< Mark 4 >

1 And again he began to teach by the shore of the lake; and there was gathered to him a very great multitude, so that he went into a boat, and sat down in it upon the lake; and all the multitude was by the lake on the land.
Ɛberɛ a ɔgu so rekyerɛkyerɛ no, nnipadɔm sane bɛtwaa ne ho hyiaeɛ wɔ mpoano hɔ. Yei enti, ɔkɔtenaa kodoɔ mu, toaa ne nkyerɛkyerɛ no so.
2 And he taught them many things in parables, and said to them in his teaching,
Na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔnam mmɛbuo so kasa kyerɛɛ wɔn. Baako a ɔkaeɛ ne sɛ,
3 Hearken: Behold, a sower went forth to sow.
“Ɛda bi, ogufoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba.
4 And it came to pass, as he sowed some seeds fell by the way-side; and the birds came and devoured them.
Ɔgu so regu aba no, aba no bi guu kwankyɛn, maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa diiɛ.
5 And others fell on rocky ground, where they had not much earth; and they sprung up immediately, because they had no depth of earth.
Ebi nso kɔguu ɔbotan bi so. Nanso, dɔteɛ a ɛwɔ so no nnɔɔso.
6 But when the sun was up, they were scorched; and because they had no root, they withered away.
Ankyɛre na ɛfifiriiɛ, nanso ɛsiane sɛ dɔteɛ a ɛwɔ ɔbotan no so no nnɔɔso no enti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyeeɛ.
7 And others fell among thorns; and the thorns grew up, and choked them, and they yielded no fruit.
Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu, maa nkasɛɛ no kyekyeree no enti antumi anso aba.
8 And others fell on good ground, and shooting up and growing yielded fruit; and bore as much as thirty, and sixty, and a hundred fold.
Aba no bi nso guu asase pa mu, maa ebi nyini soo mmɔho aduasa, ebi aduosia, ɛnna afoforɔ nso mmɔho ɔha!”
9 And he said, He that hath ears to hear, let him hear.
Na Yesu kaa sɛ, “Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie!”
10 And when he was in private, they who were about him, with the twelve, asked him about the parables.
Akyire no a ɛkaa ɔne dumienu no ne asuafoɔ afoforɔ bi no, wɔbisaa no sɛ, “Asɛm a wokaeɛ no, aseɛ ne sɛn?”
11 And he said to them, To you hath been given the mystery of the kingdom of God; but to them, who are without, all things are done in parables; t
Ɔbuaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔada Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm adi akyerɛ mo. Nanso, afoforɔ deɛ, wɔka no abɛbuo mu na ɛkyerɛ wɔn.
12 hat seeing they may see, and not perceive, and hearing they may hear, and not understand; lest they should turn, and be forgiven.
Esiane saa nti, “‘Wɔhunu na wɔte, nanso wɔrente deɛ wɔte no ase, na wɔrennane mma Onyankopɔn nkyɛn, na wɔremfa wɔn bɔne nso nkyɛ wɔn.’
13 And he saith to them, Know ye not this parable? and how will ye know all the parables?
“Na sɛ moante saa bɛ yi ase a, ɛbɛyɛ dɛn na moate mmɛ ahodoɔ a merebɛbuo no ase?
14 The sower soweth the word.
Ogufoɔ no gu aba a ɛyɛ asɛm no.
15 And these are they by the wayside, those where the word is sown, and when they have heard, Satan cometh immediately, and taketh away the word that was sown in them.
Aba a ɛguu kwankyɛn no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm, nanso sɛ wɔte asɛm no a, ntɛm so, ɔbonsam ba wɔn nkyɛn, ma wɔn werɛ firi deɛ wɔate no nyinaa.
16 And these in like manner are they that are sown on the rocky places, those, who, when they have heard the word, immediately receive it with joy,
Aba a ɛguu ɔbotan so no gyina hɔ ma nnipa a wɔde anigyeɛ tie asɛm no.
17 and have no root in themselves, but endure only for a time; then, when affliction or persecution ariseth on account of the word, they immediately fall away.
Nanso, wɔte sɛ aba a afifiri foforɔ a ne nhini nkɔ fam. Ahyɛaseɛ no, wɔkɔ so fɛfɛɛfɛ, nanso sɛ ɛba sɛ asɛm no enti, ɔtaa anaa amanehunu bi to wɔn pɛ, na wɔapa aba.
18 And others are they that are sown among the thorns; these are they who hear the word,
Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte asɛmpa no,
19 but the cares of the world, and the deceitfulness of riches, and the lusts of other things entering in, choke the word, and it becometh unfruitful. (aiōn g165)
nanso ɛnkyɛre koraa na ewiase yi mu afɛfɛdeɛ ne ahonyadeɛ ne ɔbra yi mu dadwene, nnaadaa ne nneɛma bi ho akɔnnɔ abɛhyɛ wɔn akoma mu. Yei enti, asɛm no ntumi nso aba biara. (aiōn g165)
20 And these are they who are sown on the good ground; such as hear the word, and receive it; and bear fruit, thirty, sixty, and a hundred fold.
Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm no, na wɔso aba bebree. Nnipa no bi so mmɔho aduasa. Ebi nso so aduosia, na afoforɔ nso so ɔha.”
21 And he said to them, Is a lamp brought to be put under the bushel, or under the bed, and not to be set on the lamp-stand?
Afei, Yesu bisaa wɔn sɛ, “Moahunu obi a ɔsɔ kanea na ɔde hyɛ mpa ase, anaasɛ ɔde ahina butu so? Dabi! Wɔde kanea si petee mu na ahyerɛn ma ɛho aba mfasoɔ.
22 For there is nothing secret, unless to be made known; nor was any thing hidden, but that it should come to light.
Deɛ ahinta biara no, wɔbɛda no adi, na deɛ wɔakata so biara no, wɔde bɛto dwa.
23 If any one hath ears to hear, let him hear.
Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no, ma ɔntie!
24 And he said to them, Take heed what ye hear. With what measure ye mete, it will be measured to you, and more will be added to you.
“Monhwɛ yie wɔ deɛ mote no ho. Deɛ mote no, ɛno ara na wɔde bɛma mo, na aboro so mpo.
25 For he that hath, to him will be given; and he that hath not, from him will be taken away even what he hath.
Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho; deɛ ɔnni ahe bi no, kakraa a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.”
26 And he said, Thus is the kingdom of God, as when a man has cast seed upon the ground,
Ɔkaa bio sɛ, “Sɛdeɛ Onyankopɔn Ahennie no teɛ nie: okuafoɔ bi gu aba wɔ asase bi so.
27 and sleeps and rises night and day, and the seed springs and grows up, he knows not how.
Awia ne anadwo, sɛ ɔda o, sɛ ɔnyane o, aba no fefɛ a ɔnnim sɛdeɛ ɛyɛeɛ a ɛnyiniiɛ.
28 For the earth brings forth fruit of itself, first the blade, then the ear, then the full grain in the ear.
Asase no ankasa bɔ nʼaduane, dua no na ɛdi kan, afei ɛpɛsɛ na abɔ, ama aba no anyini.
29 But when the fruit puts itself forth, immediately he sends out the sickle, because the harvest is come.
Sɛ aba no nyini wie a, okuafoɔ no fa ne dadeɛ kɔtwa, ɛfiri sɛ otwa berɛ aduru.”
30 And he said, To what shall we liken the kingdom of God? or under what comparison shall we set it forth?
Ɔsane kaa sɛ, “Ɛdeɛn ho na yɛde Ɔsoro Ahennie no bɛto, anaa abɛbusɛm bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu?
31 It is like a grain of mustard, which, when it is sown in the earth, is less than all the seeds that are in the earth;
Ɛte sɛ onyina aba, a ɛyɛ ketewaa wɔ aba a wodua nyinaa mu.
32 and when it is sown, it grows up, and becomes greater than all the herbs, and puts forth great branches, so that the birds of the air can lodge under its shade.
Na sɛ wodua a ɛnyini yɛ kɛseɛ sene nnua a aka no nyinaa, ɛyiyi mman akɛseɛ ma ewiem nnomaa bɛsisi ne nwunu mu.”
33 And with many such parables he spoke the word to them, as they were able to hear.
Mmɛbuo a ɛtete sɛ yeinom na Yesu de kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi ate aseɛ.
34 But without a parable he did not speak to them; but in private he explained all things to his own disciples.
Ɔnam mmɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ wɔn a wɔbɛtiee no no nyinaa, na sɛ ɛka ɔne nʼasuafoɔ no nko a, ɔkyerɛ wɔn ne nyinaa ase.
35 And on the same day, when the evening was come, he saith to them, Let us pass over to the other side.
Ɛduruu anwummerɛ no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Momma yɛntwa nkɔ asuogya nohoa.”
36 And leaving the multitude, they take him with them, as he was, in the boat; and there were also other boats with him.
Ɔkaa saa no, wɔgyaa nnipadɔm no wɔ hɔ, na ɔne wɔn kɔeɛ a akodoɔ foforɔ di wɔn akyi.
37 And there arose a great storm of wind, and the waves heat into the boat, so that it was already filling.
Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ, maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so, ma ɛyɛɛ sɛ ɛremem.
38 And he was in the stern, asleep on the pillow; and they awake him, and say to him, Teacher, carest thou not that we are perishing?
Saa ɛberɛ no, na Yesu wɔ kodoɔ no to de ne ti ato sumiiɛ so ada. Asuafoɔ no de ahopopoɔ ne nteateamu kɔnyanee no kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛreyɛ amem yi, ɛmfa wo ho?”
39 And he arose, and rebuked the wind, and said to the waves, Peace! be still! And the wind ceased, and there was a great calm.
Ɔsɔre teateaa mframa no ka kyerɛɛ ɛpo no sɛ, “Yɛ dinn!” Mframa no gyaeeɛ, na ɛpo no yɛɛ dinn!
40 And he said to them, Why are ye so fearful? How is it that ye have not faith?
Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn na moyɛ ahufoɔ sei? Adɛn, monnye me nni anaa?”
41 And they feared exceedingly, and said one to another, Who then is this, that even the wind and the waves obey him?
Na wɔn ho dwirii wɔn yie, bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn ni a mframa ne ɛpo mpo tie no yi?”

< Mark 4 >