< Isaiah 5 >

1 Let me sing now a song respecting my friend, A song respecting my friend touching his vineyard. My friend had a vineyard On a very fruitful hill;
Mɛto dwom ama me dɔfo ɛdwom a ɛfa ne bobe turo ho: Na me dɔfo wɔ bobe turo bi wɔ asasebereɛ bi a ɛda bepɔ ani.
2 He digged it, and cleared it of stones, And planted it with the choicest vine, And built a tower in the midst of it, And hewed out a wine-press therein; Then he looked that it should bring forth its grapes, But it brought forth sour grapes.
Ɔfuntum asase no yiyii mu aboɔ, na ɔduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so. Ɔsii ɔwɛn aban wɔ mfimfini na ɔtuu nsakyimena nso. Afei, ɔhwɛɛ anim sɛ ɔbɛtwa bobe aba pa, nanso ɛsoo aba bɔne.
3 And now, O inhabitants of Jerusalem, and men of Judah, Judge ye between me and my vineyard!
“Afei, mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima, mommu me ne me bobe turo ntam atɛn.
4 What could have been done for my vineyard That I have not done for it? Why, then, when I looked that it should bring forth its grapes, Brought it forth sour grapes?
Ɛdeɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobe turo boro deɛ mayɛ yi so? Ɛberɛ a merehwɛ anim sɛ menya bobe a ɛyɛ no adɛn enti na ɛsoo aba bɔne?
5 But come now, and I will tell you What I mean to do with my vineyard. I will take away its hedge, and it shall be eaten up; I will break down its wall, and it shall be trodden down!
Afei, mɛka deɛ merebɛyɛ me bobefuo no akyerɛ wo: Mɛyi ɛho ban no afiri hɔ, na wɔbɛsɛe no; mɛbubu ɛho fasuo, na wɔbɛtiatia so.
6 And I will make it a waste; It shall not be pruned, nor digged, But shall grow up into thorns and briers; I will also command the clouds That they shed no rain upon it.
Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma, ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bɛnyini wɔ so. Mɛhyɛ omununkum na wantɔ nsuo angu so.”
7 The vineyard of Jehovah of hosts is the house of Israel, And the men of Judah the plant of his delight. He looked for justice, and behold, bloodshed! For righteousness, and behold, outcry!
Asafo Awurade bobe turo no yɛ Israel fie, na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho. Ɔpɛɛ atɛn tenenee nanso ɔhunuu mogyahwiegu; ɔpɛɛ tenenee nanso ɔtee mmɔborɔ su.
8 Woe to them that join house to house, That add field to field, Till there is no place left, And they dwell alone in the land.
Nnome nka mo a mode efie ka efie ho na mogyegye mfuo bobɔ soɔ kɔsi sɛ asase no bɛsa na ɛka mo nko ara wɔ asase no so.
9 To mine ear hath Jehovah of hosts revealed it: Surely many houses shall become a desolation, The great and the fair ones, without an inhabitant.
Asafo Awurade apae mu aka ama mate: “Nokorɛm afie akɛseɛ no bɛda mpan, na mmorɔsan fɛfɛ no, obiara rentena mu.
10 Yea, ten acres of vineyard shall yield a single bath of wine, And a homer of seed shall produce but an ephah.
Bobefuo kɛseɛ pa ara no nsã kakra bi na ɛbɛfiri mu. Aba lita aduonu baako a wɔdua no wɔbɛnya so lita aduonu mmienu pɛ.”
11 Woe to them that rise early in the morning to follow strong drink, —Who sit late in the night that wine may inflame them!
Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kɔhwehwɛ wɔn nsã akyiri kwan, wɔn a wɔsiri pɛ kɔsi sɛ nsã bɛbo wɔn.
12 And the lyre and the harp, the tabret and the pipe, and wine, are at their feasts, But they regard not the work of Jehovah, Nor attend to the operation of his hands.
Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn apontoɔ ase, akasaeɛ, ne atɛntɛbɛn ne nsã, nanso wɔtwiri deɛ Awurade ayɛ, na wɔmmu ne nsa ano adwuma.
13 Therefore shall my people be led captive, when they think not of it; Their honorable men shall be famished with hunger, And their rich men parched with thirst.
Ɛno enti, me nkurɔfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu, ɛfiri sɛ, wɔnni nteaseɛ; ɛkɔm bɛkum wɔn mu atitire na osukɔm bɛtware wɔn mu bebree.
14 Therefore doth the under-world enlarge its greedy throat, And stretch open its mouth without measure, And down go her nobility and her wealth, Her busy throng, and all that was joyful within her. (Sheol h7585)
Enti, damena akɔnnɔ yɛ kɛseɛ na ɔbue nʼanom bayaa; na emu na atitire ne ɛdɔm no bɛkɔ wɔne wɔn a wɔsa na wɔgye wɔn ani. (Sheol h7585)
15 The mean man shall be bowed down, And the great man shall be brought low, And the eyes of the haughty shall be humbled;
Enti, wɔbɛbrɛ onipa ase na wama adasamma aboto. Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,
16 Jehovah of hosts shall be exalted through judgment; Yea, God, the Holy One, shall be sanctified through righteousness.
nanso Asafo Awurade atɛntenenee bɛpagya no, na Kronkron Onyankopɔn de ne tenenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.
17 Then shall the lambs feed, as in their own pasture, And the deserted fields of the rich shall strangers consume.
Afei nnwan bɛkɔ adidi te sɛ deɛ wɔwɔ wɔn adidibea; nnwammaa bɛdidi wɔ asikafoɔ amanfo so.
18 Woe to them that draw calamity with cords of wickedness, And punishment as with wagon-traces, —
Monnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne, na mode nteaseɛnam ntampehoma twetwe amumuyɛ.
19 Who say, Let him make speed, let him hasten his work that we may see it! Let the purpose of the Holy One of Israel draw near and be fulfilled, that we may know it!
Monnue, mo a moka sɛ, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm, ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm sɛdeɛ yɛbɛhunu. Ma ɛmmɛn, Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛeɛ no mmra, sɛdeɛ yɛbɛhunu.”
20 Woe to them that call evil good, and good evil, That put darkness for light, and light for darkness, That put bitter for sweet, and sweet for bitter!
Monnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papa na papa nso sɛ bɔne, mo a mode esum si hann anan mu na hann si esum anan mu, mo a mofrɛ nwononwono sɛ dɛɛdɛ ne dɛɛdɛ sɛ nwononwono.
21 Woe to them that are wise in their own eyes, And prudent in their own conceit!
Monnue, mo a mobu mo ho anyansafoɔ, mo ankasa ani so ne anitefoɔ mo ankasa ani so.
22 Woe to them that are valiant to drink wine, And men of might to mingle strong drink!
Monnue mo a wɔfrɛ mo akatakyie wɔ nsanom mu ne ahoɔdenfoɔ wɔ nsã afrafra mu.
23 That clear the guilty for a reward, And take away from the righteous his right!
Mo a mogye adanmudeɛ, na mo gyae deɛ ɔdi fɔ na mo bu deɛ ɔdi bem no fɔ.
24 Therefore, as fire devours stubble, And as the withered grass sinks into the flame, So their root shall become rottenness, And their blossom shall fly up like dust. For they have despised the law of Jehovah of hosts, And contemned the word of the Holy One of Israel.
Enti, sɛdeɛ egyadɛreɛ hye wira dwaneeɛ na ɛserɛ a awo yera wɔ ogyaframa mu no, saa ara na mo nhini bɛporɔ, na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfuturo; ɛfiri sɛ moapo Asafo Awurade mmara na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.
25 Therefore is the anger of Jehovah kindled against his people; He stretcheth forth his hand against them, and smiteth them, so that the mountains tremble, And their carcasses are as dung in the midst of the streets; For all this his anger is not turned away, But his hand is stretched out still.
Enti Awurade abufuo aba ne nkurɔfoɔ so, wapagya ne nsa na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam. Mmepɔ no woso, na afunu ayɛ sɛ mmɔntene so wira. Nanso yei nyinaa akyi, ne bo nnwoeɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
26 He lifteth up a banner for the nations afar off, He whistleth for them from the ends of the earth, And behold, they haste, and come swiftly.
Ɔpagya frankaa ma akyirikyiri aman, ɔhyɛne abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano. Wɔn na wɔreba no, ɔherɛ so ne ntɛm so!
27 None among them is weary, and none stumbleth; None slumbereth nor sleepeth; The girdle of their loins is not loosed, Nor the latchet of their shoes broken.
Wɔn mu biara mmrɛ na ɔnsunti, obiara ntɔ nko na ɔnna; abɔsoɔ biara mu rengo wɔ asene mu na mpaboa ahoma biara nso rente.
28 Their arrows are sharp, And all their bows bent; The hoofs of their horses are like flint, And their wheels like a whirlwind.
Wɔn agyan ano yɛ nnam, na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado; wɔn apɔnkɔ ntɔte te sɛ twerɛboɔ, wɔn nteaseɛnam ntwahonan te sɛ twahoframa.
29 Their roaring is like the roaring of the lion; They roar like young lions; They roar, and seize the prey; They bear it away, and none can rescue it.
Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata deɛ, na wɔbobɔm sɛ gyata mma; wɔpɔso kyere wɔn hanam na wɔde no kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.
30 Yea, in that day shall they roar against them like the roaring of the sea; And if one look to the land, behold darkness and sorrow, And the light is darkened by its clouds.
Ɛda no wɔbɛbobɔ mu agu ne so sɛdeɛ ɛpo woro soɔ. Na sɛ obi hwɛ asase no a, ɔbɛhunu esum kabisii ne ahohiahia; omununkum bɛma hann aduru sum.

< Isaiah 5 >