< Job 18 >

1 Then responded Bildad the Shuhite, and said: —
Na Suhini Bildad buaa sɛ,
2 How long will ye make a perversion of words? Ye should understand, and, afterwards, we could speak.
“Ɛberɛ bɛn na wobɛgyae kasa tenten yi? Dwene ho yie, na afei yɛbɛtumi akasa.
3 Wherefore are we accounted like beasts? or appear stupid, in thine eyes?
Adɛn enti na wofa yɛn sɛ anantwie na wosusu sɛ yɛnnim nyansa yi?
4 One tearing in pieces his own soul in his anger, —For thy sake, shall the earth be forsaken? or the rock be moved out of its place?
Wo a wode abufuo tete wo mu nketenkete, wo enti, ɛsɛ sɛ yɛfiri asase yi so anaasɛ wo enti, wɔnnwiri mmotan mfiri wɔn siberɛ anaa?
5 Even the light of the lawless, shall go out, —Neither shall shine the flame of his fire;
“Omumuyɛfoɔ kanea adum; na ne ogya nnɛre bio.
6 The light, hath darkened in his tent, Yea, his lamp above him, goeth out;
Hann a ɛwɔ ne ntomadan mu duru sum; kanea a ɛsi ne ho no dum.
7 The steppings of his strength are hemmed in, and his own counsel casteth him down;
Nʼanammɔntuo mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase; nʼankasa nhyehyɛeɛ bɛhwe nʼase.
8 For he is thrust into a net by his own feet, and, upon a trap, he marcheth;
Nʼanammɔn de no kɔ afidie mu, na ɔkyinkyini kɔtɔ nʼatena mu.
9 There catcheth him—by the heel—a gin, there holdeth him fast—a noose:
Afidie sɔ ne nantin na ɛsɔ ne mu denden.
10 Concealed in the ground is a cord for him, —and a snare for him, on the path.
Wɔasum no afidie ahinta wɔ fam; afidie wɔ ne kwan mu.
11 Round about, terrors have startled him, and have driven him to his feet.
Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa na ɛha no wɔ nʼanammɔntuo biara mu.
12 Let his strength be famished, and, calamity, be ready at his side;
Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no; na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.
13 Let it devour the members of his body, Let the firstborn of death devour his members;
Ɛwewe ne honam ani baabi; na owuo di ɛkan sɛe nʼakwaa.
14 Uprooted, out of his tent, be his confidence, and let it drive him down to the king of terrors;
Wɔtwe no firi ne ntomadan banbɔeɛ mu na wɔde no brɛ ahunahunahene.
15 There shall dwell in his tent, what is naught-of-his, Let brimstone be strewed over his dwelling;
Ogya te ne ntomadan mu; na wɔabɔ sɔfe a ɛrederɛ apete nʼatenaeɛ.
16 Beneath, let his roots be dried up, and, above, be cut off his branch;
Ne nhini wuwu wɔ aseɛ na ne mman nso wu wɔ ɔsoro.
17 His memorial, have perished out of the land, and let him have no name over the face of the open field;
Wɔrenkae no asase so bio; na ɔrennya edin wɔ asase so.
18 Let them thrust him out of light into darkness, Yea, out of the world, let them chase him;
Wɔka no firi hann mu kɔ sum mu na wɔpam no firi ewiase.
19 Let him have neither scion nor seed among his people, neither any survivor in his place of sojourn:
Ɔnni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfoɔ mu, na nʼase ni biara renka wɔ baabi a ɔtenaeɛ.
20 Over his day, have they been astounded who come behind, and, them who are in advance, a shudder hath seized.
Nnipa a wɔfiri atɔeɛ fam ho adwiri wɔn wɔ deɛ ato noɔ no ho; na wɔn a wɔwɔ apueeɛ fam abɔ huboa.
21 Surely, these, are the dwellings of him that is perverse, and, this, is the place of him that knoweth not GOD.
Ampa ara sei na omumuyɛfoɔ atenaeɛ teɛ; sei ne beaeɛ a deɛ ɔnnim Onyankopɔn teɛ.”

< Job 18 >