< 2 Samuel 12 >

1 Yahweh [told the prophet Nathan what David had done, and he] sent Nathan to tell [this story to] David: “[I heard about] two men [who] were living in a certain city. One was rich and the other was poor.
Awurade somaa odiyifoɔ Natan sɛ ɔnkɔka abasɛm yi nkyerɛ Dawid: “Na mmarima baanu bi te kuro bi so. Na mmarima no mu baako yɛ osikani, na deɛ ɔka ho no nso yɛ ohiani.
2 The rich man owned a lot of cattle and sheep.
Na osikani no wɔ nnwan ne anantwie bebree,
3 But the poor man had only one little female lamb, which he had bought. He raised the lamb, and it grew up with his children. He would give the lamb some of his own food and let it drink from his cup. He let the lamb sleep in his arms. The lamb was like a daughter to him.
ohiani no deɛ, na ɔnni hwee ka odwanbereɛ ketewa bi a ɔtɔɔ no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyini boom. Na ɔne aboa no di nʼaduane, nom firi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte sɛ ɔbabaa ma no.
4 [One day] a visitor came to [visit] the rich man. The rich man did not want to take one of his own animals [and kill it] to prepare a meal for the visitor. So instead, he stole the poor man’s lamb [and killed it] and prepared a meal for his visitor.”
“Ɛda koro bi, ɔhɔhoɔ bi baa osikani no nkyɛn, nanso wankum ne nnwan anaa ne nantwie annoa aduane amfa ansom no hɔhoɔ. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no odwanbereɛ no, de yɛɛ aduane maa ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ no no.”
5 [When] David [heard that, he] was very angry about [what] the rich man [had done]. He said to Nathan, “I solemnly declare that the man who did that should be executed!
Dawid tee asɛm no, ne bo fuu saa ɔbarima no yie, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wuo.
6 But before he is executed, he should pay back to the poor man four lambs for doing this, and for not having pity [on the poor man].”
Ɛsɛ sɛ ɔtua odwanbereɛ no ka mmɔ ho ɛnan sɛ ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔborɔ biara.”
7 Nathan said to David, “You are the man [I have been talking about]! And this is what Yahweh, the God we Israelis [worship], says to you: ‘I appointed you to be king of Israel, after having rescued you from Saul.
Ɛhɔ ara, Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Wone saa ɔbarima no! Awurade, Israel Onyankopɔn, se, ‘Mesraa wo sɛ Israelhene, gyee wo firii Saulo tumi ase.
8 I gave you his palace and his wives. I caused you to become the king to rule Israel and Judah. If [you had told me that] you were not content with what I gave you, I would have given you twice as much!
Mede ne fie ne ne yerenom ne Israel ne Yuda ahemman maa wo. Na sɛ na ɛnonom nnɔɔso a, anka mɛma wo bebree aka ho.
9 So why have you despised my commandment [about not committing adultery]? You have done what I consider to be very evil! You have arranged for Uriah to be killed in a battle by the Ammon people-group’s soldiers, and you have taken his wife to be your wife!
Adɛn enti na woabu Awurade asɛm animtia, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere.
10 You have despised me, and have taken Uriah’s wife to be your wife. So for many generations some of your descendants will die violently. [MTY, PRS]
Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, akofena na ɛbɛyɛ ahunahunadeɛ ama wo fiefoɔ, ɛfiri sɛ, woabu me animtia, afa Hetini Uria yere de no ayɛ wo yere.’
11 I solemnly declare to you that I will cause someone from your own family to bring trouble to you. I will take your wives and give them to him, and he will have sexual relations with them in the daytime, where everyone can see it, and you will know all about it.
“Esiane deɛ woayɛ yi enti, me Awurade, mɛma wʼankasa fidua mufoɔ asɔre atia wo. Mede wo yerenom bɛma ɔbarima foforɔ, na ɔne wɔn bɛda ama obiara ahunu.
12 What you did, you did secretly, but what I will cause to happen, everyone in Israel will be able to see it [or know about it]. [IDM]’”
Woyɛɛ yei wɔ kɔkoam, nanso mɛma deɛ ɛreba wo so no ada dwa, ama Israel nyinaa ahunu.”
13 David replied, “I have sinned against Yahweh.” Nathan said to David, “Yahweh has forgiven you for your sin: You will not die [because of this sin].
Na Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade.” Natan buaa sɛ, “Awurade ayi wo bɔne no afiri wo so. Worenwu.
14 But, you have shown contempt for Yahweh by doing this. So, your baby will die.”
Nanso, sɛ woama Awurade atamfoɔ ɛkwan sɛ wɔmmu no animtia, ngu ne din ho fi enti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bɛwu.”
15 Then Nathan went home. Then Yahweh caused the baby t o become very sick, the one that Uriah’s wife had given birth to.
Natan kɔɔ ne fie ara pɛ, Awurade maa abɔfra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree dendeenden.
16 So David prayed to God that the child [would not die]. He (fasted/abstained from food), and he went into [the room where he slept] and lay all night on the floor.
Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma abɔfra no nkye. Ɔkyenee ho kɔm, na ɔkɔɔ fie, na anadwo mu no nyinaa, ɔdaa fam tim.
17 [The next morning] his advisors stood around him and urged him to get up. But he would not get up, and he would not eat any food with them.
Mpanimfoɔ a wɔwɔ ne fie srɛɛ no sɛ ɔnsɔre na ɔne wɔn nnidi, nanso wampene.
18 One week later the baby died. David’s servants were afraid to tell that to David. They said [to each other], “Hey, while the baby was still alive, we talked to him, but he would not answer us. Now, if we tell him that the baby is dead [RHQ], he may do something to harm himself!”
Ne nnanson so, abɔfra no wuiɛ. Na Dawid afotufoɔ no suro sɛ wɔbɛbɔ no amaneɛ sɛ abɔfra no awu, ɛfiri sɛ, na wɔn adwene ne sɛ, “Ɛberɛ a na abɔfra no te ase no, yɛkasa kyerɛɛ Dawid, nanso wantie yɛn. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka akyerɛ no sɛ abɔfra no awu? Anhwɛ a, ɔbɛyɛ ne ho biribi.”
19 But when David saw that his servants were whispering something to each other, he realized that the baby must be dead. So he asked them, “Is the baby dead?” They replied, “Yes, he is dead.”
Na Dawid hunuu sɛ nʼafotufoɔ no reyɛ huhuhuhu no, ɔtee nka sɛ abɔfra no awu. Ɔbisaa sɛ, “Abɔfra no awu anaa?” Wɔbuaa sɛ, “Aane, wawu.”
20 Then David got up from the floor. He bathed himself, put lotions on his body, and put on other clothes, Then he went into Yahweh’s Sacred Tent and worshiped Yahweh. Then he went home. He asked his servants for some food. They gave him some, and he ate it.
Na Dawid sɔre firii fam hɔ. Afei, ɔdware wieeɛ a ɔpetee ne ho aduhwam, na ɔsesaa ne ntadeɛ no, ɔkɔɔ Awurade efie kɔsomee. Afei, ɔkɔɔ nʼankasa efie, na ɔno ankasa bisa ma wɔbrɛɛ no aduane, na ɔdidiiɛ.
21 Then his servants said to him, “We do not understand [RHQ] why you have done this! While the baby was still alive, you cried for him and refused to eat anything. But now that the baby has died, [you are not crying any more!] You got up and ate some food!”
Nʼafotufoɔ no bisaa no sɛ, “Deɛ woreyɛ yi, aseɛ ne sɛn? Ɛberɛ a abɔfra no te ase no, wodii mmuada, twaa agyaadwoɔ. Na afei a wawu no mmom na woasɔre adidie!”
22 David replied, “While the baby was still alive, I fasted and cried. I thought, ‘Who knows? Yahweh may be merciful to me and not allow the baby to die’.
Ɔbuaa sɛ, “Ɛberɛ a na abɔfra no da so te ase no deɛ, medii abuada, twaa agyaadwoɔ. Medwenee sɛ, ‘Hwan na ɔnim? Ebia, Awurade bɛhunu me mmɔbɔ ama abɔfra no atena.’
23 But now the baby is dead. So (there is no reason for me to (fast/abstain from eating food) any more./why should I (fast/abstain from eating food) any more?) [RHQ] (Can I bring him back to me?/I certainly cannot bring him back to me!) [RHQ] [Some day] I will go to where he is, but he will not return to me.”
Na afei a wawu yi, adɛn enti na ɛsɛ sɛ medi abuada? Mɛtumi asane de no aba nkwa mu bio anaa? Mɛkɔ ne nkyɛn da bi, na ɔno deɛ, ɔrensane mma me nkyɛn ha da.”
24 Then David comforted his wife, Bathsheba. Then he (slept/had sexual relations) with her, and she [became pregnant again and] gave birth to another son. David named that son Solomon. Yahweh loved that little boy.
Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ, na ɔne no daeɛ. Ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima, na wɔtoo no edin Salomo. Awurade pɛɛ abɔfra no asɛm,
25 He told the prophet Nathan to tell David to name the baby boy Jedediah [which means ‘loved by Yahweh’, ] because Yahweh loved him.
na ɔde asɛm faa odiyifoɔ Natan so sɛ, ɛsɛ sɛ abɔfra no din yɛ Yedidia, ɛfiri sɛ na Awurade dɔ no.
26 (Meanwhile/While all that was happening), Joab’s [soldiers] attacked Rabbah, [the capital city] of the Ammon people-group; and they captured the king’s fortress.
Saa ɛberɛ no, na Yoab ne Israel akodɔm no reyɛ awie Amon ahenkuro Raba tua no nkonimdie so.
27 Then Joab sent messengers to David, to tell him this: “My troops are attacking Rabbah, and we have captured the city’s water supply.
Yoab somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mako atia Raba, afa deɛ wɔnya wɔn nsuo firie.
28 Now gather your troops and come and surround the city and capture it. If you do not do that, my troops will capture the city and it will then be named ‘the City of Joab’.”
Afei, fa akodɔm a wɔaka no bra na wɔnwie adwuma no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛnya nkonimdie animuonyam no sene sɛ ɛbɛyɛ me dea.”
29 So David gathered all his troops. They went [with David] to Rabbah and attacked it and captured it.
Enti, Dawid dii nʼakodɔm a wɔaka no anim kɔɔ Raba kɔfaa hɔ.
30 Then David took the crown from the head of the king of Rabbah (OR, from the head of [Milcom] the god of Rabbah) and put it on his own head. It [was very heavy; it] weighed (75 pounds/34 kg.), and it had many very valuable stones fastened to it. His soldiers also took many other valuable things from the city.
Dawid tuu ɔhene no ahenkyɛ, na nnipa no de hyɛɛ Dawid. Wɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ahenkyɛ no a aboɔdemmoɔ bobɔ mu. Na emu duru yɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid foo asadeɛ bebree wɔ kuropɔn no mu.
31 Then they brought the people of Rabbah out of the city and forced them to [work for them] using saws and iron picks and axes. David’s troops also forced them to make bricks. David’s soldiers did this in all the towns of the Ammon people-group. Then David and all of his army returned to Jerusalem.
Ɔsane faa nnipa a wɔwɔ Raba no sɛ nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wɔde ɛwan, pinkase ne nkuma yɛɛ adwuma wɔ ntayaa fononoo ho. Saa ara na ɔne nnipa a wɔwɔ Amon nkuro nyinaa so dii noɔ. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem.

< 2 Samuel 12 >