/me,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 “Tell the Israeli people about the festivals that I have chosen, the days when you all must gather together [to worship me].”
“Ma Israelfoɔ nte sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wɔdi Awurade afahyɛ ahodoɔ no mmerɛ a Israelfoɔ nyinaa bɛhyia asom me no.
3 “You may work for six days [each week], but on the seventh day you must not do any work. You must rest. It is a sacred/holy day when you must gather together [to worship me]. Wherever you live, you must rest on that day.”
“‘Mowɔ nna nsia a mode yɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ Homeda a mode home, ɛda a moyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara wɔ baabi a moteɛ. Ɛyɛ Homeda ma Awurade.
4 “There are festivals that I have established for you. Those will also be sacred/holy days when you must gather together [to worship me].
“‘Yeinom ne Awurade apontoɔ, nhyiamu kronkron a ɛsɛ sɛ mobɔ ho dawuro wɔ ɛberɛ a wɔahyɛ:
5 [The first festival is] (the Passover/when you remember that I spared your ancestors when I killed all the firstborn Egyptian sons). That festival will begin at twilight/dusk/sunset on the chosen day (each spring/in March or April each year), [and end on the following day].
Wɔfiri Awurade Twam Afahyɛ no ase wɔ ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda ɛtɔ so dunan no anwummerɛ.
6 The next day, the Festival of Eating Bread That Has No Yeast will begin. That festival will continue for seven days. During that time, the bread that you eat must be made without yeast.
Awurade Apiti Afahyɛ nso, wɔfiri aseɛ saa ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so dunum; na mobɛdi apiti nnanson.
7 On the first day of that festival, you all must stop your regular work and you must gather together [to worship me].
Ɛda a ɛdi saa afahyɛ yi ɛkan no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron, na monnyɛ adwuma biara.
8 On each of the seven days, you must present to me [several animals to be] an offering/sacrifice to be completely burned [on the altar]. On the seventh day, you all must again stop your regular work and gather to worship me.”
Nnanson no mu no, mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade ɛda biara. Na ɛda a ɛtɔ so nson no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron a obiara renyɛ adwuma.’”
9 Yahweh also told Moses/me
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
10 to tell the Israeli people [about other festivals]. He said, “When you arrive in the land which I am giving to you, and you harvest your crops [for the first time] there, bring to the priest some of the first grain that you harvest.
“Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ moduru asase a mede bɛma mo no so na motwa mo nnɔbaeɛ a, momfa nnɔbaeɛ afiafi no mu baako nkɔma ɔsɔfoɔ.
11 On the day after the [next] Sabbath/rest day, the priest will lift it up [high to dedicate it] to me, in order that I will accept it as your [gift].
Ɔbɛhim no wɔ Awurade anim de akyerɛ sɛ ɔde rema no na Awurade bɛgye sɛ mo akyɛdeɛ.
12 That same day, you must sacrifice to me a one-year-old male lamb that has no defects. You must burn it [on the altar].
Ɛda no ara, mode odwennini a wadi afe a ɔnnii dɛm bɛbɔ Awurade ɔhyeɛ afɔdeɛ,
13 You must also burn an offering of grain. That offering must consist of (three quarts/3.5 liters) of good flour mixed with [olive] oil. The smell [of those things burning] will be very pleasing to me. Along with that, you must also offer one quart/liter of wine, which will be a liquid offering.
ne nʼaduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ esiam kilogram mmiɛnsa a wɔde ngo afra. Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa dɛɛdɛ ma Awurade. Wɔde nsã lita ɛnan ne fa afɔrebɔdeɛ bɛka ho.
14 Do not eat any bread or any roasted grain or unroasted grain on that day until after you have brought those offerings to me, your God. You must always obey [LIT] those commands, wherever you live.”
Ɛnsɛ sɛ modi burodo biara, sɛ ɛyɛ aduane a wɔato anaa ɛyɛ foforɔ, kɔsi ɛda a mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛbrɛ mo Onyankopɔn. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.
15 “Seven weeks after the priest offers that grain to me,
“‘Homeda no akyi ɛda a ɛdi ɛkan a wɔmaa atokoɔ afiafi mu baako so him no Awurade anim sɛ afɔrebɔdeɛ no, mobɛfiti aseɛ abubu nnawɔtwe nson.
16 on the next/50th day after he offers it, [each family] must bring to me an offering from the new crop of grain.
Monkan adaduonum a ɛkɔsi homeda a ɛtɔ so nson no akyi ɛda koro na momfa atokoɔ foforɔ mmɛbɔ afɔdeɛ mma Awurade.
17 From your homes, bring two loaves of bread [to the priest]. He will lift them up [high to dedicate them] as an offering to me. Those loaves must be baked from three quarts/liters of good flour that has yeast mixed with it. That bread will be an offering to me from the first wheat that you harvest [each year].
Yei bɛyɛ burodo mmienu a mode bɛfiri mo afie mu bɛba. Na wɔbɛhim no wɔ Awurade anim sɛ afɔrebɔ no. Momfa asikyiresiam lita ɛnan a wɔde mmɔreka afra nto saa burodo yi. Ɛyɛ mo aduane a ɛdi ɛkan afɔrebɔdeɛ a mode rema Awurade.
18 Along with this bread, you must present to me seven one-year-old lambs with no defects, one young bull, and two rams. They must all be completely burned [on the altar]. All those offerings, with the grain offering and the wine offering, will be burned, and the smell [of all those things burning] will be very pleasing to me.
Mode burodo ne nsã bɛka nnwan mma nson a wɔadi afe a ɛdɛm biara nni wɔn ho ne nantwie ba baako ne nnwennini mmienu ho abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade. Yeinom nyinaa yɛ ogya afɔrebɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani yie.
19 Then you must also kill one male goat to be an offering/sacrifice for your sins, and two one-year-old male lambs to be an offering to enable you to maintain fellowship with me.
Mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ. Na mode nnwammaa mmienu a wɔn mu biara adi afe no abɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
20 The priest will lift up these offerings [high to dedicate them] to me. He will also offer the loaves of bread that were baked from the first wheat that you harvest. Those offerings are sacred to me, but they are for the priests [to eat].
Asɔfoɔ no bɛhim saa afɔrebɔdeɛ yi ne burodo mmienu a ɛsi mo mfudeɛ a ɛdi akyire no ananmu no wɔ Awurade anim. Ɛyɛ kronkron ma Awurade na wɔde bɛma asɔfoɔ no sɛ wɔn aduane.
21 On that day, you must stop your regular work and gather to worship me. You must always obey those instructions/commands, and you must obey them wherever you live.
Ɛda no, ɛsɛ sɛ mobɔ nhyiamu kronkron ho dawuro, na monnyɛ adwuma biara. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no wɔ baabiara a mobɛtena.
22 “When you harvest the grain in your fields, do not harvest the grain along the edges of the fields, and do not pick up the grain that the harvesters drop. Leave that grain for the poor people and for the foreigners who are living among you. [Do not forget that it is] I, Yahweh your God, [who am commanding those things]!”
“‘Sɛ motwa mo mfuo mu nnɔbaeɛ a, monntwa ntu aseɛ nnɔbaeɛ no, na deɛ aporo agu fam no nso, monntase. Monnya mma ahiafoɔ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔnni asase bi a wɔdidi so no. Mene Awurade mo Onyankopɔn!’”
23 Yahweh also told Moses/me
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
24 to give these instructions/commands to the Israeli people: “[Each year] in September, on the day that I have chosen, you all must celebrate it by completely resting. You must not do any work on that day. When [the priests] blow their trumpets loudly, you all must gather together to worship me.
“Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: ‘Ɔbosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ mohome ɛda no, na moyɛ nhyiamu kronkron na mohyɛn totorobɛnto dendeenden de kae.
25 All of you must not do your regular work on that day. Instead, you must present offerings to me that will be burned [on the altar].”
Saa ɛda no, obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔyɛ adwuma, na mmom, mommɔ ogya so afɔdeɛ mma Awurade.’”
26 Yahweh also said to Moses/me,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
27 “You must celebrate a day [on which you request that I] forgive you for the sins that you have committed. That day will be nine days after the festival [when the priests blow] the trumpets. On that day you must (fast/abstain from eating food). You must gather together to worship me and present offerings to me that will be burned [on the altar].
“Saa bosome a ɛtɔ so nson yi ɛda a ɛtɔ so edu ne Mpata Ɛda no. Monyɛ nhyiamu kronkron, monni abuada na mommɔ ogya so afɔdeɛ mma Awurade
28 You must not do any work on that day, because it is the day when the priests will offer sacrifices to me to (atone for/ask me to forgive) your sins.
Monnyɛ adwuma biara saa ɛda no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Mpata Ɛda, ɛberɛ a wɔpata ma mo wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim.
29 You must expel from your group anyone who does not (fast/abstain from eating food) on that day.
Obiara a wanni ɛda no ahonu ne awerɛhoɔ so wɔ ne bɔne ho no, wɔbɛyi no afiri ne nkurɔfoɔ mu.
30 I will get rid of anyone who does any kind of work on that day.
Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa ɛda no, mɛsɛe no.
31 You must not work at all! You must always obey those instructions/commands, and you must obey them wherever you live.
Monnyɛ adwuma biara koraa. Yei bɛyɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa ama awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no, wɔ baabiara a mobɛtena.
32 That day will be a day of complete rest for all of you, and on that day you must (fast/abstain from eating food) [to show that you are sorry for having sinned]. That day of rest and (fasting/abstaining from eating food) will begin on the evening before the day in which you ask me to forgive you for your sins, and it will end on the evening of the following day.”
Ɛyɛ Homeda a wɔde home ma mo. Ɛsɛ sɛ mobrɛ mo kra ase. Ɛfiri ɛda a ɛtɔ so nkron kɔsi ɛda edu no anwummerɛ no, ɛsɛ sɛ modi mo Homeda.”
33 Yahweh also said to Moses/me,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
34 “Tell the Israeli people that [each year] they must also celebrate a festival of living in temporary shelters. That festival will begin five days after the day in which they request me to forgive them for their sins. It will last for seven days.
“Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, wɔnhyɛ Awurade Asese Afahyɛ no ase, na mode nnanson na ɛbɛdi.
35 On the first day of that festival, the people must gather together to worship me, and they must not do any regular work on that day.
Ɛda a ɛdi ɛkan no yɛ nhyiamu kronkron ɛda; monnyɛ adwuma biara.
36 On each of the seven days of the festival, they must present to me an offering [of animals] that will be burned [on the altar]. On the next day, they must gather again to worship me and present to me another animal that will be burned [on the altar]. That also will be a sacred gathering, and they must not work on that day, either.
Ɛda biara wɔ nnanson no mu, ɛsɛ sɛ mobɔ ogya so afɔdeɛ ma Awurade. Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, mobɛyɛ nhyiamu kronkron na moabɔ ogya so afɔdeɛ ama Awurade. Ɛyɛ nhyiamu a ɛtwa toɔ. Monnyɛ adwuma biara.
37 “[To summarize], those are the festivals that I have appointed. Celebrate those sacred festivals by gathering together to present to me all the various offerings that will be burned [on the altar]—animals that will be burned completely, and offerings of grain, and offerings to enable the Israeli people to maintain fellowship with me, and offerings of wine. Each offering must be brought on the day that I have indicated.
“‘Yeinom ne afahyɛ ahodoɔ a Awurade ahyehyɛ sɛ mommɔ ho dawuro sɛ ɛyɛ nhyiamu kronkron a wɔde afɔrebɔdeɛ a wɔhye no ogya so ma Awurade no ba: ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ, afɔrebɔdeɛ ahodoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ a ɛho hia ɛda biara.
38 (Those festivals must be celebrated/You must celebrate those festivals) in addition to [worshiping on] the (Sabbath days/days of rest). And all those offerings must be given in addition to the offerings that people personally decide to give, and in addition to the offerings that people make to accompany the solemn promises that they have made, or offerings that people make (voluntarily/because they themselves want to).
Monni saa afahyɛ yi nka Awurade Homeda no ho. Na mode saa afɔrebɔdeɛ nso bɛka mo ankasa ayɛyɛdeɛ, ɛbɔ a moahyɛ ne deɛ mofiri mo pɛ mu de ma Awurade ho.
39 “[Returning to my instructions about] the Festival of Living in Temporary Shelters, you must celebrate this festival after you have harvested all the crops. On the first day and on the last day of that festival, you must rest completely.
“‘Enti ɛfiri bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɔtɔ so dunum no a moatwa asase no so nnɔbaeɛ no, momfa nnanson nni afahyɛ mma Awurade. Ɛda a ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so nnwɔtwe yɛ ahomegyeɛ nna.
40 But on the first day, you are permitted to pick fruit from trees. Cut palm fronds/branches and other leafy branches from trees or from bushes that grow by the streams, [and make shelters/huts to live in for that week]. Then rejoice in my presence for those seven days.
Ɛda a ɛdi ɛkan no, montwitwa nnuaba mman a aba wɔ so, ne mmerɛnkɛnsono ne mman a nhahan wɔ so na momfa mmɔ asese na momma mo ani nnye wɔ mo Awurade Onyankopɔn anim nnanson.
41 You must celebrate this festival for seven days every year. You must never stop obeying my commands/instructions for that festival. You must celebrate it in September.
Ɛsɛ sɛ saa afe biara mu nnanson adidie mmara yi tena hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
42 During the seven days of that festival, all of you people who have been Israelis your entire lives must live in shelters/huts.
Saa nnanson no mu, mo a moyɛ Israelfoɔ mma no, ɛsɛ sɛ motena asese no ase.
43 That will remind your descendants that their ancestors lived in shelters [for many years] after I rescued them from Egypt. [Do not forget that] I, Yahweh your God, [am the one who is commanding this].”
Nkyerɛaseɛ a ɛwɔ mu ara ne sɛ, ɛkae Israelfoɔ no firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so sɛ, me na megyee mo firii Misraim ma mobɛtenaa asese ase. Mene Awurade mo Onyankopɔn.’”
44 So Moses/I gave to the Israeli people all those instructions concerning the festivals that Yahweh [wanted them to celebrate] each year.
Yeinom ne Awurade afahyɛ ahodoɔ a wahyehyɛ a Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no. Enti, Mose kyerɛɛ afahyɛ ahodoɔ a Israelfoɔ no bɛbɔ ama Awurade.