< Psalms 107 >
1 Give thanks to Yahweh for [he is] good for [is] for ever covenant loyalty his.
Monna Awurade ase na oye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
2 Let them say [the] redeemed of Yahweh whom he has redeemed them from [the] hand of [the] opponent.
Momma wɔn a Awurade agye wɔn nka saa, wɔn a wagye wɔn afi ɔtamfo nsam no;
3 And from [the] lands he has gathered them from east and from west from north and from [the] sea.
wɔn a ɔboaboaa wɔn ano fii nsase so no, efi apuei kosi atɔe, atifi kosi anafo.
4 They wandered about in the wilderness in a desolate place of a way a city of dwelling not they found.
Ebinom kyinkyinii wɔ nsase pradada so, a wɔanhu ɔkwan ankɔ kuropɔn no mu, faako a wobetumi anya atenae.
5 Hungry also thirsty life their in them it was fainting away.
Ɔkɔm ne osukɔm dee wɔn na wɔtotɔɔ beraw.
6 And they cried out to Yahweh when it was distress to them from troubles their he delivered them.
Afei wosu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahohiahia mu.
7 And he led them by a way straight to go to a city of dwelling.
Ɔde wɔn faa ɔkwan tee so baa kuropɔn a wotumi tena mu no mu.
8 Let them give thanks to Yahweh covenant loyalty his and wonders his to [the] children of humankind.
Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho,
9 For he satisfies a throat longing and a throat hungry he fills good thing[s].
ɔma wɔn a osukɔm de wɔn nsu na ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɔkɔm de wɔn ma.
10 [those who] sat of Darkness and deep darkness prisoners of affliction and iron.
Ebinom tenaa sum ne awerɛhow mu, nneduafo a wɔde dade nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn,
11 For they had rebelled against [the] words of God and [the] counsel of [the] Most High they had spurned.
efisɛ wɔatew Onyankopɔn nsɛm ho atua na wɔabu Ɔsorosoroni no agyinatu animtiaa.
12 And he humbled with trouble heart their they stumbled and there not [was] a helper.
Enti ogyaa wɔn maa adwumaden; wohintihintiwii, na wɔannya ɔboafo.
13 And they cried out to Yahweh when it was distress to them from troubles their he saved them.
Afei wosu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.
14 He brought out them from darkness and deep darkness and fetters their he tore apart.
Oyii wɔn fii sum ne awerɛhow mu, na obubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.
15 Let them give thanks to Yahweh covenant loyalty his and wonders his to [the] children of humankind.
Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho,
16 For he breaks down gates of bronze and bars of iron he cuts down.
efisɛ obubu kɔbere mfrafra apon na otwitwa nnadeban mu.
17 Fools from [the] way of transgression their and from iniquities their they were afflicted.
Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafo, wɔn atuatew nti, na wohuu amane, wɔn nnebɔne nti.
18 All food it loathed throat their and they reached to [the] gates of death.
Wokyii aduan nyinaa na wotwiw bɛnee owu pon ano.
19 And they cried out to Yahweh when it was distress to them from troubles their he saved them.
Afei wosu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.
20 He sent word his and he healed them and he may deliver [them] (from pits their. *LAH(b)*)
Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yare; na ogyee wɔn fii ɔda mu.
21 Let them give thanks to Yahweh covenant loyalty his and wonders his to [the] children of (humankind. *LAH(b)*)
Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho.
22 And let them sacrifice sacrifices of thanksgiving and let them recount works his (with a shout of joy. *L(abh)*)
Momma wɔmmɔ aseda afɔre na wɔmfa ahurusi nnwom nka ne nnwuma ho asɛm.
23 [those who] went down the Sea in ships [those who] did business on [the] waters (many. *L(abh)*)
Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ po so; wɔyɛ aguadifo wɔ nsu akɛse so.
24 They they saw [the] works of Yahweh and wonders his (in [the] deep. *L(abh)*)
Wohuu Awurade nnwuma, nʼanwonwade a ɛwɔ bun mu.
25 And he spoke and he appointed a wind of a storm and it lifted up (waves its. *L(abh)*)
Ɔkasa maa ahum tui na ekukuru asorɔkye.
26 They went up [the] heavens they went down [the] deeps soul their in distress (it melted. *LB(ah)*)
Wokukuru kɔɔ ɔsorosoro na wosian kɔɔ bun mu tɔnn; wɔn amanehunu mu no wɔn koma tui.
27 They staggered and they may trembled like drunkard and all skill their (it was confused. *LB(ah)*)
Wokyim totɔɔ ntintan sɛ asabowfo; na wonhu nea wɔnnyɛ bio.
28 And they cried out to Yahweh when it was distress to them and from troubles their he brought out them.
Afei wosu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.
29 He raised [the] storm into a calm and they were still waves their.
Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn; po so asorɔkye ano brɛɛ ase.
30 And they rejoiced for they were quiet and he guided them to [the] harbor of desire their.
Wɔn ani gyei, bere a ɛyɛɛ dinn no, na ɔkyerɛɛ wɔn ɔkwan de wɔn koduu gyinabea a wɔpɛ.
31 Let them give thanks to Yahweh covenant loyalty his and wonders his to [the] children of humankind.
Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho.
32 And let them exalt him in [the] assembly of [the] people and in [the] seat of [the] elders let them praise him.
Wɔmma no so wɔ asafo no mu na wɔnkamfo no wɔ mpanyimfo nhyiamu ase.
33 He made rivers into a wilderness and springs of water into thirsty ground.
Ɔdan nsubɔnten maa no yɛɛ sare, asuten yɛɛ asase wosee,
34 A land of fruit into saltiness from [the] evil of [those who] dwell in it.
na asasebere dan nkyenenkyene, wɔn a wɔte asase no so amumɔyɛ nti.
35 He made a wilderness into a pool of water and a land dry into springs of water.
Ɔdan sare so maa no yɛɛ nsuwansuwa na nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ nsuten anan mu;
36 And he caused to dwell there hungry [people] and they established a city of dwelling.
Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɔkɔm de wɔn kɔsoɛe, na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu.
37 And they sowed fields and they planted vineyards and they produced fruit of produce.
Wɔyɛɛ mfuw ne bobe nturo na ɛmaa wɔn nnɔbae bebree.
38 And he blessed them and they multiplied exceedingly and cattle their not he made few.
Ohyiraa wɔn na wɔn ase dɔe. Wamma wɔn nyɛmmoa dodow so anhuan.
39 And they became few and they were bowed down from [the] pressure of calamity (and sorrow. *L(abh)*)
Afei wɔn dodow so huanee na nhyɛso, amanehunu ne awerɛhow brɛɛ wɔn ase;
40 [he was] pouring out Contempt on noble [people] and he made wander them in a wasteland not a way.
nea obu abirɛmpɔn animtiaa no ma wokyinkyin asase kesee a ɔkwan nni hɔ so.
41 And he set on high [the] needy from affliction and he made like flock families.
Nanso ɔmaa ahiafo so fii wɔn ahohia mu na ɔmaa wɔn mmusua dɔɔ sɛ nguankuw.
42 They see upright [people] so they may rejoice and all unrighteousness it shuts mouth its.
Atreneefo hu ma wɔn ani gye, nanso amumɔyɛfo nyinaa mua wɔn ano.
43 Who? [is] wise and let him observe these [things] and let them consider carefully [the] covenant loyalti of Yahweh.
Momma nea ɔyɛ onyansafo no mmu eyinom, na onsusuw Awurade adɔe kɛse no ho.