< Job 1 >

1 A man, there was—in the land of Uz, Job, his name, —and that man was blameless and upright, and one who revered God, and avoided evil.
Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.
2 And there were born unto him seven sons and three daughters.
Na ɔwɔ mmabarima baason ne mmabea baasa,
3 And his substance was—seven thousand sheep, and three thousand camels, and five hundred yoke of oxen, and five hundred she-asses, and a body of servants exceeding large, —thus was that man the greatest of all the sons of the East.
na ɔwɔ nguan mpem ason, yoma mpem abiɛsa, anantwi mpamho ahannum ne mfurumbere ahannum, na ɔwɔ asomfo bebree. Na ɔyɛ onipa kɛse pa ara wɔ nnipa a wɔwɔ Apuei fam nyinaa no mu.
4 Now his sons were wont to go, and make a banquet, at the house of each one upon his day, —and to send and call their three sisters, to eat and to drink with them.
Na ne mmabarima no to pon nnidiso nnidiso wɔ wɔn afi mu, na wɔto nsa frɛ wɔn nuabeanom baasa no ne wɔn bɔ mu didi, nom.
5 And so it was, when the days of the banquet came round, that Job sent and hallowed them, and rising early in the morning offered ascending-sacrifices according to the number of them all; for Job said, Peradventure my sons have sinned, and have cursed God in their hearts. Thus and thus, was Job wont to do all the days.
Sɛ aponto nna no twa mu a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wodwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema bɔ ɔhyew afɔre ma wɔn mu biara, efisɛ na osusuw sɛ, “Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn koma mu.” Eyi yɛ dwuma a na Hiob di no bere ano bere ano.
6 Now there came a certain day, when the sons of God entered in to present themselves unto Yahweh, —so the accuser also entered, in their midst.
Da bi, abɔfo no de wɔn ho bɛkyerɛɛ Awurade, na Satan kaa wɔn ho bae.
7 And Yahweh said unto the accuser, Whence comest thou? And the accuser answered Yahweh, and said, From going to and fro in the earth, and wandering about therein.
Awurade bisaa Satan se, “Wufi he na wobaa ha?” Satan buaa Awurade se, “Mifi asase so akyinkyinakyinkyin ne emu akɔneabadi mu.”
8 And Yahweh said unto the accuser, Hast thou applied thy heart unto my servant Job, that there is none like him in the earth, a man blameless and upright, one revering God and avoiding evil?
Na Awurade bisaa Satan se, “Woadwene me somfo Hiob ho ana? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔteɛ, ɔyɛ onipa a osuro Onyankopɔn na okyi bɔne.”
9 And the accuser answered Yahweh, and said, Is it, for nought, that Job revereth God?
Satan buaa Awurade se, “Hiob suro Onyankopɔn kwa ana?
10 Hast not, thou thyself, made a hedge about him, and about his house, and about all that he hath, on every side? The work of his hands, thou hast blessed, and, his substance, hath broken forth in the land.
Wunnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho ana? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nguan ne nʼanantwi ase atrɛw asase no so.
11 But, in very deed, put forth, I pray thee, thy hand, and smite all that he hath, —verily, unto thy face, will he curse thee.
Na wo de, teɛ wo nsa na sɛe nea ɔwɔ nyinaa, na obegyina wʼanim na wadome wo.”
12 And Yahweh said unto the accuser, Lo! all that he hath, is in thy hand, only, against himself, do not put forth thy hand. So the accuser went forth from the presence of Yahweh.
Awurade ka kyerɛɛ Satan se, “Eye, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, nanso ɔno ankasa de, mfa wo nsateaa nka no.” Na Satan fii Awurade anim kɔe.
13 And there came a certain day, —when his sons and his daughters were eating, and drinking wine, in the house of their eldest brother.
Da bi a Hiob mmabarima ne ne mmabea redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panyin fi no,
14 And, a messenger, came in unto Job, and said, —The oxen, were plowing, and, the asses, feeding beside them;
ɔbɔfo bi baa Hiob hɔ bɛkae se, “Anantwi no refuntum na mfurum no redidi wɔ wɔn nkyɛn no,
15 when the Sabeans swooped down, and took them, and, the young men, smote they with the edge of the sword, —and escaped am, only I alone, too tell thee.
Sabiafo bɛtow hyɛɛ yɛn so, sesaw wɔn kɔe. Wɔde afoa kunkum apaafo no, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo saa amanneɛ yi.”
16 Yet was this one speaking, when, another, came in and said, —A fire of God, fell out of the heavens, and burned up the sheep and the young men, and consumed them; and escaped am, only I alone, to tell thee.
Bere a ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi ba bɛkae se, “Onyankopɔn gya fi soro abɛhyew wo nguan ne wo nguanhwɛfo no nyinaa, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”
17 Yet was this one speaking, when, another, came in and said, The Chaldeans, appointed three chiefs, and spread out against the camels, and took them, and, the young men, smote they with the edge of the sword; and escaped am, only I alone, to tell thee.
Ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi bɛkae se, “Kaldeafo de akorɔmfo akuw abiɛsa baa wo yoma so bɛsoaa wɔn kɔe. Wɔde afoa kunkum asomfo no na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”
18 Yet was this one speaking, when, another, came in and said, —Thy sons and thy daughters, were eating, and drinking wine, in the house of their eldest brother;
Bere a ogu so rekasa no, ɔbɔfo foforo bi ba bɛkae se, “Na wo mmabarima ne wo mmabea redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panyin fi,
19 when lo! a great wind, came from over the desert, and smote the four corners of the house, and it fell upon the young men, and they died, —and escaped am, only I alone, to tell thee.
na prɛko pɛ, ahum bi bɔ fii sare no so bedwiraa ofi no ntwea anan no. Ofi no dwiriw guu wɔn so na akunkum wɔn, na me nko ara na miguanee a merebɛbɔ wo amanneɛ yi.”
20 Then Job arose, and rent his robe, and shaved his head, and fell to the earth and worshipped;
Eyi maa Hiob sɔre gyinaa hɔ, sunsuan nʼatade mu na oyii ne tinwi. Afei ɔtenaa fam sɔree Awurade
21 and said—Naked came I forth from the womb of my mother, and naked must I return thither, Yahweh, gave, and, Yahweh, hath taken away, —The name of Yahweh be blessed!
kae se, “Adagyaw na mede fi me na yam bae, na adagyaw na mede bɛsan akɔ. Awurade de mae, na Awurade afa; nhyira nka Awurade din!”
22 In all this, Job sinned not, nor imputed folly unto God.
Eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne sɛ ɔbɛbɔ Onyankopɔn sobo.

< Job 1 >