< Isaiah 32 >

1 Lo! in righteousness, shall reign a king, Yea even princes, with equity, shall bear rule.
Hwɛ, ɔhene bi bedi hene wɔ trenee mu na ahemfo de atɛntrenee adi nnipa so.
2 So shall each one become As a hiding-place from the wind And a covert from the storm, —As channels of water in a dry place, As the shadow of a massive cliff in a weary land.
Onipa biara bɛyɛ mframa ano hintabea ne ahum mu guankɔbea, ɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ nweatam so ne ɔbotan kɛse sunsuma a ɛwɔ osukɔm asase so.
3 And the eyes of them who are ready to see, shall not be closed, —And, the ears of them who are ready to hear, shall hearken;
Wɔn a wohu no ani renkata bio, na wɔn a wɔte asɛm no aso betie.
4 And the heart of the hurried, shall take note of knowledge, And the tongue of stammerers, shall make haste to speak plainly.
Nea ɔyɛ adwene mu hare behu na wate ase, wɔn a wɔpo dodow bɛkasa na mu ada hɔ.
5 A base man, shall no longer be called, noble, —Nor, a knave, be named, liberal;
Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onuonyamfo bio na wɔremfa nidi mma apapahwekwa.
6 For, a base man, with baseness, will speak, And, his heart, will practise iniquity, —Practising profanity, And speaking, against Yahweh that which misleadeth, Emptying the soul of the hungry, And the drink of the thirsty, he causeth to fail;
Ɔkwasea ka nkwaseasɛm na osusuw bɔne ho: ɔyɛ anyame apɛde ɔka Awurade ho nsɛm a enye; ɔmma nea ɔkɔm de no no aduan ɔde nsu kame nea osukɔm de no.
7 Yea, a knave, his weapons are wicked, —He, base schemes, hath devised To ruin the oppressed with speeches of falsehood Even when the needy pleadeth, for justice.
Apapahwekwa akwan yɛ amumɔyɛ, ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛe de atoro sɛe ohiani, wɔ bere a ohiani asɛm yɛ nokware mpo.
8 But, a noble man, noble things, hath devised, —And, he, upon noble things, will stand,
Nanso onuonyamfo yɛ nhyehyɛe a ɛho wɔ nyam na nneyɛe pa no nti ɔda nsow.
9 Ye women in comfort! arise hear my voice, Ye daughters so confident give ear to my speech: —
Mo mmea a mugye mo ho di, monsɔre na muntie me; mo mmabea a mususuw sɛ mowɔ bammɔ monyɛ aso mma nea mewɔ ka!
10 Some days beyond a year, ye shall be troubled ye confident ones, —For failed hath the vintage, No, gathering, cometh in.
Afe akyi nna kakra bi no mo a mugye di sɛ mowɔ bammɔ ho bɛpopo; bobe twabere no bedi mo huammɔ, nnuaba no twabere nso remma.
11 Tremble, ye women in comfort, Be troubled ye daughters so confident, —Strip! and bare yourselves, and gird somewhat on your loins:
Mo ho mpopo, mo mmea a mugye mo ho di mommɔ hu, mo mmabea a mugye di sɛ mowɔ bammɔ! Mompa mo ho ntama na momfa atweaatam mmɔ mo asen.
12 Upon your breasts, continue smiting: For desirable fields, For fruitful vine.
Mommobɔ mo koko so sɛ mowɔ mfuw afɛfɛ ne bobe a ɛso no nti,
13 Over the soil of my people, thorns and briars shall grow, —Yea over all houses of joy, thou city exultant!
ne me nkurɔfo asase, asase a nsɔe ne nnɛnkyɛnse agye afa. Yiw, montwa adwo mma afi a wogye wɔn ani wɔ mu ne saa ahosɛpɛw kuropɔn yi.
14 For the palace, is abandoned, the tumult of the city, hath ceased—Hill and watch-tower, serve as caves, unto times age-abiding, The joy of wild-asses, The pasture of flocks: —
Wobegyaw aban no hɔ, na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan; abanwa ne ɔwɛn aban bɛdan asasehunu afebɔɔ, nea mfurum pɛ ne nguankuw didibea,
15 Until there be poured out upon us the spirit, from on high, —Then shall the wilderness become, garden-land, And the garden-land, for a forest, be reckoned;
kosi sɛ wobehwie honhom afi ɔsoro agu yɛn so, na nweatam bɛdan asasebere na asasebere ayɛ sɛ kwae.
16 Then shall, justice inhabit, the wilderness, And righteousness, in the garden-land, shall abide;
Trenee bɛtena nweatam so na adetreneeyɛ atena asasebere so.
17 And the yield of righteousness, shall be, peace, —And the tillage of righteousness, quietness, and confidence! to times age-abiding;
Adetreneeyɛ bɛsow asomdwoe aba; nea adetreneeyɛ de ba no bɛyɛ kommyɛ ne ahotoso a enni awiei.
18 And my people shall dwell, In a borne of peace, —and In habitations of security, and In resting-places of comfort.
Me nkurɔfo bɛtenatena mmeae a asomdwoe wɔ afi a wɔabɔ ho ban homebea a ɔhaw biara nni hɔ.
19 But it shall hail during the felling of the forest, And in a sunken place, shall, the city, sink.
Mpo sɛ mparuwbo sɛe kwae no na kuropɔn no sɛe koraa a,
20 How happy are ye who sow beside all waters, —Who send forth the foot of the ox and the ass.
wobehyira wo, wubedua wʼaba wɔ nsuwa biara ho, na wama wʼanantwi ne wo mfurum anantew baabiara.

< Isaiah 32 >