< John 19 >

1 Then therefore Pilate took Jesus and scourged him.
Pilato ma wɔbɔɔ Yesu mmaa.
2 And the soldiers platted a crown of thorns, and put it on his head, and put on him a purple robe, and approached him
Asraafo no de nsɔe nwenee ahenkyɛw hyɛɛ Yesu; afei, wɔde atade kɔkɔɔ nso hyɛɛ no.
3 and said, Hail, king of the Jews! and they gave him blows on the face.
Wodii ne ho fɛw, bobɔɔ nʼani so kae se, “Yudafo hene, wo nkwa so!”
4 Again Pilate went forth, and saith to them, Behold, I bring him forth to you, that ye may know that I find nothing criminal in him.
Pilato fii adi kɔka kyerɛɛ dɔm no bio se, “Mɛsan de no abrɛ mo ama moahu sɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.”
5 Jesus therefore came forth, wearing the crown of thorns, and the purple robe. And [[Pilate]] saith to them, Behold the man!
Bere a Yesu fii adi bae no, na ɔhyɛ ahenkyɛw a wɔde nsɔe anwen ne atade kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no se, “Onipa no ni!”
6 When therefore the chief priests and the officers saw him, they cried out, saying, Crucify! crucify! Pilate saith to them, Take him yourselves, and crucify him; for I find nothing criminal in him.
Bere a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no huu Yesu no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!” Pilato ka kyerɛ wɔn se, “Mo ankasa momfa no nkɔ nkɔbɔ no asennua mu, efisɛ minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.”
7 The Jews answered him, We have a law, and according to the law he ought to die, because he made himself the Son of God.
Yudafo no buae se, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ owu, efisɛ ɔkae se ɔyɛ Onyankopɔn Ba.”
8 When Pilate therefore heard this, he was the more afraid;
Bere a Pilato tee asɛm a wɔkae no, ɔbɔɔ hu yiye.
9 and went again into the palace, and saith to Jesus, Whence art thou? But Jesus gave him no answer.
Ɔsan kɔɔ ahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Ɛhe na wufi?” Nanso Yesu ammua no.
10 Pilate saith to him, Dost thou not speak to me? Dost thou not know that I have power to release thee, and have power to crucify thee?
Pilato bisaa no se, “Woremmua me ana? Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asennua mu!”
11 Jesus answered, Thou wouldst have no power against me, unless it had been given thee from above; for this cause he that delivered me up to thee hath the greater sin.
Yesu buaa no se, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a anka wunni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.”
12 From this time Pilate sought to release him. But the Jews cried out, saying, If thou release this man, thou art not a friend of Caesar. Every one that maketh himself a king, setteth himself against Caesar.
Bere a Pilato tee asɛm a Yesu kae no, ɔhwehwɛɛ ɔkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafo no teɛteɛɛ mu se, “Sɛ wugyaa no a na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no tia Kaesare!”
13 When therefore Pilate heard these words, he brought Jesus forth, and sat down on the judgment-seat, in a place called the Pavement, but in Hebrew, Gabbatha.
Bere a Pilato tee asɛm a Yudafo no kae no, ɔde Yesu fii adi na ɔbɛtenaa nʼatemmu agua so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Abo Nsɛmee, (a Hebri kasa mu no, ɛyɛ “Gabata”).
14 Now it was the preparation of the passover. It was about the sixth hour. And he saith to the Jews, Behold your king!
Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu so no, ɛbɛyɛ owigyinae no. Pilato ka kyerɛɛ Yudafo no se, “Mo hene no ni!”
15 Upon this they cried out, Away with him! Away with him! Crucify him! Pilate saith to them, Shall I crucify your king? The chief priests answered, We have no king but Caesar.
Dɔm no nso teɛteɛɛ mu bio se, “Fa no kɔ! Bɔ no asennua mu!” Pilato bisaa wɔn se, “Mopɛ sɛ mebɔ mo hene no asennua mu ana?” Asɔfo mpanyin no kae se, “Yɛn hene a yɛwɔ ara ne Kaesare!”
16 Then therefore he delivered him up to them to be crucified. They therefore took Jesus;
Afei Pilato de Yesu maa Yudafo no sɛ wɔnkɔbɔ no asennua mu.
17 and bearing his own cross, he went forth into the place called Place of a Skull; in Hebrew, Golgotha;
Enti wɔde Yesu a nʼasennua da ne kɔn ho no kɔɔ kurow no mfikyiri baabi a wɔfrɛ hɔ “Nitiri So”, a Hebri kasa mu ɛyɛ “Golgota”.
18 where they crucified him, and with him two others, one on each side, and Jesus in the midst.
Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu asennua mu. Wɔbɔɔ nnipa baanu bi nso asennua mu kaa ne ho. Na ɔbaako sɛn ne benkum so na ɔbaako nso sɛn ne nifa so a Yesu sɛn wɔn mfimfini.
19 And Pilate wrote an inscription also, and put it on the cross. And the writing was, “Jesus the Nazarene, the king of the Jews.”
Pilato kyerɛw se, Yesu Nasareni, Yudafo Hene de taree nʼasennua no atifi.
20 This inscription therefore was read by many of the Jews; for the place where Jesus was crucified was near the city; and it was written in Hebrew, Latin, and Greek.
Esiane sɛ faako a wɔbɔɔ Yesu asennua mu ne kurow no mu kwan nware, na bio wɔakyerɛw nsɛm no wɔ Hebri, Roma ne Hela kasa mu no nti, nnipa bebree hu kenkanee.
21 Therefore the chief priests of the Jews said to Pilate, Write not, The king of the Jews; but that he said, I am king of the Jews.
Yudafo asɔfo mpanyin no ka kyerɛɛ Pilato se, “Nkyerɛw se, ‘Yudafo hene’ na mmom kyerɛw se, ‘Saa ɔbarima yi na ɔkaa se mene Yudafo hene!’”
22 Pilate answered, What I have written, I have written.
Pilato kae se, “Nea makyerɛw no, makyerɛw.”
23 Then the soldiers, when they had crucified Jesus, took his garments and made four parts, to every soldier a part, and also his coat. Now the coat was without seam, woven from the top throughout.
Asraafo no bɔɔ Yesu asennua mu wiei no, wɔkyɛɛ ne ntade mu maa asraafo baanan no. Na saa atade no yɛ atade bi a wɔanwen fi ne soro kosi ne fam a enni mpamee.
24 They said therefore among themselves, Let us not rend it, but cast lots for it, whose it shall be. That the scripture might be fulfilled: “They parted my garments among them, and for my vesture they cast lots.” These things the soldiers did.
Asraafo no nyinaa kae se, “Mommma yɛnntetew mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yenhu onipa a obenya.” Ade a wɔyɛɛ yi sii, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Wɔkyekyɛɛ me ntama mu, bɔɔ mʼatade so ntonto fae” no bɛba mu. Nea asraafo no yɛe ne no.
25 Now there stood by the cross of Jesus his mother and his mother's sister, Mary the wife of Clopas, and Mary the Magdalene.
Nnipa a na wogyina Yesu asennua no ho pɛɛ no ne ne na, ne na nuabea, Maria a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene.
26 Jesus therefore, when he saw his mother, and the disciple whom he loved standing by, saith to his mother, Woman, behold thy son!
Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne na se, “Ɔbea, wo ba ni.”
27 Then he saith to the disciple, Behold thy mother! And from that hour the disciple took her to his own home.
Afei ɔka kyerɛɛ osuani no se, “Wo na ni.” Efi saa bere no, osuani no faa no ne no kɔtenae.
28 After this, Jesus knowing that all things were now finished, in order that the Scripture might be accomplished, saith, I thirst.
Saa bere no Yesu huu sɛ afei de, biribiara aba nʼawie, na sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu no nti, ɔkae se, “Osukɔm de me.”
29 A vessel was brought full of vinegar; and putting a sponge filled with vinegar upon a stalk of hyssop, they raised it to his mouth.
Wɔde sapɔw a etua adwerɛ ano bɔɔ nsa a emu keka mu de kaa nʼano.
30 When therefore he had received the vinegar, he said, It is finished! and he bowed his head, and yielded up his spirit.
Yesu nom wiei no, ɔkae se, “Mawie!” Ɔkaa eyi wiee no, osii ne ti ase na ogyaa ne honhom mu.
31 The Jews therefore, because it was the preparation, that the bodies might not remain upon the cross on the sabbath, for that sabbath was a great day, besought Pilate that their legs might be broken, and that they might be taken away.
Na da no yɛ ahosiesie da, na Yudafo mpanyimfo no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asennua no so kosi nʼadekyee a wobedi Twam Afahyɛ no. Enti wɔkɔka kyerɛɛ Pilato se wɔpɛ sɛ wobubu nnipa no anan sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayiyi wɔn amu no afi asennua no so.
32 So the soldiers came and broke the legs of the first, and of the other who was crucified with him.
Asraafo no kobubuu ɔbarima a odi kan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu ho no anan; wowiei no, wokobubuu ɔbarima a ɔto so abien no nso anan.
33 But when they came to Jesus, and saw that he was already dead, they broke not his legs;
Nanso woduu Yesu so no wohuu sɛ ɔno de, na wawu dedaw enti wɔammu ne nan bi.
34 but one of the soldiers with a spear pierced his side, and immediately there came out blood and water.
Asraafo no mu baako de ne peaw wɔɔ ne mfe maa mogyasufi fii ne mfe mu bae.
35 And he that hath seen hath borne witness, and his witness is true; and he knoweth that he saith what is true, that ye also may believe.
Onipa a ohuu nea esii no na wadi ho adanse. Nʼadanse no yɛ nokware, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nso mubegye adi.
36 For these things came to pass, that the scripture might be fulfilled, “A bone of him shall not be broken.”
Eyinom nyinaa sii sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Wɔremmu ne dompe bi”
37 And again another scripture saith, “They shall look on him whom they pierced.”
ne “Nnipa bɛhwɛ nea wɔwɔɔ ne mfe mu peaw” no bɛba mu.
38 And after this, Joseph of Arimathaea, being a disciple of Jesus, but concealing it for fear of the Jews, besought Pilate that he might take away the body of Jesus; and Pilate gave him leave. They came therefore and took him away.
Eyi akyi no, Yosef a ofi Arimatea a esiane Yudafo ho hu nti, na ɔyɛ Yesu suani wɔ kokoa mu no kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no kwan na onkoyi Yesu amu no. Pilato penee nʼadesrɛ no so. Ɛno nti okoyii Yesu amu no.
39 Nicodemus also, he who at the first went to him by night, came bringing a mixture of myrrh and aloes, about a hundred pounds weight.
Nikodemo a da bi anadwo ɔkɔɔ Yesu nkyɛn no nso de kurobow ne aduhuam mfrafrae a emu duru bɛyɛ kilogram aduasa abiɛsa bae.
40 Then they took the body of Jesus, and wound it in linen cloths with the spices, as is the manner of the Jews in preparing for burial.
Wɔn baanu no de nwera ne aduhuam mfrafrae no kyekyeree Yesu amu no sɛnea Yudafo kwan a wɔfa so sie wɔn amu no te no.
41 Now in the place where he was crucified there was a garden, and in the garden a new tomb, in which no one had ever been laid.
Na ɔboda foforo bi a wonsiee obi wɔ mu da wɔ turo bi a ɛbɛn baabi a wɔbɔɔ Yesu asennua mu no.
42 There then, on account of the Jews' preparation-day, they laid Jesus; for the tomb was at hand.
Esiane sɛ na saa ɔboda no bɛn no nti, wosiee Yesu amu no wɔ hɔ.

< John 19 >