< James 1 >

1 James, a servant of God and of the Lord Jesus Christ, to the twelve tribes which are scattered abroad, greeting.
Saa krataa yi fi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo somfo nkyɛn, Mikyia mmusuakuw dumien a wɔahwete no nyinaa.
2 Count it all joy, my brethren, when ye fall into various temptations;
Anuanom, sɛ sɔhwɛ bi ba mo akwan mu a, momma mo ani nnye
3 knowing that the trying of your faith worketh endurance.
efisɛ sɛ mo gyidi tumi gyina sɔhwɛ no ano a, ɛno ansa na munya ntoboase.
4 But let endurance have a perfect work, that ye may be perfect and entire, wanting in nothing.
Momma ntoboase no ntena mo mu daa nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo.
5 But if any one of you is wanting in wisdom, let him ask of God, who giveth to all liberally, and upbraideth not; and it will be given him.
Sɛ nyansa ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, efisɛ Onyankopɔn fi ayamye ne adom mu ma obiara nea ehia no no kwa.
6 But let him ask in faith, nothing doubting; for he that doubteth is like a wave of the sea driven by the wind and tossed.
Na sɛ worebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ wugye di a wunnye ho akyinnye. Obiara a ogye akyinnye no te sɛ po asorɔkye a mframa bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ.
7 For let not that man think that he shall receive anything from the Lord,
Ɛnsɛ sɛ saa onipa no susuw sɛ obenya biribiara afi Awurade nkyɛn;
8 a double-minded man as he is, unstable in all his ways.
nʼadwene yɛ no ntanta a ontumi nsi biribiara pi.
9 Let the brother of low degree glory in that he is exalted;
Sɛ Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ sɛ nʼani gye,
10 but the rich, in that he is made low; because as the flower of the grass he will pass away.
na adefo a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Efisɛ, adefo no twam kɔ sɛ wuram afifide bi.
11 For the sun rose with its burning heat, and withered the grass, and its flower fell off, and the beauty of its appearance perished; so also will the rich man fade away in his ways.
Owia pue de ne hyew no hyew afifide no ma nʼahoɔfɛ sɛe. Saa ara na wɔbɛsɛe adefo no wɔ bere a wogu so redi wɔn nnwuma no.
12 Blessed is the man that endureth temptation; for when he is approved, he will receive the crown of life, which He promised to them that love him.
Nhyira nka onipa a onya gyidi wɔ amanehunu mu, efisɛ ɔno na obenya akyɛde a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama wɔn a wɔdɔ no no.
13 Let no one when he is tempted, say, I am tempted by God; for God cannot be tempted with evil, and he tempteth no one.
Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔka se, “Saa sɔhwɛ yi fi Onyankopɔn.” Efisɛ bɔne rentumi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno Onyankopɔn nso nsɔ obi nhwɛ.
14 But each one is tempted when by his own lust he is led away and enticed;
Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no.
15 then lust, having conceived, bringeth forth sin, and sin, when completed, bringeth forth death.
Na sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no nyin a ɛwo owu.
16 Do not err, my beloved brethren.
Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.
17 Every good gift and every perfect gift is from above, coming down from the Father of the lights, with whom is no change, nor shadow from turning.
Akyɛde pa ne akyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi ɔsoro; efi Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sɛ sunsuma.
18 Of his own will he begot us with the word of truth, that we should be a kind of first-fruits of his creatures.
Ofi ne pɛ mu nam nokware a ɛwɔ asɛm no mu no so woo yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a, yebedi kan wɔ abɔde nyinaa mu.
19 Wherefore, my beloved brethren, let every man be swift to hear, slow to speak, slow to wrath.
Me nuanom adɔfo, monhyɛ eyinom nsow: monyɛ ntɛm ntie, monyɛ nyaa nkasa na monyɛ nyaa mfa abufuw;
20 For the wrath of man worketh not the righteousness of God.
efisɛ onipa abufuw no mma onnya Onyankopɔn trenee no.
21 Wherefore put off all filthiness, and excess of wickedness, and receive with meekness the implanted word, which is able to save your souls.
Ɛno nti, montwe mo ho mfi afide ne atirimɔden ho. Momfa mo ho mma Onyankopɔn na munnye asɛm a odua wɔ mo koma mu a ebegye mo nkwa no.
22 But be doers of the word, and not hearers only, deceiving yourselves.
Munntie asɛm no sɛ atiefo kwa nsisi mo ho, na mmom monyɛ asɛm no yɛfo.
23 For if any one is a hearer of the word, and not a doer, he is like a man beholding his natural face in a glass;
Obiara a otie asɛm no na ɔmfa nni dwuma no te sɛ obi a ɔhwɛ ahwehwɛ mu, na ohu sɛnea ɔte.
24 for he beholds himself, and goes away, and immediately forgets what manner of man he was.
Ɔhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ no mu hu ne ho yiye na sɛ ofi ahwehwɛ no anim ara pɛ a, ne werɛ fi nea ohuu no nyinaa.
25 But he who looks into the perfect law of liberty, and remains there, being not a forgetful hearer, but a doer of the work, this man will be blessed in his deed.
Nanso obiara a ɔhwɛ mmara a ɛyɛ pɛ, na ɛma onipa de ne ho no mu yiye, na odi so, na otie, na ne werɛ mfi, na ɔde di dwuma no, Onyankopɔn behyira saa onipa no wɔ biribiara a ɔyɛ mu.
26 If any one thinks that he is religious, and bridles not his tongue, but deceives his own heart, this man's religion is vain.
Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ Onyamesomni na wanto ne tɛkrɛma nnareka a, ne nyamesom no so nni mfaso na ɔdaadaa ne ho nso.
27 Pure religion and undefiled before God, the Father, is this, to visit the fatherless and widows in their affliction, and to keep one's self unspotted from the world.
Nea Agya Onyankopɔn fa no sɛ ɛyɛ onyamesom pa no ni: Ɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔ wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase porɔwee ho.

< James 1 >