< Psalms 25 >

1 [A Psalm] of David. Unto thee, O LORD, do I lift up my soul.
Dawid dwom. Awurade, me Nyankopɔn, wo mu na mede me werɛ hyɛ.
2 O my God, in thee have I trusted, let me not be ashamed; let not mine enemies triumph over me.
Wo so, me Nyankopɔn, na mede me ho to, mma mʼanim ngu ase, na mma mʼatamfo nso nni me so nkonim.
3 Yea, none that wait on thee shall be ashamed: they shall be ashamed that deal treacherously without cause.
Wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no mu biara anim rengu ase da, mmom, wɔn a wɔyɛ kɔntɔnkye kwa no anim begu ase.
4 Shew me thy ways, O LORD; teach me thy paths.
Kyerɛ me wʼakwan, Awurade, na minhu wʼatempɔn.
5 Guide me in thy truth, and teach me; for thou art the God of my salvation; on thee do I wait all the day.
Fa wo nokware no so kyerɛkyerɛ me, efisɛ woyɛ Onyankopɔn, me Gyefo, na mʼani da wo so daa nyinaa.
6 Remember, O LORD, thy tender mercies and thy lovingkindnesses; for they have been ever of old.
Kae, Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛse a ɛwɔ hɔ fi tete no.
7 Remember not the sins of my youth, nor my transgressions: according to thy lovingkindness remember thou me, for thy goodness’ sake, O LORD.
Nkae me mmabun bere mu bɔne ne mʼatuatew akwan; kae me sɛnea wʼadɔe te, Awurade, efisɛ wuye.
8 Good and upright is the LORD: therefore will he instruct sinners in the way.
Awurade ye na ɔteɛ; enti ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfo nʼakwan.
9 The meek will he guide in judgment: and the meek will he teach his way.
Ɔde ahobrɛasefo fa ɔkwan pa so na ɔkyerɛ wɔn nʼapɛde.
10 All the paths of the LORD are lovingkindness and truth unto such as keep his covenant and his testimonies.
Awurade akwan nyinaa yɛ ɔdɔ ne nokwaredi ma wɔn a wodi nʼapam mu ahyɛde so.
11 For thy name’s sake, O LORD, pardon mine iniquity, for it is great.
Awurade, me bɔne so de, nanso wo din nti, fa kyɛ me.
12 What man is he that feareth the LORD? him shall he instruct in the way that he shall choose.
Enti hena ne onipa a osuro Awurade? Ɔbɛkyerɛ no ɔkwan a wabɔ ama no.
13 His soul shall dwell at ease; and his seed shall inherit the land.
Obedi yiye wɔ ne nkwanna mu, na nʼasefo afa asase no sɛ wɔn agyapade.
14 The secret of the LORD is with them that fear him; and he will shew them his covenant.
Awurade da nʼatirimsɛm adi kyerɛ wɔn a wosuro no; na ɔma wohu nʼapam.
15 Mine eyes are ever toward the LORD; for he shall pluck my feet out of the net.
Mʼani da Awurade so daa, efisɛ ɔno nko ara na obeyi mʼanan afi afiri mu.
16 Turn thee unto me, and have mercy upon me; for I am desolate and afflicted.
Dan wʼani hwɛ me, na dom me, efisɛ meyɛ ankonam na meyɛ mmɔbɔ.
17 The troubles of my heart are enlarged: O bring thou me out of my distresses.
Me koma mu dadwen adɔɔso; yi me dadwen fi me so.
18 Consider mine affliction and my travail; and forgive all my sins.
Hwɛ me haw ne mʼahohiahia na yi me bɔne nyinaa fi me so.
19 Consider mine enemies, for they are many; and they hate me with cruel hatred.
Hwɛ sɛnea mʼatamfo adɔɔso ne ɔtan kɛse a wɔde tan me!
20 O keep my soul, and deliver me: let me not be ashamed, for I put my trust in thee.
Bɔ me nkwa ho ban na gye me; mma mʼanim ngu ase, efisɛ me guankɔbea ne wo.
21 Let integrity and uprightness preserve me, for I wait on thee.
Ma trenee ne nokware mmɔ me ho ban, efisɛ mʼani da wo so.
22 Redeem Israel, O God, out of all his troubles.
Gye Israel, Onyankopɔn, fi wɔn haw nyinaa mu.

< Psalms 25 >