< Job 16 >

1 But Job answered and said:
Afei Hiob buaeɛ sɛ,
2 Of such things as these I have heard enough! Miserable comforters are ye all!
“Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ yeinom; na mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ!
3 Will there ever be an end to words of wind? What stirreth thee up, that thou answerest?
Mo kasa tentene no mma awieeɛ anaa? Ɛdeɛn na ɛha mo enti a mogu so redi anobaabaeɛ yi?
4 I also might speak like you, If ye were now in my place; I might string together words against you, And shake my head at you.
Sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a, anka me nso mɛtumi akasa sɛ mo; anka mɛtumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo na mabu mo animtiaa.
5 I would strengthen you with my mouth, And the consolation of my lips should sustain you.
Nanso, anka mɛhyɛ mo den; anka awerɛkyekyerɛ nsɛm a ɛbɛfiri mʼanomu no bɛma mo ahotɔ.
6 If I speak, my grief is not assuaged; And if I forbear, it doth not leave me.
“Nanso sɛ mekasa a, ɔyea a mete no remmoto; na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae.
7 For now He hath quite exhausted me; Thou hast desolated all my house!
Ao Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ; woasɛe me fie pasaa.
8 Thou hast seized hold of me, and this is a witness against me; My leanness riseth up and testifieth against me to my face.
Woakyekyere me, ma abɛyɛ adansedie; me so teɛ ara na ɛreteɛ, na ɛdi adanseɛ tia me.
9 His anger teareth my flesh, and pursueth me; He gnasheth upon me with his teeth; My adversary sharpeneth his eyes upon me.
Onyankopɔn to hyɛ me so tete me wɔ nʼabufuo mu na ɔtwɛre ne se gu me so; deɛ ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.
10 They gape for me with their mouths; In scorn they smite me on the cheek; With one consent they assemble against me.
Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw; wɔbɔ me sotorɔ de bu me animtiaa na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me.
11 God hath given me a prey to the unrighteous, And delivered me into the hands of the wicked.
Onyankopɔn de me ama abɔnefoɔ. Wato me atwene amumuyɛfoɔ nsam.
12 I was at ease, but he hath crushed me; He hath seized me by the neck, and dashed me in pieces; He hath set me up for his mark.
Na biribiara kɔ yie ma me, nanso ɔdwerɛɛ me; ɔsɔɔ me kɔn mu, too me hwee hɔ. Ɔde me asi nʼani so;
13 His archers encompass me around; He pierceth my reins, and doth not spare; He poureth out my gall upon the ground.
nʼagyantofoɔ atwa me ho ahyia, ɔhwiree me sawa mu a wanhunu me mmɔbɔ maa me bɔnwoma pete guu fam.
14 He breaketh me with breach upon breach; He rusheth upon me like a warrior.
Ɔba me so ɛberɛ biara; na ɔto hyɛ me so sɛ ɔkofoɔ.
15 I have sewed sackcloth upon my skin, And thrust my horn into the dust.
“Mapam ayitoma akata me wedeɛ so na masie mʼanintɔn wɔ mfuturo mu.
16 My face is red with weeping, And upon my eyelids is deathlike darkness.
Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ; sunsum kabii atwa mʼani ho ahyia.
17 Yet is there no injustice in my bands. And my prayer hath been pure.
Nanso, me nsa nyɛɛ basabasayɛ biara na me mpaeɛbɔ yɛ kronn.
18 O earth! cover not thou my blood, And let there be no hiding-place for my cry!
“Ao asase, nkata me mogya so; na mma wɔnsie me sufrɛ!
19 Yet even now, behold, my witness is in heaven, And he who knoweth me is on high.
Seesei mpo, me danseni wɔ soro; Me ɔkamafoɔ wɔ soro hɔ.
20 My friends have me in derision, But my eye poureth out tears unto God.
Me ɔdimafoɔ yɛ mʼadamfo ɛberɛ a mesu gu Onyankopɔn soɔ yi;
21 O that one might contend for a man with God, As a man contendeth with his neighbor!
ɔgyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn anim sɛdeɛ obi di ma nʼadamfo no.
22 For when a few years shall have passed, I shall go the way whence I shall not return.
“Mfeɛ kakra bi akyi mɛtu kwan akɔ koransane.

< Job 16 >