< Isaiah 58 >

1 Cry aloud, do not spare, Like a horn, lift high thy voice, —And declare To my people, their transgression, and To the house of Jacob their sins.
“Monteɛ mu dennen, monnnyae. Momma mo nne so sɛ torobɛnto. Mompae mu nka me nkurɔfo atuatew nkyerɛ wɔn na monka Yakobfi nso nnebɔne nkyerɛ no.
2 Yet, me—day by day, do they seek, And in the knowledge of my ways, they delight, —Like a nation that had done righteousness, And the justice of their God, had not forsaken They ask of me the just regulations, In approaching God, they delight.
Da biara da wɔhwehwɛ me; ayɛ sɛ wɔpere sɛ wobehu mʼakwan, te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ nea ɛteɛ na wɔmpoo ne Nyankopɔn ahyɛde. Wobisa me hɔ gyinae a ɛteɛ na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.
3 Wherefore have we Fasted and thou hast not seen? Humbled our soul, and thou wouldst take no note? Lo! in the day of your fast, ye take pleasure, But all your toilers, ye drive on!
Wɔka se, ‘Adɛn nti na yɛadi mmuada na woanhu yi? Adɛn nti na yɛabrɛ yɛn ho ase, na woanhwɛ yi?’ “Nanso mo mmuada da no, moyɛ nea mopɛ na musisi mo adwumayɛfo nyinaa.
4 Lo! for strife and contention, ye fast, And to smite with the fist of lawlessness, —Ye shall not fast as to-day, To cause to be heard on high your voice!
Ntɔkwaw ne akasakasa na mode wie mo mmuadadi, ne akuturuku a mode bobɔ mo ho. Morentumi nni mmuada sɛnea moyɛ no nnɛ yi na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ ɔsoro.
5 Like this, shall the fast be that I choose, A day for the son of earth to humble his soul? Is it to bow down as a rush his head, And sackcloth and ashes, to spread out? Is it, this, thou wilt call a fast, Or a day of acceptance with Yahweh?
Eyi ne mmuadadi a mepɛ ana? Da koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no ana? Ɛne sɛ obi si ne ti ase te sɛ mfea na ɔtena atweaatam so ne nsõ mu nko ara ana? Eyi na mofrɛ no mmuadadi, da a ɛsɔ Awurade ani yi ni ana?
6 Is not, this, the fast that I must ever choose—To unbind the tight cords of lawlessness, To unloose the bands of the yoke, —and To let the crushed go free, and That every yoke, ye tear off?
“Saa mmuadadi yi na mepɛ: sɛ mubeyiyi ntɛnkyew nkɔnsɔnkɔnsɔn na moasan konnua ahama, sɛ mubegyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so na moabubu konnua biara.
7 Is it not to break unto the hungry, thy bread, And the thrust-out oppressed, that thou bring into a home, —When thou seest one naked, that thou cover him, And from thine own flesh, shalt not hide thyself?
So ɛnsɛ sɛ mo ne wɔn a ɔkɔm de wɔn kyɛ mo aduan na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena; na muhu nea ɔda adagyaw a mumfura no ntama na munnyi mo ani mfi mo ankasa mo nkurɔfo ne mo abusuafo so ana?
8 Then, shall break forth, as the dawn, thy light, And thy new flesh shall speedily grow, —Then shall go before thee, thy righteousness, the glory of Yahweh shall bring up thy rear:
Ɛno na mo hann bepue te sɛ ahemadakye, na mo ayaresa aba ntɛm so; afei mo trenee bedi mo anim, na Awurade anuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.
9 Then, shalt thou Call, and Yahweh, will answer, Cry out, and he will say, Behold me! If thou remove, out of thy midst the yoke, The pointing of the finger, and The speaking of iniquity;
Afei mobɛfrɛ, na Awurade begye mo so; mobɛteɛ mu ahwehwɛ mmoa, na ɔbɛka se: Mini. “Sɛ muyi nhyɛso konnua, nsa a moteɛ wɔ nnipa so ne ntwatoso fi hɔ,
10 And shalt let thine own soul go out to the hungry, And the soul of the oppressed, thou shalt satisfy, Then shall break forth in darkness thy light, And thy thick darkness, become as the splendour of noon;
na sɛ mohaw mo ho ma wɔn a ɔkɔm de wɔn na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nea ehia wɔn a, ɛno de, mo akanea bɛhyerɛn wɔ sum mu, na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinae.
11 Then will Yahweh guide thee continually, And will satisfy, [even] in scorched regions thine own soul, Yea thy very bones, will he invigorate, —So shall thou become like a garden well—watered, And like a spring of water whose waters do not deceive;
Awurade bɛkyerɛ mo kwan bere biara; ɔbɛma mo nea ehia mo wɔ asase wosee so na ɔbɛhyɛ mo nipadua den. Mobɛyɛ sɛ turo a wogugu so nsu yiye, sɛ asuwa a mu nsu nyow da.
12 And they who come of thee shall build the wastes of age-past times, And as for the foundations of generation after generation, thou shalt rear them up, —So shalt thou be called—A Repairer of broken walls, A Restorer of paths leading home.
Mo nkurɔfo bɛsan asi teteete nnwiriwii no, na wɔato fapem a akyɛ no; wɔbɛfrɛ mo Nea Osiesie Afasu a Abubu no, Nea Ogye Atenae Si Hɔ.
13 If thou turn back. From the sabbath thy foot, From doing thine own pleasure on my holy day, —And shall call—The sabbath, An exquisite delight, The holy day of Yahweh, A day to be honoured, And so shall honour it rather—Than do thine own ways, Than take thine own pleasure or Than speak thine own word,
“Sɛ mohwɛ mo anammɔntu so yiye Homeda na moanyɛ nea mopɛ wɔ me da kronkron no, sɛ mofrɛ Homeda no anigye da na mudi Awurade da kronkron no ni na moamfa mo ara mo akwan so na moanyɛ nea mopɛ anaa moanka nsɛnhunu a,
14 Then, shalt thou rest thine own exquisite delight upon Yahweh, …And I will cause thee to ride over the high places of the land, —And will feed thee with the inheritance of Jacob thy father, For the mouth of Yahweh, hath spoken.
ɛno de mubenya anigye wɔ Awurade mu na mɛma mo anantew asase no sorɔnsorɔmmea so na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapade so.” Awurade na waka.

< Isaiah 58 >