< Judges 20 >

1 Then went forth all the sons of Israel, and the assembly came together as one man, from Dan even to Beersheba with the land of Gilead, —unto Yahweh at Mizpah.
Afei, Israelfo nyinaa; fi Dan kosi Beer-Seba ne Gilead asase so behyiaa wɔ Awurade anim sɛ nnipa baako wɔ Mispa.
2 And the chiefs of all the people—all the tribes of Israel—presented themselves in the convocation of the people of God, —four hundred thousand footmen, that drew the sword.
Nnipa no nyinaa ne Israel mmusuakuw no nyinaa ntuanofo, akofo mpem ahannan a wokurakura afoa kɔɔ Onyankopɔn mma guabɔ no ase.
3 And the sons of Benjamin heard that the sons of Israel had gone up to Mizpah. Then said the sons of Israel, Tell [us], In what manner was brought to pass this vileness?
(Nkra duu Benyamin asase so sɛ Israelfo mmusuakuw a wɔaka no kɔ Mispa.) Israelfo no bisaa nea ɛyɛɛ a saa awudisɛm yi sii.
4 And the Levite, husband of the woman that was cut in pieces, responded and said, —Into Gibeah that pertaineth to Benjamin, I entered, I and my concubine, to tarry the night.
Enti Lewini a ɔyɛ ɔbea a wokum no no kunu no kae se, “Me ne me mpena baa Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so bɛdaa hɔ.
5 And the owners of Gibeah rose up against me, and beset the house, for my sake, by night, —me, they thought to slay, and, my concubine, they so humbled, that she died.
Anadwo no Gibea ntuanofo no mu bi betwaa ofi no ho hyiae, pɛɛ sɛ wokum me, na wɔtoo me mpena no mmonnaa ma owui.
6 So I laid hold on my concubine, and cut her in pieces, and sent her throughout all the country of the inheritance of Israel, —because they had wrought lewdness and impiety, in Israel.
Mefaa me mpena no twitwaa no asinasin de sin baako biara kɔɔ Israel mantam biara so. Efisɛ saa mmarima yi ayɛ atantanne ne aniwude wɔ Israel.
7 Lo! ye all, are sons of Israel, —give your word and counsel, here.
Enti mprempren, ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa fa adwene wɔ eyi ho.”
8 Then arose all the people, as one man, saying, —No man of us will go to his tent, and no man of us will turn aside to his house.
Nnipa no nyinaa sɔre buae se, “Yɛn mu biara rensan nkɔ fie.
9 Now, therefore, this is the thing, that we will do to Gibeah, —[Go] against it by lot;
Mmom, yɛbɛbɔ ntonto na yɛahu wɔn a wɔbɛkɔ akɔtow ahyɛ Gibea so.
10 and we will take ten men of a hundred, of all the tribes of Israel, and a hundred of a thousand, and a thousand of ten thousand, to fetch provisions for the people, —that they may do, when they come to Gibeah of Benjamin, according to all the impiety that it hath wrought in Israel.
Abusuakuw biara mu mmarima nkyɛmu du mu baako na wobeyi wɔn ama wɔama yɛn akofo no nnuan, na yɛn a yɛaka no nso atɔ Gibea so were wɔ animguasede a wɔayɛ wɔ Israel no.”
11 So all the men of Israel were gathered together against the city, as one man knit together.
Enti Israelfo nyinaa ano kɔɔ bɛnkoro boaa wɔn ho ano sɛ wɔbɛkɔ akɔtow ahyɛ kurow no so.
12 And the tribes of Israel sent men throughout all the divisions of Benjamin, saying, —What is this vile thing that hath been brought to pass, among you?
Israelfo no somaa abɔfo kɔɔ Benyamin abusuakuw no mu kobisaa wɔn se, “Dɛn awurukasɛm na moadi wɔ mo mu yi?
13 Now, therefore, deliver up the men—the sons of the Abandoned One—who are in Gibeah, that we may put them to death, and vileness be consumed out of Israel. But [the sons of] Benjamin would not hearken unto the voice of their brethren, the sons of Israel.
Munyi saa amumɔyɛfo a wofi Gibea no mmra, na yenkum wɔn na yentu saa awurukasɛm yi ase mfi Israel.” Nanso Benyaminfo no antie.
14 Then did the sons of Benjamin gather themselves together out of the cities, unto Gibeah, —to go forth to battle against the sons of Israel.
Mmom, wofifi wɔn nkurow mu boaa wɔn ho ano wɔ Gibea sɛ wɔne Israelfo no rebɛko.
15 And the sons of Benjamin were numbered on that day, out of the cities, twenty-six thousand men, that drew the sword, —besides, of the inhabitants of Gibeah, were numbered seven hundred chosen men.
Akofo mpem aduonu asia a wokurakura afoa koduu Gibea, kɔkaa akofo ahanson a na wɔte hɔ dedaw no ho.
16 Out of all this people, were seven hundred chosen men, left-handed, —any one of whom could sling with a stone to a hair’s-breadth, and not miss.
Na Benyamin akofo no mu ahanson yɛ abenkumma a wɔn mu biara yɛ antoamfom wɔ ahwimmotow mu.
17 And, the men of Israel, were numbered, apart from Benjamin, four hundred thousand men, that drew the sword, —every one of these being a man of war.
Na Israelfo wɔ akofo mpem ahannan a wokurakura mfoa a Benyamin akofo nka ho.
18 And they arose, and went up to Bethel, and asked of God, and the sons of Israel said, Who shall go up for us first, to fight against the sons of Benjamin? And Yahweh said—Judah, first.
Ansa na wɔrebefi ɔko no ase no, Israelfo no kɔɔ Bet-El kobisaa Onyankopɔn se, “Abusuakuw bɛn na ɛsɛ sɛ wodi ɔko no anim tia Benyaminfo no?” Awurade buae se, “Yuda na ɛsɛ sɛ wodi anim.”
19 And the sons of Israel arose in the morning, —and encamped against Gibeah.
Enti Israelfo no sii mu anɔpahema kɔkyeree nsraban wɔ baabi a ɛbɛn Gibea.
20 And the men of Israel went forth, to fight against Benjamin, —so the men of Israel set themselves in array against them, to fight against Gibeah.
Afei, wotu teɛe de wɔn ani kyerɛɛ Gibea sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Benyamin mmarima no so.
21 Then came forth the sons of Benjamin out of Gibeah, —and laid low of Israel, on that day, twenty-two thousand men, to the ground.
Nanso Benyamin akofo a na wɔrebɔ kurow no ho ban no pue kunkum Israelfo no mpem aduonu abien wɔ akono hɔ da no ara.
22 And the people, the men of Israel, encouraged themselves, —and again set themselves in array for battle in the place where they had set themselves in array on the first day.
Nanso Israelfo nyaa akokoduru boaa wɔn ho ano wɔ faako a wɔkoo da a edi anim no.
23 Now the sons of Israel had gone up, and wept before Yahweh, until the evening, and asked of Yahweh, saying, Shall I again draw near to battle against the sons of Benjamin, my brother? And Yahweh said, Go up against him.
Na wɔakɔ Bet-El akosu wɔ Awurade anim akosi anwummere. Afei, wobisaa Awurade se, “Yɛne yɛn ara abusuafo a wofi Benyamin nko bio ana?” Na Awurade buae se, “Monkɔ na mo ne wɔn nkɔko.”
24 So the sons of Israel came near against the sons of Benjamin, on the second day.
Enti wɔkɔko tiaa Benyamin akofo no,
25 And Benjamin came forth to meet them out of Gibeah, on the second day, and laid low, of the sons of Israel, yet eighteen thousand men, to the ground, —all these, drew the sword.
na Benyamin mmarima no san kum Israelfo akofo a wonim afoa akodi yiye no mpem dunwɔtwe.
26 Then went up all the sons of Israel, and all the people, and came to Bethel, and wept, and tarried there before Yahweh, and fasted on that day, until the evening, —and caused to go up ascending-sacrifices and peace-offerings, before Yahweh.
Ɛnna Israelfo no kɔɔ Bet-El kosuu wɔ Awurade anim kyen kɔm kosii anwummere. Wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre maa Awurade.
27 And the sons of Israel asked of Yahweh, —there, being the ark of the covenant of God, in those days;
Na Israelfo kɔɔ Awurade anim kɔpɛɛ akwankyerɛ. (Saa bere no na Onyankopɔn apam adaka no wɔ Bet-El,
28 and Phinehas, son of Eleazar, son of Aaron, was standing before it in those days, saying: Shall I yet again go forth to battle, against the sons of Benjamin, my brother, or shall I forbear? And Yahweh said—Go up, for, to-morrow, will I deliver him into thy hand.
na Eleasar babarima Pinehas a ɔyɛ Aaron nena no na na ɔyɛ ɔsɔfo). Israelfo no bisaa Awurade se, “Ɛsɛ sɛ yɛko tia yɛn ara yɛn abusuafo Benyamin bio anaasɛ yennyae?” Awurade buae se, “Monkɔ! Ɔkyena mɛma moadi wɔn so nkonim.”
29 And Israel set liers in wait against Gibeah, round about.
Enti Israelfo de atɛwfo twaa Gibea ho nyinaa hyiae.
30 So the sons of Israel went up against the sons of Benjamin, on the third day, —and set themselves in array against Gibeah, as time after time.
Ne nnansa so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ beae koro hɔ ara.
31 And the sons of Benjamin came forth against the people, they were drawn away from the city, —and began to smite of the people, slaying as time after time, in the highways, whereof, one, goeth up to Bethel, and, the other, to Gibeah in the field, about thirty men in Israel.
Bere a Benyaminfo akofo pue bae wɔ ɔko so no, wɔtwee wɔn fii kurow no mu. Na sɛnea na wɔayɛ pɛn no, wofii ase kunkum Israelfo no. Ɛbɛyɛ Israelfo aduasa na wowuwuu wɔ akono petee mu hɔ a bi deda akwan a ɛkɔ Bet-El ne Gibea ho.
32 Then said the sons of Benjamin, They are, being smitten, before us, as at the first. But the sons of Israel had said—Let us flee, and draw them away from the city, into the highways.
Afei Benyamin akofo no teɛɛ mu se, “Yɛredi wɔn so sɛnea yedii wɔn so wɔ ɔko a edi kan no mu no!” Na saa bere no na Israelfo no apene so dedaw sɛ wobeguan ama Benyamin mmarima no ataa wɔn wɔ akwan no so, na ama wɔatwe wɔn afi kurow no mu.
33 And, all the men of Israel, rose up out of their place, and set themselves in array in Baal-tamar, —and, the liers in wait of Israel, began to break forth out of their place, out of the forest of Gibeah.
Bere a Israelfo nsraadɔm kɛse no duu Baal-Tamar no, wɔdan wɔn ho koe. Ɛhɔ na Israelfo a wɔatɛw wɔ Geba no puee prɛko pɛ fi wɔn ahintawee
34 And there came over against Gibeah ten thousand chosen men, out of all Israel, and the battle was severe, —they, not knowing that disaster was overtaking them.
kosii Benyaminfo no akyi tow hyɛɛ wɔn so. Ɔko no mu yɛɛ den ara kosii sɛ na Benyaminfo no ntumi nhu amanehunu a ɛbɛba.
35 Thus Yahweh smote Benjamin before Israel, and the sons of Israel destroyed in Benjamin, that day, twenty-five thousand and one hundred men, —all these, drew the sword.
Ɛno nti, Awurade boaa Israel ma wodii Benyamin so nkonim. Saa da no, Israelfo kunkum Benyamin akofo no mpem aduonu anum ne ɔha, a na wɔn nyinaa nim afoa ano ko yiye.
36 So the sons of Benjamin saw that they were smitten, —and that the men of Israel had given place to Benjamin, because they trusted to the liers in wait, whom they had set near Gibeah.
Afei, Benyaminfo no huu sɛ wɔadi nkogu. Israelfo no guan fii Benyamin akofo no anim, sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn a wɔakohintaw no benya kwan ayɛ wɔn adwuma.
37 And, the liers in wait, hasted, and rushed upon Gibeah, —and the liers in wait marched forward, and smote all the city with the edge of the sword.
Afei, wɔn a na wɔatɛw no fii afanan nyinaa kɔɔ Gibea, kunkum obiara a ɔwɔ kurow no mu.
38 Now, the appointed sign, between the men of Israel and the liers in wait, had been, —to cause a great cloud of smoke to ascend out of the city.
Wopun wusiw kumɔnn wɔ kurow no so,
39 So, when the men of Israel turned in the battle, —and, the Benjamites, began to smite and slay of the sons of Israel, about thirty men, for they said, Yea! they are, smitten, before us, as in the first battle,
a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne ma Israelfo no sɛ wɔnsan mmra mmɛtow nhyɛ Benyamin akofo no so. Saa bere no na Benyamin akofo no akum Israelfo no aduasa, a wɔteɛɛ mu se, “Yɛredi wɔn so sɛnea yedii wɔn so ɔko a edi kan no mu no!”
40 then, the cloud, began to ascend out of the city, a pillar of smoke, —and the Benjamites looked behind them, and lo! the whole city flamed up towards the heavens.
Nanso bere a Benyamin akofo no hwɛɛ wɔn akyi, na wohuu wusiw a atu nam wim wɔ kurow no mu baabiara no,
41 And, when, the men of Israel, turned, then were the men of Benjamin dismayed, —for they saw that disaster had overtaken them.
Israelfo no san ba bɛtow hyɛɛ wɔn so. Afei, Benyamin akofo no huu sɛ asɛm aba na wɔbɔɔ huboa.
42 And, when they turned before the men of Israel unto the way of the desert, the battle, over took them, —while, as for them that came out of the cities, they began to destroy them in their midst: —
Enti woguan de wɔn ani kyerɛɛ sare so. Nanso Israelfo no taa wɔn kunkum wɔn.
43 they hemmed in the Benjamites, they pursued them, with ease, trode they them down, —as far as over against Gibeah, towards sunrise.
Israelfo no twaa Benyaminfo no ho hyiae, taa wɔn anibere so, kɔtoo wɔn wɔ Gibea atɔe fam.
44 So there fell of Benjamin, eighteen thousand men, —all these being men of valour.
Da no, Benyamin akofo akɛse mpem dunwɔtwe na wɔtotɔɔ wɔ ɔko no mu.
45 And, when they turned and fled towards the desert unto the cliff Rimmon, then gleaned they of them, in the highways, five thousand men, —and they followed hard after them as far as Gidom, and smote of them, two thousand men.
Wɔn a wɔanwuwu no guan kɔɔ sare so baabi a ɛbɛn Rimon ɔbotan no ho. Nanso Israelfo no kunkum wɔn mu mpem anum wɔ ɔkwan no so. Wɔtoaa so taa wɔn, kosii sɛ wokum mpenu wɔ baabi a ɛbɛn Gidom kaa ho.
46 So then it came to pass that, all the fallen of Benjamin, were twenty-five thousand men, that drew the sword, on that day, —all these being men of valour.
Enti Benyamin abusuakuw no hweree akofo akokodurufo mpemaduonu anum saa da no,
47 But there turned and fled, towards the desert, unto the cliff Rimmon, six hundred men, —who abode in the cliff Rimmon, four months.
maa ɛkaa mmarima ahansia pɛ a woguan kɔɔ ɔbotan Rimon ho kɔtenaa hɔ asram anan no.
48 Thus, the men of Israel, turned against the sons of Benjamin, and smote them with the edge of the sword, beginning with the city, each and every one down to the beast, even to every one that was met with, —moreover, all the cities they came to, they set on fire.
Afei Israelfo no san ba bekunkum abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ nkurow no nyinaa mu, efi nnipa so kosi anantwi ne biribiara so. Na kurow biara a woduu so no, wɔhyew no dwerɛbee.

< Judges 20 >