< John 19 >

1 Then therefore Pilate took Jesus and scourged him.
Pilato ma wɔbɔɔ Yesu mmaa.
2 And the soldiers platted a crown of thorns, and put it on his head, and put on him a purple robe, and approached him
Asraafoɔ no de nkasɛɛ nwonoo ahenkyɛ de hyɛɛ Yesu; afei, wɔde atadeɛ kɔkɔɔ nso hyɛɛ no.
3 and said, Hail, king of the Jews! and they gave him blows on the face.
Wɔdii ne ho fɛw, bobɔɔ no asotorɔ, kaa sɛ, “Yudafoɔ ɔhene, wo nkwa so!”
4 Again Pilate went forth, and saith to them, Behold, I bring him forth to you, that ye may know that I find nothing criminal in him.
Pilato firii adi kɔka kyerɛɛ ɛdɔm no bio sɛ, “Mɛsane de no abrɛ mo ama moahunu sɛ menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.”
5 Jesus therefore came forth, wearing the crown of thorns, and the purple robe. And [[Pilate]] saith to them, Behold the man!
Ɛberɛ a Yesu firii adi baeɛ no, na ɔhyɛ ahenkyɛ a wɔde nkasɛɛ anwono ne atadeɛ kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no sɛ, “Onipa no ni!”
6 When therefore the chief priests and the officers saw him, they cried out, saying, Crucify! crucify! Pilate saith to them, Take him yourselves, and crucify him; for I find nothing criminal in him.
Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne awɛmfoɔ no hunuu Yesu no, wɔteateaam sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!” Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnua mu, ɛfiri sɛ, menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.”
7 The Jews answered him, We have a law, and according to the law he ought to die, because he made himself the Son of God.
Yudafoɔ no buaa sɛ, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔwu, ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn Ba.”
8 When Pilate therefore heard this, he was the more afraid;
Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a wɔkaeɛ no, ɔbɔɔ hu yie.
9 and went again into the palace, and saith to Jesus, Whence art thou? But Jesus gave him no answer.
Ɔsane kɔɔ ahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Nanso Yesu ammua no.
10 Pilate saith to him, Dost thou not speak to me? Dost thou not know that I have power to release thee, and have power to crucify thee?
Pilato bisaa no sɛ, “Woremmua me anaa? Ɛsɛ sɛ wohunu sɛ, mewɔ tumi sɛ megyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asɛnnua mu!”
11 Jesus answered, Thou wouldst have no power against me, unless it had been given thee from above; for this cause he that delivered me up to thee hath the greater sin.
Yesu buaa no sɛ, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a, anka wonni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.”
12 From this time Pilate sought to release him. But the Jews cried out, saying, If thou release this man, thou art not a friend of Caesar. Every one that maketh himself a king, setteth himself against Caesar.
Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a Yesu kaeɛ no, ɔhwehwɛɛ ɛkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso, Yudafoɔ no teateaam sɛ, “Sɛ wogyaa no a, na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no tia Kaesare!”
13 When therefore Pilate heard these words, he brought Jesus forth, and sat down on the judgment-seat, in a place called the Pavement, but in Hebrew, Gabbatha.
Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a Yudafoɔ no kaeɛ no, ɔde Yesu firii adi na ɔbɛtenaa nʼatemmuo adwa so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Aboɔ Nsɛmeeɛ, a Hebri kasa mu, ɛyɛ “Gabata.”
14 Now it was the preparation of the passover. It was about the sixth hour. And he saith to the Jews, Behold your king!
Adeɛ rebɛkye ama Twam Afahyɛ no aduru so no, ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no. Pilato ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, “Mo ɔhene no ni!”
15 Upon this they cried out, Away with him! Away with him! Crucify him! Pilate saith to them, Shall I crucify your king? The chief priests answered, We have no king but Caesar.
Ɛdɔm no nso teateaa mu bio sɛ, “Fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu!” Pilato bisaa wɔn sɛ, “Mopɛ sɛ mebɔ mo ɔhene no asɛnnua mu anaa?” Asɔfoɔ mpanin no kaa sɛ, “Yɛn ɔhene a yɛwɔ ara ne Kaesare!”
16 Then therefore he delivered him up to them to be crucified. They therefore took Jesus;
Afei, Pilato de Yesu maa Yudafoɔ no sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.
17 and bearing his own cross, he went forth into the place called Place of a Skull; in Hebrew, Golgotha;
Enti, wɔde Yesu a nʼasɛnnua da ne kɔn ho no kɔɔ kuro no mfikyire baabi a wɔfrɛ hɔ “Nitire So” hɔ, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota.”
18 where they crucified him, and with him two others, one on each side, and Jesus in the midst.
Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asɛnnua mu kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfimfini.
19 And Pilate wrote an inscription also, and put it on the cross. And the writing was, “Jesus the Nazarene, the king of the Jews.”
Pilato twerɛɛ sɛ: Yesu Nasareni, Yudafoɔ Ɔhene maa wɔde taree nʼasɛnnua no atifi.
20 This inscription therefore was read by many of the Jews; for the place where Jesus was crucified was near the city; and it was written in Hebrew, Latin, and Greek.
Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu ne kuro no mu ɛkwan nware, na bio wɔatwerɛ nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no enti, nnipa bebree hunu kenkaneeɛ.
21 Therefore the chief priests of the Jews said to Pilate, Write not, The king of the Jews; but that he said, I am king of the Jews.
Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin no ka kyerɛɛ Pilato sɛ, “Ntwerɛ sɛ, ‘Yudafoɔ ɔhene’ na mmom twerɛ sɛ, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkaa sɛ, mene Yudafoɔ ɔhene!’”
22 Pilate answered, What I have written, I have written.
Pilato kaa sɛ, “Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.”
23 Then the soldiers, when they had crucified Jesus, took his garments and made four parts, to every soldier a part, and also his coat. Now the coat was without seam, woven from the top throughout.
Asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu wieeɛ no, wɔkyɛɛ ne ntadeɛ mu maa asraafoɔ ɛnan no. Na saa atadeɛ no yɛ atadeɛ bi a, wɔanwono firi ne ɔsoro kɔsi ne fam a ɛnni mpameeɛ.
24 They said therefore among themselves, Let us not rend it, but cast lots for it, whose it shall be. That the scripture might be fulfilled: “They parted my garments among them, and for my vesture they cast lots.” These things the soldiers did.
Asraafoɔ no nyinaa kaa sɛ, “Mommma yɛnntete mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yɛnhunu onipa a ɔbɛnya.” Adeɛ a wɔyɛeɛ yi sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Wɔkyekyɛɛ me ntadeɛ mu, bɔɔ so ntonto faeɛ” no bɛba mu. Deɛ asraafoɔ no yɛeɛ ne no.
25 Now there stood by the cross of Jesus his mother and his mother's sister, Mary the wife of Clopas, and Mary the Magdalene.
Nnipa a na wɔgyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne maame, ne maame nuabaa, Maria, a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene.
26 Jesus therefore, when he saw his mother, and the disciple whom he loved standing by, saith to his mother, Woman, behold thy son!
Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɔbaa, wo ba nie.”
27 Then he saith to the disciple, Behold thy mother! And from that hour the disciple took her to his own home.
Afei, ɔka kyerɛɛ osuani no sɛ, “Wo maame nie.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, osuani no faa no ne no kɔtenaeɛ.
28 After this, Jesus knowing that all things were now finished, in order that the Scripture might be accomplished, saith, I thirst.
Saa ɛberɛ no, Yesu hunuiɛ sɛ afei deɛ biribiara aba nʼawieeɛ, na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Atwerɛsɛm no bɛba mu no enti, ɔkaa sɛ, “Osukɔm de me.”
29 A vessel was brought full of vinegar; and putting a sponge filled with vinegar upon a stalk of hyssop, they raised it to his mouth.
Wɔde sapɔ a ɛtua hisope ano bɔɔ nsã a emu keka mu de kaa nʼano.
30 When therefore he had received the vinegar, he said, It is finished! and he bowed his head, and yielded up his spirit.
Yesu nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Mawie!” Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔsii ne ti ase na ɔgyaee ne honhom mu.
31 The Jews therefore, because it was the preparation, that the bodies might not remain upon the cross on the sabbath, for that sabbath was a great day, besought Pilate that their legs might be broken, and that they might be taken away.
Na da no yɛ ahosiesie da, na Yudafoɔ mpanimfoɔ no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asɛnnua no so kɔsi nʼadekyeeɛ a wɔbɛdi Twam Afahyɛ no. Enti, wɔkɔka kyerɛɛ Pilato sɛ wɔpɛ sɛ wɔbubu nnipa no nan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi ayiyi wɔn amu no afiri asɛnnua no so.
32 So the soldiers came and broke the legs of the first, and of the other who was crucified with him.
Asraafoɔ no kɔbubuu ɔbarima a ɔdi ɛkan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnua mu ho no nan; wɔwieeɛ no, wɔkɔbubuu ɔbarima a ɔtɔ so mmienu no nso nan.
33 But when they came to Jesus, and saw that he was already dead, they broke not his legs;
Nanso wɔduruu Yesu so no, wɔhunuu sɛ ɔno deɛ, na wawu dada enti wɔammubu ne nan bi.
34 but one of the soldiers with a spear pierced his side, and immediately there came out blood and water.
Asraafoɔ no mu baako de ne pea wɔɔ ne mfe maa mogyasufi firi ne mfe mu baeɛ.
35 And he that hath seen hath borne witness, and his witness is true; and he knoweth that he saith what is true, that ye also may believe.
Onipa a ɔhunuu deɛ ɛsiiɛ no na wadi ho adanseɛ. Nʼadanseɛ no yɛ nokorɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nso mobɛgye adi.
36 For these things came to pass, that the scripture might be fulfilled, “A bone of him shall not be broken.”
Yeinom nyinaa sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Wɔremmu ne dompe bi”
37 And again another scripture saith, “They shall look on him whom they pierced.”
ne “Nnipa bɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ ne mfe mu pea” no bɛba mu.
38 And after this, Joseph of Arimathaea, being a disciple of Jesus, but concealing it for fear of the Jews, besought Pilate that he might take away the body of Jesus; and Pilate gave him leave. They came therefore and took him away.
Yei akyi no, Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛsiane Yudafoɔ ho hu enti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kɔkoam no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no ɛkwan na ɔnkɔyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno enti, ɔkɔyii Yesu amu no.
39 Nicodemus also, he who at the first went to him by night, came bringing a mixture of myrrh and aloes, about a hundred pounds weight.
Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de kurobo ne aduhwam mfrafraeɛ a emu duru bɛyɛ kilogram aduasa mmiɛnsa baeɛ.
40 Then they took the body of Jesus, and wound it in linen cloths with the spices, as is the manner of the Jews in preparing for burial.
Wɔn baanu no de nwera ne aduhwam mfrafraeɛ no kyekyeree Yesu amu no sɛdeɛ Yudafoɔ ɛkwan a wɔfa so sie wɔn amu no teɛ no.
41 Now in the place where he was crucified there was a garden, and in the garden a new tomb, in which no one had ever been laid.
Na ɔboda foforɔ bi a wɔnsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛbɛn baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no.
42 There then, on account of the Jews' preparation-day, they laid Jesus; for the tomb was at hand.
Esiane sɛ na saa ɔboda no bɛn no enti, wɔsiee Yesu amu no wɔ hɔ.

< John 19 >