< 1 Kings 10 >

1 And, when, the queen of Sheba, heard the report of Solomon, as pertaining to the Name of Yahweh, she came to prove him, with abstruse questions.
Bere a Sebahemmea tee Salomo din a ahyeta na ɛhyɛ Awurade din anuonyam no, ɔde nsɛmmisa a anoyi yɛ den bɛsɔɔ Salomo hwɛe.
2 Yea she came to Jerusalem with a very heavily-laden train, of camels bearing spices, and gold in great abundance, and precious stones, —and, when she was come to Solomon, she spake unto him all that was near her heart;
Ɔde nʼasomfo a wɔdɔɔso yiye kaa ne ho baa Yerusalem. Na yoma a wɔsoso nnuhuam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔden abo ka wɔn ho. Bere a ohyiaa Salomo no, wodwinnwen nsɛm bebree a na ɛwɔ ɔhemmea ani so no ho.
3 and Solomon answered her all her questions, —there was nothing hidden from the king, which he told her not.
Salomo yii ne nsɛmmisa nyinaa ano sɛnea ɛsɛ. Asɛmmisa biara ankyere nʼadwene.
4 And, when the queen of Sheba had seen all the wisdom of Solomon, —and the house which he had built;
Bere a Sebahemmea huu sɛnea Salomo adwene mu dɔ, ne ahemfi a wasi no,
5 and the food of his table, and the seated assembly of his servants, and the attendance of his ministers with their apparel, and his cupbearers, and his ascent by which he ascended unto the house of Yahweh, there was in her no more spirit.
ne ho dwiriw no. Nnuan a ohuu sɛ esisi ne didipon so no yɛɛ no nwonwa. Sɛnea na wahyehyɛ ne fi so ahwɛfo no ne wɔn ntade papa bi a ɛhyehyɛ wɔn, ne sɛnea nkuruwakurafo ne wɔn ntade yuu ne ɔhyew afɔre a Salomo bɔɔ no Awurade Asɔredan mu hɔ no yɛɛ no ahodwiriw.
6 And she said unto the king, True, was the word which I heard in mine own land, —concerning thine affairs, and concerning thy wisdom.
Ɔhemmea no fii ahodwiriw mu ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Nsɛm a metee wɔ me man mu a ɛfa dwuma a woatumi adi ne wo nyansa ho no nyinaa yɛ nokware!
7 Howbeit I believed not the words, until that I had come and mine own eyes had seen, and lo! there had not been told me, the half, —thou dost exceed, in wisdom and prosperity, even the report which I heard!
Na minnye nni kosii sɛ mibeduu ha a mʼankasa mede mʼani abehu yi. Nokware, sɛɛ na mante asɛm no mu fa mpo. Wo nyansa ne wo nkɔso no boro nea wɔka kyerɛɛ me no so koraa.
8 How happy, are thy wives, how happy, are these thy servants, —who do stand before thee continually, who hear thy wisdom!
Migye di sɛ ɛsɛ sɛ wo nkurɔfo yi ani gye! Ɛyɛ adom ma wʼadwumayɛfo yi sɛ wotumi bɛn wo adekyee biara na wotie wo nyansasɛm.
9 Yahweh thy God be blessed, who delighted in thee, to set thee upon the throne of Israel, —because Yahweh loveth Israel unto times age-abiding, therefore hath he appointed thee to be king, to execute justice and righteousness.
Awurade, wo Nyankopɔn no yɛ ɔkɛse ampa. Nʼani gye wo ho, na ɔde wo asi Israel ahengua so. Efisɛ ɔdɔ a Awurade de dɔ Israel no yɛ ɔdɔ a ɛnsa da. Wasi wo hene sɛ wode atɛntrenee ne treneeyɛ bebu ɔman no.”
10 And she gave unto the king a hundred and twenty talents of gold, and spices in great abundance, and precious stones, —there came in no more, such spice for abundance, as that which the queen of Sheba gave unto King Solomon.
Na ɔkyɛɛ ɔhene no sikakɔkɔɔ tɔn anan ne fa, nnuhuam bebree ne aboɔden abo. Obiara amfa nnuhuam dodow saa ammɛkyɛ Salomo bio, sɛnea Sebahemmea de bɛkyɛɛ no no.
11 Moreover also, the fleet of Hiram, which brought gold from Ophir, brought in, from Ophir sandal-wood in great abundance, and precious stones.
Huram ahyɛn no fi Ofir de sikakɔkɔɔ bae a na asamfono nnua bebree ne aboɔden abo ka ho.
12 So the king made of the sandal-wood a footpath to the house of Yahweh, and to the house of the king, lyres also and harps, for the singers, —there hath neither come in such sandal-wood, nor been seen, unto this day.
Ɔhene de asamfono nnua no yɛɛ atrapoe wɔ Awurade Asɔredan ne ahemfi no mu, na ɔde bi yɛɛ asanku ne mmɛnta maa nnwontofo. Ebesi saa bere no ne saa bere no, na obiara mfaa asamfono nnua a ɛyɛ fɛ saa nkɔɔ hɔ da, na akyiri no nso wɔanhu bi saa da.
13 And, when, King Solomon, had given unto the queen of Sheba, all her desire, which she asked, besides that which he gave her as the bounty of King Solomon, she turned, and went to her own land, she and her servants.
Biribiara a Sebahemmea bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no kaa nea amanne nti, ɔnam ayamye so de maa no no ho. Ɛno akyi, Sebahemmea ne nʼasomfo no san kɔɔ wɔn kurom.
14 And it came to pass that, the weight of the gold which came in unto Solomon in one year, was six hundred and sixty-six talents of gold;
Afe biara, na sikakɔkɔɔ a ɛba Salomo nsam no yɛ tɔn aduonu anum,
15 besides the tribute of the subjugated, and of the travelling merchants, —and of all the kings of Arabia, and the pashas of the land.
a na sika a onya fi aguadifo, Arabia ahemfo ne asase no so amradofo no nkyɛn nka ho.
16 And King Solomon made two hundred shields, of beaten gold, six hundred [shekels] of gold, laid he upon one shield;
Ɔhene Salomo ma wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahannu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram ason.
17 and three hundred bucklers, of beaten gold, one hundred and fifty shekels of gold, laid he upon one buckler, —and the king put them in the house of the forest of Lebanon.
Bio, ɔyɛɛ akyɛm nketewa bi a ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛe a, emu biara mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no de saa akyɛm yi nyinaa kosiee ahemfi hɔ baabi bi a wɔfrɛ hɔ Lebanon Kwae Ahemfi.
18 And the king made a great throne of ivory, —and overlaid it with gold from Uphaz.
Na ɔhene no de asonse yɛɛ ahengua kɛse bi, na ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.
19 There were, six steps, to the throne, and there was, a circular top, to the throne, behind it, and there were supports on this side and on that, unto the place of the seat, —with two lions standing beside the supports;
Na ahengua no wɔ atrapoe ntiaso asia na nʼakyi yɛ kurukuruwa. Ahengua no wɔ nsa wɔ benkum ne nifa, na wɔayɛ gyata sɛso abien asisi hɔ.
20 and, twelve lions, were standing there, upon the six steps, on this side and on that, —there had never been made the like, for any of the kingdoms.
Salomo san yɛɛ gyata sɛso dumien a ɔbaako biara gyina atrapoe ntiaso asia no mu biara benkum ne nifa. Ahengua biara nni wiase a wobetumi de atoto Salomo de no ho.
21 And, all the drinking vessels of King Solomon, were of gold, and, all the vessels of the house of the forest of Lebanon, were of pure gold, —none was of silver, it was accounted in the days of Solomon, as nothing.
Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ na wɔde yɛe. Saa ara na nneɛma ahorow a ɛwɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu no nso te. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, efisɛ Salomo bere so no, na wobu dwetɛ ade teta bi.
22 For, a fleet of Tarshish, had the king, at sea, with the fleet of Hiram, —once in three years, came in the fleet of Tarshish, bringing gold and silver, ivory and apes, and peacocks.
Na ɔhene no wɔ po so aguadihyɛn bebree a ɛne Huram de no yɛ adwuma bɔ mu. Mfe abiɛsa biara, ahyɛn no ba prɛko a sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nsorommoa ne asibe ahyehyɛ wɔn ma.
23 So King Solomon became greater than any of the kings of the earth, —for riches and for wisdom.
Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa.
24 And, all the earth, did seek the face of Solomon, —to hear his wisdom, which God had put in his heart.
Na nnipa fifi aman ahorow so bɛsra no, na wotie nyansa a Onyankopɔn de adom no no bi.
25 And, they, did bring every man his present—vessels of silver, and vessels of gold, and garments, and armour, and spices, horses and mules, —a rate of a year in a year.
Afe biara mu, obiara a ɔbɛba abɛsra no no brɛ no akyɛde te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntade, akode, nnuhuam, apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ.
26 And Solomon gathered together chariots and horsemen, and so it was that he had a thousand and four hundred chariots, and twelve thousand horsemen, —for whom he found place in the chariot cities, and near the king, in Jerusalem.
Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahannan ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde emu fa kɛse guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so na ɔmaa bi nso kaa Yerusalem.
27 And the king caused silver in Jerusalem to be as stones, —cedars also, caused he to be as the sycamores that are in the lowlands, for abundance.
Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ abo wɔ Yerusalem. Na sida nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ ankye nnua a efifi wɔ mmepɔw ase wɔ Yuda asase so.
28 And the horses that Solomon had were, an export, out of Egypt, —and, a company of the merchants of the king, used to fetch, a drove, at a price,
Na Salomo tɔɔ apɔnkɔ fii Misraim ne Kilikia, efisɛ na ɔhene no aguadifo nya wɔn fi Kilikia a wɔn bo no ye.
29 And a chariot came up and forth out of Egypt, for six hundred shekels of silver and a horse for a hundred and fifty, —and, so, for all the kings of the Hittites, and for the kings of Syria, by their means, came they forth.
Saa bere no, na wotumi tɔ Misraim teaseɛnam a wɔde abedu Yerusalem no dwetɛ kilogram awotwe, na apɔnkɔ nso, na wotumi tɔ baako dwetɛ kilogram abien. Na wɔsan tɔn wɔn mu pii ma Hetifo ahemfo ne Aram ahemfo.

< 1 Kings 10 >